2 Ahemfo
23 Na ɔhene soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano+ baa ne nkyɛn. 2 Afei ɔhene ne Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ+ ne adiyifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so,+ kɔɔ Yehowa fie hɔ, na ɔfirii aseɛ kenkanee+ apam+ nwoma+ a wɔhunuu no Yehowa fie+ hɔ no mu nsɛm wɔn nyinaa asom. 3 Ɔhene gyinaa edum no ho,+ na ɔyɛɛ apam+ Yehowa anim sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi,+ na ɔde n’akoma+ nyinaa ne ne kra+ nyinaa bɛdi ne mmara nsɛm+ ne n’adansesɛm+ ne n’ahyɛdeɛ+ so, na wadi apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma+ yi mu no so. Na ɔman no nyinaa suaee sɛ wɔbɛdi apam no so.+
4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia+ ne asɔfoɔ a wɔdi hɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ+ no sɛ wɔnyiyi anwenneɛ a wɔyɛ maa Baal+ ne bosom dua+ no ne ɔsoro asafo+ nyinaa no mfiri Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyee ne nyinaa wɔ Yerusalem kurotia, Kidron+ ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+ 5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔguu wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal+ ne awia ne bosome ne sodiak nsorommakuo ne ɔsoro asafo+ nyinaa nso, ɔguu wɔn adwuma no. 6 Afei nso, ɔyii bosom dua+ no firii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Yerusalem kurotia, Kidron subɔn no mu, na ɔhyee+ no Kidron subɔn no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtoo mfuturo no guu ɔmanfoɔ asieeɛ.+ 7 Bio nso, asɔrefie mmarima nnwamanfoɔ+ no, ɔbubuu wɔn adan a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, baabi a na mmaa no nwene ntomadan ma bosom dua no.
8 Ɛnna ɔde asɔfoɔ no nyinaa firi Yuda nkuro mu baa sɛ ɔbɛgu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no ho fĩ, ɛfiri Geba+ kɔsi Beer-Seba;+ ɔbubuu kuro pono ano sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ kuro sohwɛfoɔ Yosua pono ano no, faako a ɛwɔ kuro pono no benkum soɔ no, deɛ wɔfa hyɛn kuro no mu no. 9 Sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ+ no deɛ, wɔamma Yehowa afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no anim, nanso wɔdii paanoo a mmɔreka nnim,+ wɔn nuanom mu. 10 Na Tofet+ a ɛwɔ Hinom mma bɔn+ mu no, ɔguu ho fĩ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remma ne babarima anaa ne babaa mfa gya mu+ mma Molek.+ 11 Afei nso wamma apɔnkɔ a Yuda ahemfo de maa awia no amfa ahemfie panin Natan-Melek adidibea+ a ɛwɔ ntwonoo mu hɔ no amma Yehowa fie hɔ bio, na ɔde gya hyee nteaseɛnam a wɔde maa awia+ no. 12 Na afɔrebukyia a Yuda ahemfo yeyɛeɛ a ɛwowɔ Ahas abansoro pia atifi+ ne afɔrebukyia+ a Manase sisii no Yehowa fie adihɔ mmienu no, ɔhene bubuiɛ na ɔyam no hɔ, na ɔtoo mfuturo no guu Kidron subɔn no mu. 13 Sorɔnsorɔmmea a ɛwowɔ Yerusalem anim+ wɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no nifa soɔ, deɛ Israel hene Solomon+ sisi maa Sidonfoɔ atantanneɛ Astoret+ ne Moabfoɔ atantanneɛ Kemos+ ne Ammonfoɔ atantanneɛ Milkom+ no, ɔhene guu ho fĩ. 14 Ɔbubuu+ abosom adum no mu asinasini na ɔtwitwaa abosonnua no, na ɔde nnipa nnompe hyɛɛ hɔ ma. 15 Betel+ afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam+ a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne+ no yɛeɛ no, ɔbubuu saa afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea no. Afei ɔhyee sorɔnsorɔmmea no, na ɔyam no muhumuhu, na ɔhyee bosom dum no.
16 Berɛ a Yosia danee ne ho no, ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no soɔ no. Enti ɔsoma maa wɔkɔfaa adamena no mu nnompe bɛhyee+ no afɔrebukyia no so de guu ho fĩ, sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka too hɔ+ no teɛ. 17 Na ɔbisaa sɛ: “Nkaeɛboɔ bɛn na mehunu no ha yi?” Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda+ baeɛ a ɔkaa deɛ wode ayɛ Betel afɔrebukyia+ yi ho asɛm too hɔ no damena.”+ 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Momma no nhome.+ Mma obiara nnka ne nnompe.” Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ+ a ɔfiri Samaria baeɛ no nnompe.
19 Bio nso, sorɔnsorɔmmea afie+ a ɛwowɔ Samaria nkuro mu+ a Israel ahemfo+ sisi de hyɛɛ Onyankopɔn abufuo+ no, Yosia yiyii ne nyinaa, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ Betel+ deɛ no pɛpɛɛpɛ. 20 Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ+ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ so.+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Afei ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Monni twam+ mma Yehowa, mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.”+ 22 Ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no nna mu ne Israel ne Yuda+ ahemfo nyinaa nna mu no, na wɔnnii twam bi saa da.+ 23 Nanso Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu no, wɔdii twam yi maa Yehowa wɔ Yerusalem.+
24 Afei nso adebisafoɔ+ ne asumanfoɔ+ ne terafim honi+ ne abosom fĩ+ ne atantanneɛ+ a abɛpue Yuda asase soɔ ne Yerusalem no, Yosia tuu aseɛ na ama no adi mmara+ no mu nsɛm so, deɛ wɔatwerɛ no nwoma+ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no Yehowa fie hɔ+ mu no. 25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dane baa+ Yehowa nkyɛn sɛdeɛ Mose mmara no teɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno.
26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ no ho, abufuhyeɛ a ɛdɛree Yuda soɔ,+ Manase nneɛma bɔne a ɔyɛeɛ de hyɛɛ no abufuo+ no nti. 27 Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda+ nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ+ no; mɛto kuro a mafa yi, Yerusalem ne efie yi atwene, efie a mekaa sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”
28 Yosia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 29 Ne nna mu na Egypt hene Farao Neko+ baa Asiria hene nkyɛn wɔ asubɔnten Eufrate+ ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani,+ nanso berɛ a ɔhunuu no ara na ɔkum+ no wɔ Megido.+ 30 Enti ne nkoa de n’amu too teaseɛnam mu firii Megido kɔɔ Yerusalem,+ na wɔsiee no ne damena mu. Ɛnna asase no sofoɔ faa Yosia ba Yehoahas,+ na wɔsraa no sii no hene maa no dii ne papa adeɛ.
31 Yehoahas+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no ba. 32 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.+ 33 Farao Neko+ guu no nkɔnsɔnkɔnsɔn+ wɔ Ribla,+ Hamat asase so, na wamma no anni hene bio wɔ Yerusalem, na ɔmaa asase no tuaa+ dwetɛ+ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ+ baako. 34 Afei, Farao Neko de Ɔhene Yosia ba Eliakim+ sii hene maa no dii ne papa Yosia adeɛ, na ɔsesãã ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas deɛ, ɔde no kɔɔ Egypt, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ.+ 35 Yehoiakim de dwetɛ+ ne sika no maa Farao. Ɔman no nkyɛn na ɔgyegyee toɔ,+ na ɔde dwetɛ no maa Farao sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no. Ɔgyegyee dwetɛ ne sika toɔ no firii ɔmanfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ obiara toɔ+ a wɔatwa ama no teɛ, na ɔde maa Farao Neko.
36 Yehoiakim+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Sebida a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma no ba. 37 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.+