2 Ahemfo
22 Yosia+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat+ no ba. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ na ɔnantee ne nana Dawid kwan nyinaa so,+ na wammane ankɔ nifa anaa benkum.+
3 Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba ɔtwerɛfoɔ Safan+ kɔɔ Yehowa fie sɛ: 4 “Kɔ ɔsɔfo panin+ Hilkia+ nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ sika+ a wɔde ba Yehowa fie+ hɔ a apono ano ahwɛfoɔ+ no boaboa ano firi ɔman no nkyɛn no, ɔnwie ho adwuma. 5 Ma wɔmfa nhyɛ adwumayɛfoɔ no nsa,+ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde ama nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ Yehowa fie hɔ no ama wɔde asiesie fie no,+ 6 adwumfoɔ ne adansifoɔ ne abantofoɔ no, na wɔde bi atɔ nnua a wɔapaeɛ ne aboɔ a wɔapaeɛ a wɔde bɛsiesie fie hɔ.+ 7 Nnipa a wɔde sika bɛhyɛ wɔn nsa no deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔbu ho nkonta,+ ɛfiri sɛ nokorɛdie+ mu na wɔreyɛ adwuma no.”
8 Akyire yi ɔsɔfo panin Hilkia+ ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ+ Safan+ sɛ: “Mmara nwoma+ no, makɔhunu no Yehowa fie hɔ.” Enti Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔfirii aseɛ kenkaneeɛ. 9 Na ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sika a ɛwɔ fie hɔ no, wo nkoa ahwie de ahyɛ adwumayɛfoɔ, ahwɛfoɔ no nsa wɔ Yehowa fie hɔ.”+ 10 Afei ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma+ bi ama me.” Ɛnna Safan firii aseɛ kenkanee no ɔhene anim.
11 Na berɛ a ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuanee n’atadeɛ mu.+ 12 Ɛnna ɔhene hyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam+ ne Mikaia ba Akbor ne ɔtwerɛfoɔ Safan ne ɔhene akoa Asaia+ sɛ: 13 “Monkɔ nkɔbisa+ Yehowa mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, na Yehowa abufuo+ a aba yɛn soɔ no sõ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom+ antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no+ nyinaa.”
14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ odiyifoɔbaa+ Hulda, ntadeɛ sohwɛfoɔ+ Harhas ba Tikwa ba Salum yere, no nkyɛn; saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem kuro foforɔ no mu, na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 15 Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie,+ ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 16 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo+ reba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu no so;+ nsɛm+ a wɔatwerɛ no nwoma a Yuda hene akenkan no mu nyinaa, mede reba;+ 17 ɛfiri sɛ wɔagya me akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma+ nyinaa bɛhyɛ me abufuo; m’abufuo aba kuro yi so a ɛrennum.’”’+ 18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ: ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Nsɛm a woateɛ no,+ 19 sɛ́ woanyɛ w’akoma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahodwirideɛ ne nnome,+ na wosuanee+ w’atadeɛ mu suu m’anim nti, me nso mate,” Yehowa asɛm nie.+ 20 “Ɛno nti hwɛ, mɛboaboa+ wo akɔka w’agyanom ho, na wɔbɛboaboa wo akɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu,+ na w’ani renhunu mmusuo a mede reba kuro yi soɔ no.”’” Enti wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene.