12 Wɔgyaa Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔde wɔn firi Egypt asase so baeɛ no+ kɔdii aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame akyi,+ na wɔkotoo wɔn de hyɛɛ Yehowa abufuo.+
6 Na sɛ mo ne mo mma dane mo ho firi m’akyi,+ na moanni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mede asi mo anim no so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ+ na mokoto wɔn a,