Deuteronomium 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn te sɛ egya a ɛhye adeɛ;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.+ Deuteronomium 29:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Afei Yehowa abufuo dɛre tiaa asase no na ɔde nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so.+ Deuteronomium 31:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+ Dwom 76:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wo deɛ, wo ho yɛ hu,+Na w’abufuo ano den nti, hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?+ Romafoɔ 4:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nokorɛm no, Mmara no de abufuo ba,+ nanso deɛ mmara nnie no, mmarato biara nso nni hɔ.+
17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+