13 Ɛnna Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, sɛ Yehowa ka yɛn ho ampa a, adɛn nti na awie yɛn sei?+ N’anwanwadeɛ+ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn+ no wɔ he? Wɔkaa sɛ, ‘Ɛnyɛ Egypt na Yehowa yii yɛn firiiɛ?’+ Na afei deɛ Yehowa apo yɛn,+ na ɔde yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsa.”