21 Afei sɛ ɔhaw ne ahokyerɛ ba wɔn so a,+ dwom yi bɛdi adanseɛ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛremfiri wɔn asefoɔ anom. Na ansa na mede wɔn bɛduru asase a maka ho ntam no so mpo no, menim deɛ ɛwɔ wɔn akomam+ nnɛ.”
27 Yei nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa maa wɔhiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wɔsu frɛ wo,+ na wo nso wofiri soro hɔ tie wɔn;+ na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe+ teɛ no, woma wɔn agyefoɔ+ ma wɔgye wɔn firi wɔn atamfo nsam.+