2 Ahemfo
21 Manase+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔyɛɛ akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no bi.+ 3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubuiɛ no, ɔsan sisiiɛ,+ na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal; ɔsii bosom dua sɛdeɛ Israel hene Ahab+ yɛeɛ no; ɔkotoo+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Na Yehowa fie a Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Yerusalem na me din bɛtena”+ no, ɔsisii afɔrebukyia wɔ hɔ.+ 5 Afei nso ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo+ nyinaa wɔ Yehowa fie adihɔ mmienu hɔ.+ 6 Ɔmaa ɔno ara ne ba faa gya mu,+ na ɔdii nkonyaayie+ akyi, ɔkɔɔ abisa, na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.
7 Bio nso, ɔde bosom dua a wasene+ no sɛ ohoni no kɔsii fie hɔ, efie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Efie yi ne Yerusalem a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no na mede me din bɛto soɔ akɔsi daa.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di deɛ mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkɔkyinkyini bio.” 9 Nanso wɔantie,+ na Manase daadaa wɔn maa wɔyɛɛ bɔne+ senee aman+ a Yehowa sɛee wɔn firii Israelfoɔ anim no.
10 Na Yehowa nam ne nkoa adiyifoɔ no so ne wɔn kasaa+ daa sɛ: 11 “Ɛsiane sɛ Yuda hene Manase+ ayɛ akyiwadeɛ+ yi nti, wayɛ bɔne kyɛn deɛ Amorifoɔ+ a wɔdii n’anim no yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosom fĩ no ama Yuda nso ayɛ bɔne.+ 12 Ɛno nti na Yehowa, Israel, Nyankopɔn aka sɛ, ‘Hwɛ, mede mmusuo reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yonn.+ 13 Na susuhoma+ a wɔde too Samaria+ soɔ ne susudua a wɔde too Ahab fie+ soɔ no, ɛno na mɛtwe mu Yerusalem soɔ; mɛpepa+ Yerusalem korakora sɛdeɛ obi pepa ayowa mu na ɔdane butuo+ no. 14 Na mɛpo m’agyapadeɛ+ nkaeɛ+ no, na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa, na afomdeɛ ne asadeɛ na wɔbɛyɛ ama wɔn atamfo+ nyinaa, 15 ɛfiri sɛ wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na wɔhyɛɛ me abufuo firii da a wɔn agyanom firii Egypt baeɛ de bɛsi nnɛ da yi.’”+
16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree pa guiɛ+ kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem nyinaa mã, ɛfiri ano kɔsi ano, ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne Yehowa ani soɔ no.+ 17 Manase ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 18 Na Manase ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no ne fie mfikyifuo mu, Usa+ mfikyifuo no, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.
19 Amon+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu+ wɔ Yerusalem. Ne maame din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no.+ 21 Akwan a ne papa faa soɔ no nyinaa mu na ɔnanteeɛ,+ na ɔsom abosom fĩ+ a ne papa someeɛ no, na ɔkotoo wɔn. 22 Saa na ɛyɛeɛ a ɔgyaa Yehowa,+ n’agyanom Nyankopɔn no, na wannante Yehowa kwan mu.+ 23 Na Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔ, na wɔkum ɔhene+ wɔ ɔno ara ne fie. 24 Nanso asase no sofoɔ kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔ+ no nyinaa, na asase no sofoɔ de ne ba Yosia+ sii hene maa no dii n’adeɛ. 25 Amon ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 26 Na wɔsiee no ne damena mu wɔ Usa mfikyifuo+ no mu, na ne ba Yosia+ bɛdii n’adeɛ.