Genesis 15:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu no, wɔbɛsan aba ha,+ ɛfiri sɛ Amorifoɔ bɔne nnya nnuruu ne mpɔmpɔn soɔ.”+ Leviticus 18:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Enti asase no so agu fĩ, na mede ne bɔne ho asotwe bɛba ne so, na ɛbɛfe ɛso nnipa agu.+ Hesekiel 16:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Yerusalem nie: “W’ase firi Kanaan na ɛhɔ na wɔwoo woɔ.+ Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+
16 Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu no, wɔbɛsan aba ha,+ ɛfiri sɛ Amorifoɔ bɔne nnya nnuruu ne mpɔmpɔn soɔ.”+
3 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Yerusalem nie: “W’ase firi Kanaan na ɛhɔ na wɔwoo woɔ.+ Wo papa yɛ Amorini+ na wo maame yɛ Hitini.+