Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
21 Manase+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 12, na ɔdii adeɛ mfeɛ 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔhene no yɛɛ Yehowa ani so bɔne; akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim+ yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubuiɛ no,+ ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal; ɔsii ɔbosom dua*+ sɛdeɛ Israel hene Ahab yɛeɛ no;+ ɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Ɔsan sisii afɔrebukyia wɔ Yehowa fie;+ ná Yehowa aka efie no ho asɛm sɛ: “Yerusalem ne kuro a mede me din bɛto so.”+ 5 Afei nso, ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa+ wɔ Yehowa fie adihɔ mmienu hɔ.+ 6 Ɔno ara ne ba mpo, ɔhyee no wɔ gya mu,* na ɔdii nkonyaayie akyi, ɔkɔɔ abisa,+ na ɔyiyii akɔmfoɔ ne asumanfoɔ.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.
7 Ɔde ɔbosom dua*+ a wasene no sɛ ohoni no kɔsii efie a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayi efie yi ne Yerusalem afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ mede me din bɛto so afebɔɔ.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di deɛ maka akyerɛ wɔn no nyinaa so, kyerɛ sɛ, wɔdi Mmara a m’akoa Mose de maa wɔn no nyinaa so a,+ me nso meremma wɔmfiri asaase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkɔkyinkyini bio.” 9 Nanso wɔantie, na Manase maa wɔtee atua, na wɔyɛɛ bɔne senee aman a Yehowa sɛee wɔn firii Israelfoɔ anim no.+
10 Yehowa nam ne nkoa adiyifoɔ no so ne wɔn kasaa daa+ sɛ: 11 “Yuda hene Manase ayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa; wayɛ bɔne kyɛn Amorifoɔ+ a wɔdii n’anim no nyinaa,+ na n’abosom fĩ* no nti, wama Yuda ayɛ bɔne. 12 Ɛno nti deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Hwɛ, mede mmusuo reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛte no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 13 Na susuhoma+ a wɔde too Samaria so+ ne prumo* a wɔde too Ahab fie so+ no, ɛno na mɛtwe mu wɔ Yerusalem so; mɛpepa Yerusalem korakora sɛdeɛ obi pepa kyɛnsee mu na ɔdane butu no.+ 14 Na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no,+ na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔn atamfo bɛsoa wɔn akɔ, na wɔasesa wɔn nneɛma nyinaa,+ 15 ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔahyɛ me abufuo firi da a wɔn agyanom firi Egypt baeɛ no de abɛsi nnɛ da yi.’”+
16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree gui. Ɔkunkum nnipa firii Yerusalem tire kɔsii tire,+ ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no. 17 Manase ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 18 Manase ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ ne mfikyifuo mu, Usa mfikyifuo no mu,+ na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.
19 Amon+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no.+ 21 Deɛ ne papa yɛeɛ nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; ɔsom abosom fĩ a ne papa someeɛ no.+ 22 Enti ɔgyaa Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no, na wannante Yehowa kwan so.+ 23 Ɛwiee aseɛ no, Ɔhene Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔ, na wɔkum no wɔ ɔno ara ne fie. 24 Nanso asaase no sofoɔ kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔ no nyinaa, na wɔsii ne ba Yosia hene maa no dii n’adeɛ.+ 25 Amon ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 26 Na wɔsiee no wɔ ne damena mu wɔ Usa mfikyifuo no mu,+ na ne ba Yosia+ bɛdii n’adeɛ.