Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
22 Yosia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔdii adeɛ mfeɛ 31 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Yedida, na na ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat+ no ba. 2 Ɔhene no yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na deɛ ne nana Dawid yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; wammane ankɔ nifa anaa benkum.
3 Ɔhene Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, ɔsomaa Mesulam ba Asalia ba ɔtwerɛfoɔ Safan kɔɔ Yehowa fie+ sɛ: 4 “Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia+ nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ sika a wɔde ba Yehowa fie+ hɔ a apono ano ahwɛfoɔ no aboaboa ano afiri ɔman no nkyɛn no, ɔnnyegye ne nyinaa.+ 5 Ma wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no nsa, na wɔn nso mfa mma adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie hɔ no na wɔmfa nsiesie mmeaeɛ a asɛesɛe* wɔ fie hɔ no,+ 6 kyerɛ sɛ, adwumfoɔ, adansifoɔ, ne abantofoɔ no, na wɔmfa bi ntɔ nnua a wɔapae ne aboɔ a wɔapae na wɔmfa nsiesie efie no.+ 7 Nanso sika a wɔde bɛhyɛ wɔn nsa no, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔbu ho akonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ anokwafoɔ.”+
8 Akyire yi, ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ:+ “Mmara nwoma no,+ makɔhu no Yehowa fie hɔ.” Enti Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔfirii aseɛ kenkaneeɛ.+ 9 Na ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sika a ɛwɔ fie hɔ no, wo nkoa ahwie de ahyɛ wɔn a wɔdeda adwuma ano no nsa wɔ Yehowa fie hɔ.”+ 10 Afei nso, ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma+ bi ama me.” Ɛnna Safan firii aseɛ kenkan no ɔhene anim.
11 Berɛ a ɔhene tee Mmara nwoma no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu.+ 12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mikaia ba Akbor, ɔtwerɛfoɔ Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 13 “Nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, monkɔbisa Yehowa anom asɛm mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, na Yehowa abufuo a aba yɛn so no so,+ ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ deɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no nyinaa.”
14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan, ne Asaia kɔɔ odiyifoɔbaa Hulda+ nkyɛn. Ná ɔyɛ ntaadeɛ sohwɛfoɔ Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem Kuro Foforɔ no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 16 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mede mmusuo bɛba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so, na nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Yuda hene akenkan no+ mu nyinaa, mede reba. 17 Ɛsiane sɛ wɔagya me akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ,+ na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuo nti,+ m’abufuo bɛdɛre wɔ kuro yi so, na ɛrennum.’”+ 18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no, 19 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase+ wɔ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahoyera ne nnome ama wɔn, na wosuan w’ataadeɛ mu+ suu m’anim nti, me nso matie wo, Yehowa asɛm nie. 20 Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhu mmusuo a mede reba kuro yi so no.’”’” Ɛnna wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene.