Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
23 Enti ɔhene de nkra kɔe, na wɔfrɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa baeɛ.+ 2 Afei Yuda mmarima nyinaa, Yerusalemfoɔ nyinaa, asɔfoɔ, ne adiyifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, ɔhene ne wɔn kɔɔ Yehowa fie hɔ. Apam+ nwoma a wɔhuu no Yehowa fie hɔ+ no, ɔkenkan emu nsɛm no nyinaa kyerɛɛ wɔn.+ 3 Ɔhene gyinaa edum no ho, na ɔyɛɛ apam* wɔ Yehowa anim+ sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi na ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa adi ne mmara nsɛm, ne nkaesɛm, ne n’ahyɛdeɛ so, na wadi apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no so. Na ɔman no nyinaa penee so sɛ wɔbɛdi apam no so.+
4 Afei ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia+ ne asɔfoɔ a wɔdi hɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no sɛ anwenneɛ a wɔyɛ maa Baal, ɔbosom dua*+ no, ne ɔsoro asafo nyinaa no, wɔnyiyi mfiri Yehowa asɔredan no mu. Afei ɔkɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron ho mfuo mu wɔ Yerusalem kurotia, na ɔde ɛho nsõ no kɔɔ Betel.+ 5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔmaa wɔgyaee wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal, awia, bosome, sodiak nsorommakuo, ne ɔsoro asafo nyinaa+ nso, ɔmaa wɔgyaee wɔn adwuma no. 6 Ɔyii ɔbosom dua*+ no firii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Kidron Bɔn no mu wɔ Yerusalem kurotia kɔhyee+ no Kidron Bɔn no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtoo mfuturo no guu ɔmanfoɔ asieeɛ.+ 7 Bio nso, tuutuufoɔ mmarima a wɔwɔ asɔrefie hɔ no,+ ɔbubuu wɔn adan a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, baabi a na mmaa no nwene ntomadan ma ɔbosom dua* no.
8 Ɛnna ɔyiyii asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu, na sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri Geba+ kɔsi Beer-Seba+ no, ɔguu ho fĩ. Afei nso, sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ kuro sohwɛfoɔ Yosua pono ano a sɛ obi rewura kuro no mu a ɛwɔ benkum so no, ɔbubuiɛ. 9 Sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no deɛ, wɔammɛsom wɔ Yehowa afɔrebukyia anim wɔ Yerusalem,+ nanso wɔne wɔn nuanom dii paanoo a mmɔka* nnim no bi. 10 Tofet+ a ɛwɔ Hinom Mma Bɔn*+ mu no nso, ɔguu ho fĩ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara renhye ne babarima anaa ne babaa wɔ gya mu* mma Molek.+ 11 Afei nso, apɔnkɔ a Yuda ahemfo hyiraa so maa* awia no, wamma wɔamfa ahemfie panin Natan-Melek adekoradan* a ɛwɔ abrannaa no so amma Yehowa fie hɔ bio, na ɔde gya hyee nteaseɛnam a wɔahyira so ama awia+ no. 12 Afɔrebukyia a Yuda ahemfo yeyɛeɛ a ɛwowɔ Ahas aborosan so pia atifi+ ne afɔrebukyia a Manase sisii no Yehowa fie adihɔ mmienu no,+ ɔhene bubui, na ɔyam no hɔ, na ɔtoo mfuturo no guu Kidron Bɔn no mu. 13 Sorɔnsorɔmmea a ɛwowɔ Yerusalem anim wɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ* no anaafoɔ fam* a Israel hene Solomon sisi maa Sidonfoɔ bosom fĩ Astoret ne Moabfoɔ bosom fĩ Kemos ne Ammonfoɔ bosom fĩ+ Milkom+ no, ɔhene guu ho fĩ. 14 Ɔbubuu abosom adum no mu asinasini, ɔtwitwaa abosonnua*+ no gui, na ɔde nnipa nnompe hyɛɛ hɔ ma. 15 Betel afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam yɛeɛ a ɛmaa Israel yɛɛ bɔne+ no, ɔbubuu saa afɔrebukyia no ne sorɔnsorɔmmea no, ɔhyee sorɔnsorɔmmea no, na ɔyam no muhumuhu, ɛnna ɔhyee ɔbosom dua*+ no.
16 Berɛ a Yosia twaa n’ani a ɔhuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so no, ɔsoma maa wɔkɔfaa adamena no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so de guu ho fĩ, na ɛno maa Yehowa asɛm a nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka too hɔ no baa mu.+ 17 Afei ɔbisaa sɛ: “Ɛda* bɛn na mehunu no ha yi?” Ɛnna kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda+ baeɛ a ɔkaa deɛ wode ayɛ Betel afɔrebukyia yi ho asɛm too hɔ no damena.” 18 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Momma no nhome. Mma obiara mmfa ne nsa nnka ne nnompe.” Enti wɔamfa wɔn nsa anka ɔne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.+
19 Bio nso, sorɔnsorɔmmea adan a ɛwowɔ Samaria nkuro mu+ a Israel ahemfo sisi de hyɛɛ Onyankopɔn abufuo no, Yosia yiyii ne nyinaa, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ Betel deɛ no pɛpɛɛpɛ.+ 20 Enti asɔfoɔ a na wɔwɔ sorɔnsorɔmmea hɔ no, ɔkunkum wɔn nyinaa* wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ so.+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Afei ɔhene ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no,+ monni Twam+ mma Yehowa mo Nyankopɔn.” 22 Ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu atɛn wɔ Israel no berɛ so ne Israel ne Yuda ahemfo nyinaa berɛ so no, na wɔnnii Twam bi a ɛte sɛ wei da.+ 23 Nanso Ɔhene Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, wɔdii Twam yi maa Yehowa wɔ Yerusalem.
24 Afei nso, akɔmfoɔ, asumanfoɔ,+ terafim ahoni,*+ abosom fĩ,* ne atantanneɛ a abɛpue Yuda asaase so ne Yerusalem no, Yosia tuu aseɛ na ama no adi Mmara no mu nsɛm so,+ deɛ wɔatwerɛ no nwoma a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhuu no Yehowa fie hɔ mu+ no. 25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dane baa Yehowa nkyɛn sɛdeɛ Mose mmara no teɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno.
26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa antwe n’abufuo kɛseɛ no ansan, ɛfiri sɛ nneɛma bɔne a Manase yɛ de huruu ne bo no maa ne bo fuu Yuda dendeenden.+ 27 Yehowa kaa sɛ: “Yuda nso mɛto no afiri m’anim atwene+ sɛdeɛ metoo Israel tweneeɛ no;+ Yerusalem kuro a mayi yi, ne efie a mekaa ho asɛm sɛ, ‘Me din bɛkɔ so atena hɔ’+ no, mɛto atwene.”
28 Yosia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 29 Ne berɛ so na Egypt hene Farao Neko baa Asiria hene nkyɛn wɔ Asubɔnten Eufrate ho, na Ɔhene Yosia firii adi sɛ ɔne no de rekɔsi ani, nanso berɛ a Neko huu no no, ɔkum no wɔ Megido.+ 30 Enti ne nkoa de ne funu too teaseɛnam mu firii Megido kɔɔ Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne damena mu. Ɛnna asaase no sofoɔ faa Yosia ba Yehoahas, na wɔsraa no sii no hene maa no dii ne papa adeɛ.+
31 Yehoahas+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 23, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 32 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne nananom yɛeɛ no ara.+ 33 Farao Neko+ de no too afiase wɔ Ribla,+ Hamat asaase so, na wamma no anni hene bio wɔ Yerusalem, na ɔmaa asaase no sofoɔ tuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* 100 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ baako.+ 34 Afei nso, Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene maa no dii ne papa Yosia adeɛ, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Yehoiakim. Yehoahas deɛ, ɔde no kɔɔ Egypt,+ na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ.+ 35 Yehoiakim de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no maa Farao. Ɔgyegyee toɔ firii ɔman no* nkyɛn ansa na ɔrenya de akɔtua dwetɛ a Farao twa maa no no. Ɔtwaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ dodoɔ a ɔmanfoɔ no biara bɛtua maa wɔn, na ɔde maa Farao Neko.
36 Yehoiakim+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Sebida, na na ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma no ba. 37 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ ne nananom yɛeɛ no ara.+