Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
24 Yehoiakim berɛ so na Babilon hene Nebukadnesar+ to hyɛɛ kuro no so, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa mfeɛ mmiɛnsa. Nanso ɔtwaa ne ho sɔre tiaa no. 2 Ɛnna Yehowa somaa dɔm a wɔfom nkurɔfoɔ nneɛma firii Kaldea,+ Siria, Moab, ne Ammon baa wɔn so; daa na ɔsoma wɔn ba Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, na saa na na Yehowa nam ne nkoa adiyifoɔ no so aka.+ 3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkaa sɛ ɔbɛto wɔn afiri n’anim atwene+ ɛsiane bɔne a Manase yɛeɛ nyinaa+ 4 ne mogya a ɛdi bem a ɔhwie guiɛ nti,+ ɛfiri sɛ ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+
5 Yehoiakim ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 6 Yehoiakim ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ.
7 Egypt hene amfiri n’asaase so ankɔ obiara so bio da, ɛfiri sɛ Babilon hene faa Egypt hene asaase nyinaa,+ ɛfiri Egypt Subɔn+ ho kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.+
8 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no ara. 10 Saa berɛ no, Babilon hene Nebukadnesar nkoa baa Yerusalem so, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ.+ 11 Berɛ a Babilon hene Nebukadnesar nkoa bɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ no, ɔbaa hɔ.
12 Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfoɔ, n’adehyeɛ, ne n’ahemfie mpanimfoɔ,+ na Babilon hene ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, Babilon hene no kyee no de no kɔeɛ.+ 13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ ne ɔhene fie* akoradeɛ nyinaa kɔe,+ na ɔtwitwaa sika anwenneɛ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu+ no nyinaa mu asinasini. Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ nkɔm no, saa ara na ɛbaeɛ. 14 Ɔsoaa Yerusalemfoɔ nyinaa, mpanimfoɔ+ no nyinaa, akatakyie no nyinaa, adwumfoɔ, ne atomfoɔ*+ no nyinaa kɔeɛ; nnipa 10,000. Wɔannya obiara, gye asaase no so ahiafoɔ paa no.+ 15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne asaase no so atitire nso, ɔde wɔn nyinaa firii Yerusalem kɔɔ Babilon. 16 Afei nso, Babilon hene de akatakyie no nyinaa, nnipa 7,000, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* 1,000 kɔɔ Babilon; ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka a wɔkɔ ɛko. 17 Babilon hene yɛɛ Yehoiakin+ papa nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+
18 Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 19 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.+ 20 Yehowa abufuo nti na weinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+