2 Ahemfo
24 Ne nna mu na Babilon hene Nebukadnesar+ tu baeɛ, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa+ mfeɛ mmiɛnsa. Nanso ɔdanee ne ho sɔre tiaa no. 2 Na Yehowa somaa Kaldea+ afomfoɔ ne Siria afomfoɔ ne Moab+ afomfoɔ ne Ammon afomfoɔ baa ne so; ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so kaeɛ no teɛ. 3 Yehowa asɛm so na yei nam baa Yuda soɔ sɛ ɔbɛyi+ no afiri n’anim, Manase+ bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa, 4 ne afei mogya a ɛdi bem+ a ɔhwie guiɛ na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem mã no nti. Na Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɛfirie.+
5 Yehoiakim+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 6 Na Yehoiakim ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na ne ba Yehoiakin bɛdii n’adeɛ.
7 Na Egypt hene amfiri n’asase so+ amma bio da,+ ɛfiri sɛ Babilon hene faa Egypt hene+ nneɛma nyinaa, ɛfiri Egypt subɔn+ ho kɔsi asubɔnten Eufrate+ ho.
8 Yehoiakin+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no ara.+ 10 Saa berɛ no mu na Babilon hene Nebukadnesar nkoa baa Yerusalem soɔ, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiaeɛ.+ 11 Na Babilon hene Nebukadnesar baa kuro no so berɛ a na ne nkoa atwa ho ahyia no.+
12 Akyire yi, Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfoɔ ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanimfoɔ; Babilon hene faa no dommum, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu.+ 13 Afei ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ+ no kɔeɛ, na ɔtwitwaa sika anwenneɛ+ a Israel hene Solomon yɛɛ no Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasini sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no. 14 Na ɔde Yerusalemfoɔ nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfoɔ+ ne abantofoɔ no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannya obiara gye asase no so mmɔborɔfoɔ+ nko. 15 Saa na ɛyɛeɛ a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne asase no so atitire nso, ɔde wɔn firi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon. 16 Na Babilon hene de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den nyinaa, nnipa mpemnson, ne adwumfoɔ ne abantofoɔ apem, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 17 Bio nso, Babilon hene+ yɛɛ ne papa nua Matania+ hene sii n’ananmu, na ɔsesaa ne din frɛɛ no Sedekia.+
18 Sedekia+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no ba. 19 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.+ 20 Nneɛma a ɛsisii Yerusalem ne Yuda yi na ɛmaa Yehowa bo fuiɛ,+ kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+