Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
25 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar+ ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so.+ Ɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na ɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+ 2 Wɔkaa kuro no mufo hyɛɛ mu kɔsii Ɔhene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu. 3 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den+ wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+
8 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so nson, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ a ɔyɛ Babilon hene akoa no baa Yerusalem.+ 9 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie*+ no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyee otitire biara fie.+ 10 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+ 11 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene no, ne ɔmanfoɔ a wɔaka no kɔeɛ.+ 12 Nanso awɛmfoɔ so panin no gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuo mu adwuma ne nkoadwuma.+ 13 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsuo,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde kɔbere no kɔɔ Babilon.+ 14 Na deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, adumgya, nkuruwa, ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no nyinaa, wɔsesaa ɛno nso kɔe. 15 Nkyɛnsee a wɔde gya gu mu ne nkyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa+ ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔe. 16 Na adum mmienu no, Ɛpo no, ne trɔk a wɔde twe nsuo a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fie no, kɔbere a wɔde yɛeɛ no dodoɔ nti, wɔantumi ankari.+ 17 Adum no biara tenten yɛ basafa* 18,+ na kɔbere na wɔde yɛeɛ; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum; atena ne granate akutuo* a ɛtwa ntaasoɔ no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa.+ Edum a ɛtɔ so mmienu no ne ɛho granate akutuo no nyinaa nso, saa ara na na ɛteɛ.
18 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne n’abadiakyire ɔsɔfoɔ Sefania+ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no de wɔn kɔe.+ 19 Nnipa a ɔfaa wɔn firii kuro no mu kɔeɛ no bi nso ne ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ no ano, mmarima nnum a wɔwɔ kuro no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kuro no mu. 20 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 21 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla wɔ Hamat+ asaase so. Saa na ɛyɛeɛ a wɔtuu Yudafoɔ ase firii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+
22 Ɔmanfoɔ a Babilon hene Nebukadnesar gyaa wɔn wɔ Yuda asaase so+ no, ɔyii Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔnni wɔn so. 23 Berɛ a asahene no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene ayi Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Wɔn a wɔbaeɛ nie: Netania ba Ismael, Karea ba Yohanan, Tanhumet a ɔyɛ Netofani no ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, wɔne wɔn mmarima.+ 24 Ɛnna Gedalia kaa ntam kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asaase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.”+
25 Bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua* mu no baeɛ, ɔne mmarima du, na wɔkum Gedalia, na wɔkunkum Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho wɔ Mispa+ no nso. 26 Ɛno akyi no, nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, ne asahene no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ Egypt,+ ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.+
27 Berɛ a wɔkyee Yuda hene Yehoiakin+ kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so 37, bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛtɔ so 27 no, Babilon hene Ewil-Merodak afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ɔyii Yuda hene Yehoiakin* firii afiase.+ 28 Ɔne no kasaa kama, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a aka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa. 29 Enti Yehoiakin yii n’afiase ntaadeɛ, na ne nkwa nna nyinaa, ɔdidii wɔ ɔhene pono so daa. 30 Wɔde aduane firi ɔhene nkyɛn brɛɛ no da biara, ne nkwa nna nyinaa.