Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
20 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yɛ ntotoeɛ wɔ wo fie, ɛfiri sɛ wobɛwu; wo ho rentɔ wo.’”+ 2 Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ dan, na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia firii aseɛ suu pii.
4 Berɛ a Yesaia nnya nnuruu ahemfie adihɔ hɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ:+ 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie: “Mate wo mpaebɔ no. Mahunu wo nisuo,+ na mɛsa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+ 6 Mede mfeɛ 15 bɛka wo nkwa nna* ho, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam,+ na mɛbɔ kuro yi ho ban, me din ne m’akoa Dawid nti.”’”+
7 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Momfa borɔdɔma a awo a wɔabɔ no toa mmra.” Enti wɔkɔfa de bɛtaree pɔmpɔ no so, na nkakrankakra, ne ho tɔɔ no.+
8 Ná Hesekia adi kan abisa Yesaia sɛ: “Ɛdeɛn ne sɛnkyerɛnne+ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛsa me yareɛ na mɛforo akɔ Yehowa fie ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa?” 9 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Wei ne sɛnkyerɛnne a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no: Wopɛ sɛ sunsum no kɔ anim wɔ stɛps* no so anammɔn du anaa ɛsan n’akyi anammɔn du?”+ 10 Hesekia kaa sɛ: “Ɛyɛ mmerɛ sɛ sunsum bɛkɔ anim anammɔn du sene sɛ ɛbɛsan n’akyi anammɔn du.” 11 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia maa ne nne so frɛɛ Yehowa, na ɔmaa sunsum a ɛda Ahas stɛps no so a asiane dada no kɔɔ n’akyi anammɔn du.+
12 Saa berɛ no, Babilon hene Berodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba no soma maa wɔde nkrataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.+ 13 Hesekia gyee wɔn,* na ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ kyerɛ sɛ, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne balsam ngo ne ngo pa ne baabi a ɔkora n’akodeɛ, ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie* ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.
14 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Na Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asaase bi so, wɔfiri Babilon.”+ 15 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhuu no wo fie?”* Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhuu biribiara a ɛwɔ me fie.* Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.”
16 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie Yehowa asɛm yi,+ 17 ‘Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie* nyinaa, ne deɛ w’agyanom de asie abɛsi nnɛ nyinaa, wɔbɛfa akɔ Babilon.+ Biribiara renka,’ Yehowa na aka. 18 ‘Na wɔbɛfa wo ara wo mma a wobɛwo wɔn no mu bi akɔ+ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa wɔ Babilon hene ahemfie.’”+
19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.”+ Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ ne ahotɔ* bɛtena hɔ wɔ me berɛ so* a, ɛnneɛ ɛyɛ.”+
20 Hesekia ho nsɛm a aka ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ tadeɛ+ ne suka, na ɔde nsuo baa kuro no mu+ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 21 Hesekia ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Manase+ bɛdii n’adeɛ.+