2 Ahemfo
20 Berɛ bi owuyareɛ bɔɔ Hesekia.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hyɛ wo fie nsamanseɛ,+ ɛfiri sɛ wobɛwu, na worentena ase.’”+ 2 Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ dan+ bɔɔ Yehowa mpaeɛ+ sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛdeɛ mede nokorɛdie+ ne akoma mũ+ anante+ w’anim, na mayɛ deɛ ɛsɔ w’ani+ biara.” Na Hesekia suu pii.+
4 Na ɛbaa sɛ Yesaia nnya nnuruu ahemfie adihɔ no, Yehowa asɛm baa ne nkyɛn+ sɛ: 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ+ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn+ aka nie: “Mate+ wo mpaebɔ+ no. Mahunu wo nisuo,+ na meresa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+ 6 Mede mfeɛ dunum bɛka wo nna ho, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam, na mɛbɔ kuro yi ho ban,+ me ne m’akoa Dawid nti.”’”+
7 Na Yesaia toaa so kaa sɛ: “Momfa borɔdɔma a wɔabɔ no toa+ mmra.” Enti wɔkɔfa de bɛtaree mpɔmpɔ+ no so, na nkakrankakra, ne ho tɔɔ no.+
8 Saa berɛ no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ: “Ɛdeɛn ne sɛnkyerɛnne+ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛsa me yareɛ na mɛforo akɔ Yehowa fie hɔ da a ɛtɔ so mmiɛnsa?” 9 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Yei ne sɛnkyerɛnne+ a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahunu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no: Wopɛ sɛ sunsum no kɔ animu ntwedeɛ du anaa ɛsan akyire ntwedeɛ du?” 10 Na Hesekia kaa sɛ: “Ɛyɛ mmerɛ sɛ sunsum bɛkɔ animu ntwedeɛ du sene sɛ ɛbɛsan akyire ntwedeɛ du.”+ 11 Ɛnna odiyifoɔ Yesaia maa ne nne so kyerɛɛ Yehowa, na ɔmaa sunsum a asianeɛ no san akyire nkakrankakra ntwedeɛ no so; ɛsan akyire ntwedeɛ du wɔ Ahas ntwedeɛ no so.+
12 Saa berɛ no, Baladan ba, Berodak-Baladan+ a ɔyɛ Babilon+ hene no soma maa wɔde nkrataa+ ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ. 13 Hesekia tiee wɔn, na ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ dwetɛ ne sika+ ne balsam ngo+ ne ngo pa ne n’akodeɛ korabea ne biribiara a ɛwɔ n’akoraeɛ. Biribiara nni Hesekia fie ne n’ahemman mu a wamfa ankyerɛ wɔn.+
14 Afei odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ:+ “Asɛm bɛn na mmarima yi kaeɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn?”+ Ɛnna Hesekia buaa sɛ: “Wɔfiri akyirikyiri asase so na ɛbaeɛ, Babilon tɔnn.” 15 Na ɔsan bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na wɔhunuu no wo fie?” Ɛnna Hesekia kaa sɛ: “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ me fie. Biribiara nni m’akoraeɛ a mamfa ankyerɛ wɔn.”+
16 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Tie Yehowa asɛm yi,+ 17 ‘“Hwɛ! Nna bi reba, na deɛ ɛwɔ wo fie+ a w’agyanom de asie abɛsi nnɛ no nyinaa wɔbɛfa akɔ Babilon.+ Biribiara renka,”+ Yehowa asɛm nie. 18 “Na wɔbɛfa+ wo ara wo mma a wɔbɛfiri wo mu aba, mmɔfra a wobɛwo wɔn, no bi akɔ ama wɔakɔyɛ nhenkwaa+ wɔ Babilon hene ahemfie.”’”+
19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Yehowa asɛm a woaka no yɛ.”+ Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ+ bɛtena hɔ me berɛ so a, ɛyɛ,+ anaa meboa?”
20 Hesekia ho nsɛm a aka ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ tadeɛ+ ne suka,+ na ɔde nsuo baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 21 Na Hesekia ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na ne ba Manase+ bɛdii n’adeɛ.