17Berɛ a Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ:+ “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Nante m’anim tēē, na mma asɛm biara mmma wo ho.+
4 ɛno na Yehowa bɛma asɛm a ɔka faa me ho yi aba mu+ sɛ, ‘Sɛ wo mma+ bɛhwɛ wɔn akwan yie na wɔde wɔn akoma nyinaa+ ne wɔn kra nyinaa anante+ m’anim nokorɛ+ mu a, obusuani a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ remmɔ wo.’+
6 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Wo na woyɛɛ me papa, w’akoa Dawid adɔeɛ kɛseɛ,+ sɛdeɛ ɔde nokorɛdie ne tenenee+ ne akoma a ɛdi mũ nantee w’anim no, na wodaa adɔeɛ kɛseɛ yi adi kyerɛɛ no daa; woama no anya ba ama no abɛtena n’ahennwa so ɛnnɛ da yi.+