1 Ahemfo
3 Na Solomon ne Egypt hene Farao dii ayewareɛ,+ na ɔkɔwaree Farao babaa+ de no baa Dawid Kuro+ mu kɔsii sɛ ɔwiee ɔno ara ne fie+ ne Yehowa fie+ ne Yerusalem ho fasuo+ no nyinaa. 2 Sorɔnsorɔmmea ara na ɔman no bɔɔ afɔdeɛ,+ ɛfiri sɛ ɛbɛsi saa berɛ no, na wɔnsii fie mmaa Yehowa din.+ 3 Na Solomon kɔɔ so dɔɔ+ Yehowa, na ɔnantee ne papa Dawid ahyɛdeɛ mu.+ Sorɔnsorɔmmea+ ara na ɔbɔɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ daa.
4 Ɛnna ɔhene kɔɔ Gibeon+ kɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ɛfiri sɛ ɛhɔ ne sorɔnsorɔmmea kɛseɛ no.+ Solomon de mmoa apem na ɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no soɔ.+ 5 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon daeɛ+ mu anadwo wɔ Gibeon,+ na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ menyɛ mma woɔ.”+ 6 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Wo na woyɛɛ me papa, w’akoa Dawid adɔeɛ kɛseɛ,+ sɛdeɛ ɔde nokorɛdie ne tenenee+ ne akoma a ɛdi mũ nantee w’anim no, na wodaa adɔeɛ kɛseɛ yi adi kyerɛɛ no daa; woama no anya ba ama no abɛtena n’ahennwa so ɛnnɛ da yi.+ 7 Na afei Yehowa me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa hene de no asi me papa Dawid ananmu, nanso me deɛ, meyɛ abɔfra koraa.+ Mennim sɛdeɛ mɛfiri adie na maba mu.+ 8 Na w’akoa wɔ wo man a woayi+ wɔn no mu, ɔman a wɔdɔɔso na wɔn dodoɔ nti, wɔntumi nkan wɔn na wɔntumi mmu wɔn ano.+ 9 Na ma w’akoa ahobrɛaseɛ akoma a ɔde bɛbu wo man atɛn,+ de ahunu papa ne bɔne mu;+ hwan na ɔbɛtumi abu wo man a wɔn so die yɛ den+ yi atɛn?”+
10 Na asɛm no sɔɔ Yehowa ani sɛ Solomon abisa yei.+ 11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woabisa yei, na woammisa nna dodoɔ ne ahonyadeɛ+ amfa, anaa w’atamfo kra, na woabisa nhunumu a wode bɛbu atɛn+ nti, 12 hwɛ! mɛyɛ deɛ woaka no.+ Hwɛ! mɛma wo nyansa ne nteaseɛ akoma+ a obiara a ɔdii w’anim annya bi da, na w’akyi nso, obiara rensɔre a ɔbɛyɛ sɛ woɔ.+ 13 Na deɛ woammisa, ahonyadeɛ+ ne animuonyam nso, mede bɛma wo;+ mɛma wo deɛ ɔhene biara a ɔdii w’anim baeɛ nnyaa bi da, wo nna nyinaa.+ 14 Na sɛ wonante m’akwan so di m’ahyɛdeɛ+ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ wo papa Dawid nanteeɛ+ no a, me nso mɛma wo nna aware.”+
15 Berɛ a Solomon ani so tetee+ no no, ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɛnna ɔbaa Yerusalem bɛgyinaa Yehowa apam adaka+ no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ,+ na ɔtoo pono+ maa ne nkoa nyinaa.+
16 Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ+ mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim.+ 17 Na ɔbaa baako kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw,+ me ne ɔbaa yi te fie baako mu, na mewoo ne nkyɛn wɔ fie hɔ. 18 Mewoeɛ akyi nnansa, ɔbaa yi nso woeɛ. Yɛn nyinaa wɔ faako, na ɔhɔhoɔ biara nka yɛn ho wɔ fie hɔ. Yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ fie hɔ. 19 Akyire yi, ɔbaa yi daa ne ba so anadwo maa no wuiɛ. 20 Berɛ a w’afenaa ada a me ba no da me nkyɛn no, ɔsɔree anadwo dasuom bɛfaa me ba no me nkyɛn de no kɔtoo ne nkyɛn, na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me nkyɛn. 21 Mesɔree anɔpa sɛ merema me ba no nufoɔ,+ mehwɛeɛ no, na wawu. Berɛ a mehwɛɛ no yie anɔpa no, mehunuu sɛ ɔnyɛ me ba a mewoo no no.” 22 Ɛnna ɔbaa baako no kaa sɛ: “Woboa, me ba na ɔte aseɛ no, wo ba ne deɛ wawuo no!” Saa berɛ no nyinaa deɛ na ɔbaa baako no ka ara ne sɛ: “Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte aseɛ no.” Na wɔkasakasaa ɔhene anim.+
23 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Oyi se, ‘Me ba na ɔte aseɛ yi, wo ba ne deɛ wawuo no!’ na oyi nso se, ‘Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte aseɛ no!’” 24 Afei ɔhene kaa sɛ:+ “Momfa nkrantɛ mmrɛ me.” Ɛnna wɔde nkrantɛ baa ɔhene anim. 25 Na ɔhene kaa sɛ: “Mompae abɔfra a ɔte aseɛ no mu mmienu, na momfa ɛfã mma mmaa no baako, na momfa ɛfã a aka nso mma ɔfoforɔ no.” 26 Ɛsiane sɛ ɔbaa a ne ba ne abɔfra a ɔte aseɛ no yam hyehyee no+ ne ba no ho+ nti, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw!+ Momfa abɔfra a ɔte aseɛ no mma no. Monnku no.” Ɔbaa baako no deɛ, saa berɛ no nyinaa deɛ na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛbɛbɔ me ne wo nyinaa. Mompae ne mu!”+ 27 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momfa abɔfra a ɔte aseɛ no mma no. Monnku no. Ne maame ne no.”
28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abuo+ no, na wɔsuroo ɔhene+ ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Onyankopɔn nyansa+ wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.