Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
3 Solomon kɔwaree wɔ Egypt hene Farao fie; ɔwaree Farao babaa+ de no baa Dawid Kuro+ mu kɔsii sɛ ɔsii ɔno ara ne fie+ ne Yehowa fie+ ne Yerusalem fasuo+ no nyinaa wieeɛ. 2 Nanso sorɔnsorɔmmea* hɔ ara na na ɔman no bɔ afɔreɛ,+ ɛfiri sɛ bɛsi saa berɛ no, na wɔnnya nsii fie mmaa Yehowa din.+ 3 Solomon kɔɔ so dɔɔ Yehowa; ɔnantee ne papa Dawid ahyɛdeɛ mu. Nanso ɔbɔɔ afɔreɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ daa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+
4 Ɔhene kɔɔ Gibeon kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ hɔ ɛfiri sɛ ɛhɔ ne sorɔnsorɔmmea a na agye din paa.*+ Solomon de mmoa 1,000 na ɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so.+ 5 Berɛ a Solomon wɔ Gibeon no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu anadwo; Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ menyɛ mma wo.”+ 6 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Woada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa, w’akoa Dawid; ɔde nokorɛdie ne tenenee ne akoma a ɛdi mu nantee w’anim. Woakɔ so ada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ yi adi akyerɛ no abɛsi nnɛ; woama no anya ɔba ama no abɛtena n’ahennwa so.+ 7 Na afei Yehowa me Nyankopɔn, mennyinii* koraa na menni suahunu,*+ nanso woasi w’akoa hene de me asi me papa Dawid ananmu. 8 Wo man a woayi wɔn+ no yɛ ɔman a wɔn dodoɔ nti, wɔntumi nkan wɔn na wɔntumi mmu wɔn ano, na w’akoa na ɔda wɔn ano. 9 Enti ma w’akoa ahobrɛaseɛ akoma a ɔde bɛhu papa ne bɔne+ na ɔde abu wo man atɛn,+ ɛfiri sɛ wo man a wɔdɔɔso* yi deɛ, hwan na ɔbɛtumi abu wɔn atɛn?”
10 Deɛ Solomon bisaeɛ no, Yehowa ani gyee ho.+ 11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woabisa wei, na woammisa nkwa tenten,* ahonyadeɛ, anaa w’atamfo nkwa,* na woabisa nhunumu a wode bɛbu atɛn nti,+ 12 mɛyɛ w’abisadeɛ no ama wo.+ Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ akoma;+ wɔn a wɔdii w’anim no, obiara nnyaa bi saa da, na w’akyi nso, obiara rento wo.+ 13 Afei ahonyadeɛ ne animuonyam a woammisa nso, mede bɛka ho ama wo,+ na ɔhene biara nni hɔ a wo nkwa nna nyinaa* mu no, ɔbɛto wo.+ 14 Na sɛ wonante m’akwan so di m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ wo papa Dawid yɛeɛ no+ a, me nso mɛma wo nkwa tenten.”*+
15 Berɛ a Solomon ani so tetee no no, ɔhuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɛnna ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Yehowa apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na ɔtoo pono maa ne nkoa nyinaa.
16 Akyire yi, tuutuufoɔ mmaa mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim. 17 Ɔbaa a ɔdi kan no kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie baako mu, na mewoe berɛ a na ɔwɔ fie. 18 Mewoeɛ no, ne nnansa so na ɔbaa yi nso woeɛ. Yɛn mmienu pɛ na na yɛwɔ hɔ; ná obiara nka yɛn ho wɔ fie hɔ. 19 Ɛduruu anadwo no, ɔbaa yi daa ne ba no so maa no wui. 20 Berɛ a w’afenaa ada a me ba no da me nkyɛn no, ɔsɔree anadwo dasuom bɛfaa me ba no de no kɔtoo ne nkyɛn,* na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me nkyɛn. 21 Berɛ a mesɔree sɛ merema me ba no nufoɔ no, mehuu sɛ wawu. Nanso adeɛ kyeeɛ a metoo me bo ase hwɛɛ abɔfra no, mehuu sɛ ɛnyɛ ɔno ne me ba a mewoo no no.” 22 Ɛnna ɔbaa baako no nso kaa sɛ: “Woboa, me ba na ɔte ase no, wo ba ne deɛ wawuo no!” Ɔbaa a ɔdi kan no nso kaa sɛ: “Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte ase no.” Wɔgyee ho akyinnyeɛ wɔ ɔhene anim.
23 Afei ɔhene kaa sɛ: “Wei se, ‘Me ba na ɔte ase yi, wo ba ne deɛ wawuo no!’ na wei nso se, ‘Woboa, wo ba ne deɛ wawuo no, me ba na ɔte ase no!’” 24 Ɔhene kaa sɛ: “Momma me sekan.” Ɛnna wɔde sekan brɛɛ ɔhene. 25 Na ɔhene kaa sɛ: “Mompae abɔfra a ɔte ase no mu mmienu, na momfa fã mma mmaa no baako, na momfa fã a aka nso mma baako no.” 26 Ɛsiane sɛ ɔbaa a ne ba ne abɔfra a ɔte ase no nyaa ayamhyehyeɛ maa ne ba no nti, ɛhɔ ara na ɔpaa ɔhene kyɛw sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, momfa abɔfra a ɔte ase no mma no. Monnku no!” Ɔbaa baako no deɛ, saa berɛ no nyinaa deɛ na ɔreka ara ne sɛ: “Ɛbɛbɔ me ne wo nyinaa! Mompae ne mu mmienu!” 27 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momfa abɔfra a ɔte ase no mma ɔbaa a ɔdi kan no. Monnku no. Ɔno ne abɔfra no maame.”
28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abu no, na wɔsuroo ɔhene,+ ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ Onyankopɔn ama no nyansa a ɔde bu atɛn.+