Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1808-1845
  • Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • A
  • B
  • D
  • E
  • Ɛ
  • F
  • G
  • H
  • I
  • K
  • L
  • M
  • N
  • O
  • Ɔ
  • P
  • R
  • S
  • T
  • U
  • W
  • Y
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu

Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu

A B D E Ɛ F G H I K L M N O Ɔ P R S T U W Y

A

  • Aaron mma.

    Wɔyɛ Lewi nanankansowa Aaron asefoɔ. Aaron na wɔdii kan yii no ɔsɔfo panin berɛ a na Mose Mmara no yɛ adwuma no. Aaron mma no na na wɔyɛ asɔfodwuma wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ.—1Be 23:28.

  • Ab.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon nkoasom mu baeɛ no, Ab na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnum wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so 11 wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ July bosome no mpaemu kɔsi August bosome no mpaemu. Edin Ab nni Bible mu. Mmom Bible ka ho asɛm sɛ “bosome a ɛtɔ so nnum.” (Nu 33:38; Esr 7:9)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Aba a ɛdi kan.

    Ɛyɛ aba a ɛdi kan a wɔtwa wɔ twaberɛ mu. Ɛsan yɛ biribiara a wɔdi kan yɛ anaa adeɛ a ɛdi kan a ɛfiri biribi mu ba biara. Yehowa kaa sɛ Israelfoɔ mfa wɔn aba a ɛdi kan mma no. Onipa oo, aboa oo, asaase so nnɔbaeɛ oo, ɔkaa sɛ wɔmfa deɛ ɛdi kan mma no. Ɛduru Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ ne Pentekoste Afahyɛ a, na Israel man no de aba a ɛdi kan ma Onyankopɔn. Afei nso, wɔde “aba a ɛdi kan” gyina hɔ ma Kristo ne n’akyidifoɔ a wɔasra wɔn no.—1Ko 15:23; Nu 15:21; Mme 3:9; Adi 14:4.

  • Abakan.

    Wɔka abakan a, deɛ ɛkyerɛ paa ne agya babarima panin (ɛnyɛ ɛna ba a ɔdi kan). Berɛ a na wɔretwerɛ Bible no, na ɔbabarima panin wɔ anidie paa wɔ n’abusua mu. Sɛ ne papa wu a, ɔno na na wɔde no yɛ abusua ti ma no hwɛ fie. Wɔka abakan a, ɛsan nso kyerɛ mmoa mma anini a wɔdi kan. Ɛtɔ da a, wɔfrɛ wɔn ‘nyɛmmoa a wɔdi kan.’—Ex 11:5; 13:12; Ge 25:33; Kol 1:15.

  • Aban Awɛmfoɔ.

    Wɔyɛ Roma asraafoɔkuo bi a na wɔbɔ Roma ɔhempɔn no ho ban. Aban awɛmfoɔ no bɛnyaa tumi kɛseɛ wɔ amanyɔsɛm mu, ɛfiri sɛ na wɔtumi taa ɔhempɔn bi akyi anaa wɔboa ma wɔtu no.—Flp 1:13.

  • Abasamu.

    Ɛyɛ ɛkwan a wɔfa so susu sɛdeɛ nsuo mu dɔ. Abasamu baako yɛ mita 1.8 (anm. 6). (Aso 27:28)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Abɛn.

    Ɛyɛ mmoa mmɛn anaa mmoa mmɛbɛn. Ná wɔtumi de nom nsuo ne nsã. Ná wɔtumi de ngo gu mu. Ná wɔtumi de adubire ne sradehwam nso gu mu, na na wɔtumi de bɔ nnwom. Ná wɔtumi nso bɔ de frɛ ɔmanfoɔ. (1Sa 16:1, 13; 1Ah 1:39; Hes 9:2) Wɔka “abɛn” wɔ Bible mu a, wɔtaa de kyerɛ ahoɔden ne nkonimdie.—De 33:17; Mik 4:13; Sak 1:19.

  • Abib.

    Ɛyɛ edin a mfitiaseɛ no na wɔde frɛ bosome a ɛdi kan wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛkyerɛ “Mmɛtem Mono (Hwiit Mmɛtem Mono).” Ɛfiri aseɛ March bosome no mpaemu kɔsi April bosome no mpaemu. Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, wɔsesaa bosome Abib din frɛɛ no Nisan. (De 16:1)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Aboa nwoma.

    Ɛyɛ odwan, apɔnkye, anaa nantwie ba nwoma a wɔayɛ no kama sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi atwerɛ so. Ná ɛtumi kyɛ sene adeɛ a wɔtwerɛ so a wɔde demmire ayɛ. Nwoma mmobɔeɛ a wɔtwerɛɛ Bible wɔ so no, ebi wɔ hɔ a aboa nwoma na wɔde yɛeɛ. Aboa nwoma a Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa mmrɛ no no, ɛbɛyɛ sɛ na Hebri Twerɛnsɛm no afã ahodoɔ bi na ɛwɔ so. Ɛpo a Awuo Nwoma Mmobɔeɛ no, ebi wɔ hɔ a wɔde aboa nwoma na ɛyɛeɛ.—2Ti 4:13.

  • Abohene tuntum.

    Ɛyɛ aboɔden aboɔ bi. Ɛyɛ mununkumboɔ dendeenden bi a ne kɔla adi afra. Abohene tuntum no, wohwɛ a wobɛhu sɛ ɛyɛ fitaa, ɛnna tuntum, brawn, kɔkɔɔ, nsõnsõ, ne ahabammono nenam mu. Ná wɔde abohene tuntum bobɔ ɔsɔfo panin no asɔfotaadeɛ mu.—Ex 28:9, 12; 1Be 29:2; Hio 28:16.

  • Abosonnua.

    Hebri asɛmfua (ʼashe·rahʹ) a wɔkyerɛ aseɛ “abosonnua” anaa “ɔbosom dua” no, ɛkyerɛ (1) bosom dua a ɛgyina hɔ ma Kaananfoɔ nyamebaa a ɔma awoɔ a wɔfrɛ no Asera, anaa (2) onyamebaa Asera ankasa honi. Abosonnua no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔde sisi ntenten. Ebi wɔ hɔ a, ne fã pɛ na na ɛyɛ dua. Ɛbɛtumi aba sɛ na ɛyɛ adum a wɔnseneeɛ, na ebi mpo a na ɛyɛ nnua a ɛsisi hɔ.—De 16:21; Ate 6:26; 1Ah 15:13.

  • Abosonsom.—

    Hwɛ AHONI.

  • Abotire.

    Ɛyɛ ntoma a obi de kyekyere ne ti sɛ ahemmotire. Ná ɔsɔfo panin no bɔ abotire bi a wɔde nwera pa ayɛ, na na wɔde ahoma bruu akyekyere adeɛ tratraa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ abɔ abotire no anim. Ná ɔhene bɔ abotire ansa na wahyɛ n’ahenkyɛ asi so. Hiob nso kaa abotire ho asɛm de kyerɛɛ biribi foforɔ; ɔde n’atɛntenenee totoo abotire ho.—Ex 28:36, 37; Hio 29:14; Hes 21:26.

  • Abɔfoɔ.

    Ɛfiri Hebri asɛmfua mal·ʼakhʹ ne Greek asɛmfua agʹge·los mu. Nsɛmfua mmienu no nyinaa, ne nkyerɛaseɛ tee ne ‘ɔsomafoɔ,’ nanso sɛ wɔde reka ahonhom a wɔasoma wɔn ho asɛm a, wɔkyerɛ aseɛ “ɔbɔfoɔ.” (Ge 16:7; 32:3; Yak 2:25; Adi 22:8) Abɔfoɔ yɛ abɔdeɛ a wɔyɛ honhom a wɔwɔ tumi paa. Onyankopɔn bɔɔ wɔn koraa ansa na ɔrebɔ nnipa. Bible mu no, wɔsan frɛ wɔn “ahotefoɔ mpempem pii,” “Onyankopɔn mma,” anaa “adekyeeɛ nsoromma.” (De 33:2; Hio 1:6; 38:7) Wɔammɔ abɔfoɔ sɛ wɔnwo na wɔnyɛ bebree, mmom wɔhyɛɛ da bɔɔ ɔbɔfoɔ biara. Wɔn dodoɔ boro ɔpepem ɔha. (Da 7:10) Bible ma yɛhu sɛ, ɔbɔfoɔ biara wɔ ne din ne sɛdeɛ ɔteɛ, nanso wɔn ahobrɛaseɛ nti, wɔmpɛ sɛ obiara som wɔn, na dodoɔ no ara mpo mpɛ sɛ wɔbɔ wɔn din kyerɛ nkurɔfoɔ. (Ge 32:29; Lu 1:26; Adi 22:8, 9) Abɔfoɔ no diberɛ gu ahodoɔ, na adwuma a wɔde ama wɔn nso gu ahodoɔ. Ebinom som wɔ Yehowa ahennwa anim, ebinom nso, Yehowa soma wɔn ma wɔkɔka n’asɛm kyerɛ nkurɔfoɔ, ebinom twitwa gye Yehowa asomfoɔ a wɔwɔ asaase so, ebinom twe nkurɔfoɔ aso ma Onyankopɔn, ɛnna ebinom nso boa ma wɔka asɛmpa no. (2Ah 19:35; Dw 34:7; Lu 1:30, 31; Adi 5:11; 14:6) Daakye wɔbɛka Yesu ho ama wɔako Armagedon ko no.—Adi 19:14, 15.

  • Adamena.

    Sɛ wɔde ntwerɛdeɛ ketewa ‘a’ di animu na wɔtwerɛ no “adamena” a, ɛgyina hɔ ma amena a wɔsie obi wom. Sɛ ntwerɛdeɛ kɛseɛ ‘A’ di animu na wɔtwerɛ no “Adamena” nso a, ɛgyina hɔ ma adasamma damena. Hebri mu no, wɔfrɛ no “Sheol,” na Greek mu nso, wɔfrɛ no “Hades.” Bible mu no, wɔde kyerɛ baabi a biribiara anaa adwuma biara nkɔ so wɔ hɔ. Wɔtumi nso de kyerɛ tebea bi a obi kɔ mu a ɔnhunu hwee, ɔnte hwee, na ɔntumi nyɛ biribiara.—Ge 47:30; Ɔsɛ 9:10; Aso 2:31.

  • Adanseɛ Abopono.

    Sɛ wɔka “Adanseɛ Abopono” a, mprɛ pii no ɛkyerɛ Mmara Nsɛm Du a wɔtwerɛ guu abopono mmienu so de maa Mose no.—Ex 31:18.

  • Adar.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon nkoasom mu baeɛ no, Adar na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so 12 wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nsia wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ February bosome no mpaemu kɔsi March bosome no mpaemu. (Est 3:7)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Adekyeeɛ nsoromma.

    Ɛno ne nsoromma a ɛtwa toɔ a ɛpue wɔ Apueeɛ fam ansa na awia ayi ne ti. Ɛno na ɛma yɛhunu sɛ yɛawura da foforɔ mu.—Adi 22:16; 2Pe 1:19.

  • Adihɔ.

    Ɛyɛ asaase a ɛda petee mu. Ná ɛda ɔsom ntomadan no ho nyinaa, na na wɔagye ho ban. Akyire yi, nsaase a ɛda petee mu a wɔato ho fasuo a na ɛdeda asɔrefie no ho no, na wɔfrɛ emu biara adihɔ. Ná afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so no si ɔsom ntomadan no adihɔ. Asɔrefie hɔ nso, adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, ɛhɔ na na afɔrebukyia no si. (Hwɛ Nkh. B5, B8, B11.) Bible san ka sɛ, na afie ne ahemfie bi nso wowɔ adihɔ.—Ex 8:13; 27:9; 1Ah 7:12; Est 4:11; Mt 26:3.

  • Adom.

    Ɛfiri Greek asɛmfua bi mu, na deɛ ɛkyerɛ ne biribi a ɛsɔ ani anaa ɛyɛ fɛ. Wɔtaa de saa asɛm no yɛ adwuma de kyerɛ akyɛdeɛ a obi yi ne yam de ma obi anaa sɛdeɛ obi bue ne nsam kyɛ adeɛ. Sɛ wɔka Onyankopɔn adom a, ɛkyerɛ akyɛdeɛ bi a Onyankopɔn yi ne yam de ma obi kwa a ɔnhwɛ kwan sɛ onipa no bɛtua no ka. Enti Onyankopɔn adom kyerɛ akyɛdeɛ bebree a Onyankopɔn de ma nnipa ne ɔdɔ ne ayamyɛ bebrebe a ɔyi no adi kyerɛ wɔn no. Greek asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ adom no, wɔtumi nso kyerɛ aseɛ sɛ “akyɛdeɛ a obi yi ne yam de ma.” Ɛnyɛ biribi a obi ayɛ nti na ɔnya saa akyɛdeɛ no, mmom deɛ ɔrekyɛ adeɛ no ayamyɛ nti na ɔde ma no.—2Ko 6:1; Efe 1:7.

  • Adɔeɛ.

    Deɛ ɛkyerɛ ne sɛ obi de biribi bɛkyɛ obi a ahia no. Hebri Twerɛnsɛm no nhyɛ da nka adɔeɛ ho asɛm, nanso Mmara no maa Israelfoɔ akwankyerɛ pɔtee sɛ wɔmmoa ahiafoɔ.—Mt 6:2.

  • Aduhwam.

    Ɛyɛ nnua mu nsuo a ɛyɛ hwam a akyenkyene ne sradehwam a wɔde afra. Sɛ ɛrehye a, ɛhye nkakrankakra, na ɛyɛ hwam paa. Aduhwam soronko bi wɔ hɔ a na wɔhye wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ. Nneɛma nnan na na wɔde fra yɛ saa aduhwam no. Ná wɔhye saa aduhwam no anɔpa ne anadwo wɔ aduhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Kronkronbea hɔ no so. Sɛ ɛduru Mpata Da no a, na wɔhye no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ná ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn asomfoɔ anokwafoɔ mpaeɛ a ɔgye tom. Kristofoɔ deɛ, Onyankopɔn nka sɛ wɔnhye aduhwam wɔ wɔn som mu.—Ex 30:34, 35; Le 16:13; Adi 5:8.

  • Adumgya.

    Ɛyɛ nneɛma bi a na wɔde yɛ adwuma wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ. Ná wɔde sika kɔkɔɔ anaa kɔbere na ɛyɛ adumgya no. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛte sɛ apasoɔ a wɔde twitwa nkanea no ntomaban so.—2Ah 25:14.

  • Adwamammɔ.

    Ɛfiri Greek asɛmfua por·neiʹa mu. Ɛyɛ asɛm bi a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ nna mu nneɛma bi a ɛtia Onyankopɔn mmara. Ebi ne awaresɛeɛ, tuutuusie, nnipa a wɔnyɛ awarefoɔ a wɔda, mmarima a wɔne mmarima da, mmaa a wɔne mmaa da, ne nnipa a wɔne mmoa da. Adiyisɛm nwoma no ka sɛ, nyamesom mu tuutuuni bi a wɔfrɛ no “Babilon Kɛseɛ” abɔ adwaman. Deɛ enti a ɛka sɛ wabɔ adwaman ne sɛ, ɔne wiase atumfoɔ ayɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya tumi ne ahonyadeɛ. (Adi 14:8; 17:2; 18:3; Mt 5:32; Aso 15:29; Ga 5:19)—Hwɛ TUUTUUNI.

  • Afɔdie afɔreɛ.

    Ɛyɛ afɔreɛ a obi bɔ de srɛ bɔnefakyɛ wɔ ɔno ara ne bɔne ho. Saa afɔreɛ yi yɛ soronko kakra; ɛnte sɛ bɔne ho afɔreɛ a aka no. Deɛ ɛma no yɛ soronko ne sɛ, na Mose Mmara no ma nkurɔfoɔ nya hokwan ahodoɔ bi, na sɛ obi yɛ bɔne a, na ɛtumi firi ne nsa. Nanso sɛ ɔnu ne ho na ɔbɔ afɔdie afɔreɛ no a, ɛkyerɛ sɛ wagye atom sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn na wama hokwan a obi nso wɔ abɔ no. Ɛno nti, na deɛ wayɛ bɔne no san nya hokwan a ɛfirii ne nsa no bio, na asotwe a wɔde maa no no nso, na wɔte so.—Le 7:37; 19:22; Yes 53:10.

  • Afɔrebukyia.

    Ɛyɛ bamma bi a wɔde dɔteɛ, aboɔ, anaa ɛboɔ kɛseɛ baako asi; wɔtumi nso de nnua a wɔde dadeɛ afa ho si. Ná nkurɔfoɔ bɔ afɔreɛ wɔ so anaa wɔhye aduhwam wɔ so de som Onyankopɔn anaa abosom. Ɛdan a ɛdi kan wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ no, na “sika kɔkɔɔ afɔrebukyia” ketewa bi si hɔ a wɔhye aduhwam wɔ so. Dua a wɔde sika kɔkɔɔ afa ho na wɔde yɛeɛ. Ná “kɔbere afɔrebukyia” kɛseɛ bi a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ si petee mu wɔ adihɔ hɔ. (Ex 27:1; 39:38, 39; Ge 8:20; 1Ah 6:20; 2Be 4:1; Lu 1:11)—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Afɔrebukyia mmɛn.

    Ɛyɛ biribi a ɛte sɛ mmɛn. Afɔrebukyia bi wɔ hɔ a, na ebi tuatua ne ntwea so. (Le 8:15; 1Ah 2:28)—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Afɔreɛ.

    Ɛyɛ biribi kakra a yɛde kyɛ Onyankopɔn de da no ase. Afei nso yɛde kyerɛ sɛ yɛayɛ bɔne, na yɛde hwehwɛ asomdwoeɛ wɔ yɛne ne ntam. Habel yii ne yam bɔɔ afɔreɛ, na ɛno akyi no nnipa pii nso yii wɔn yam bɔɔ afɔreɛ; ebi de mmoa na ɛbɔeɛ. Wei kɔɔ so kɔsii sɛ afɔrebɔ bɛyɛɛ mmara wɔ Mose Mmara apam no mu. Berɛ a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔreɛ a ɛdi mu no, na ɛnhia sɛ wɔde mmoa bɔ afɔreɛ bio. Kristofoɔ deɛ, wɔda so ara bɔ honhom fam afɔreɛ ma Onyankopɔn.—Ge 4:4; Heb 13:15, 16; 1Yo 4:10.

  • Agyedeɛ.

    Ɛyɛ biribi a wɔtua de gye obi firi nkoasom, asotwe, amanehunu, bɔne, anaa adwuma bi mu. Ɛtɔ da a, na ɛyɛ sika, ɛtɔ da nso a, ɛyɛ biribi foforɔ. (Yes 43:3) Ná wɔtua agyedeɛ wɔ nneɛma bebree ho. Ebi na ɛdidi so yi: Sɛ wɔwo ɔbarima wɔ Israel na ɔyɛ abakan a, na ɔyɛ Yehowa dea. Sɛ wɔwo aboa bi nso wɔ Israel na ɔyɛ onini na ɔsan yɛ abakan a, na ɔyɛ Yehowa dea. Ɛsiane sɛ na wɔahyira wɔn so korakora ama Yehowa som nti, sɛ wɔbɛtumi agye wɔn a, na ɛhia sɛ wɔtua wɔn ho agyedeɛ. (Nu 3:45, 46; 18:15, 16) Sɛ obi wɔ nantwie a ɔtaa pempem nkurɔfoɔ, na ne wura amma n’ani ankɔ ne ho, na ɔpem obi ku no a, na ɛsɛ sɛ wɔku ne wura no. Sɛ ɔbɛfa ne ho adi a, na ɛsɛ sɛ ɔtua agyedeɛ a wɔbɛka sɛ ɔntua no. (Ex 21:29, 30) Nanso, obi a ɔbɛhyɛ da aku obi deɛ, na wɔrennye agyedeɛ biara mfa nnye no nkwa. (Nu 35:31) Agyedeɛ a ɛsom bo paa a Bible ka ho asɛm ne Kristo agyedeɛ no. Kristo de ne ho bɔɔ afɔreɛ wui sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde bɛtua agyedeɛ na ama wɔagye nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛ afiri bɔne ne owuo mu.—Dw 49:7, 8; Mt 20:28; Efe 1:7.

  • Ahempoma.

    Ɛyɛ biribi a ɛte sɛ aporibaa anaa poma. Ɔhene kura de kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi.—Ge 49:10; Heb 1:8.

  • Ahintasɛm kronkron.

    Ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔ no bi. Onyankopɔn de sie kɔsi sɛ ne berɛ bɛso. Ne berɛ so a, ɔyi no adi kyerɛ obiara a ɔno ara pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.—Mr 4:11; Kol 1:26.

  • Ahoboaboa Da.

    Ɛyɛ ɛda a ɛdi Homeda anim. Saa da no na na Yudafoɔ no yɛ ntotoeɛ ma Homeda no. Ná Ahoboaboa Da no ba awieeɛ ɛda a ɛnnɛ yɛfrɛ no Fiada no, berɛ a awia akɔtɔ. Saa berɛ no ara nso na na Homeda firi aseɛ. Yudafoɔ no ka ɛda a, na ɛfiri aseɛ firi anwummerɛ kɔsi anwummerɛ.—Mr 15:42; Lu 23:54.

  • Ahofadie Afe.

    Berɛ a Israelfoɔ kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na mfeɛ 50 biara yɛ Ahofadie Afe. Ɛduru Ahofadie Afe no a, na ɛnsɛ sɛ wɔdua hwee wɔ asaase no so, na na ɛsɛ sɛ wɔgyaa nkoa a wɔyɛ Hebrifoɔ ma wɔfa wɔn ho di. Abusua asaase biara a wɔatɔ no, na wɔsan de ne wura adeɛ ma no. Yɛbɛka a, na Ahofadie Afe no yɛ afahyɛ a wɔdi no afe no nyinaa. Ná ɛyɛ afe a ɛma Israel man no nya ahofadie na wɔsan si wɔn dada mu te sɛ berɛ a Onyankopɔn yɛɛ wɔn ɔman no.—Le 25:10.

  • Ahohiahia kɛseɛ.

    Greek kasa a wɔkyerɛ aseɛ “ahohiahia” no, deɛ ɛkyerɛ ne sɛ biribi ama obi reteetee anaa ama ɔrehunu amane. Yesu kaa sɛ, “ahohiahia kɛseɛ” bi a ebi mmaa da bɛba Yerusalemfoɔ so. Ɔsan kaa sɛ, sɛ daakye ɔde ‘animuonyam ba’ a, “ahohiahia kɛseɛ” bi nso bɛba nnipa so, na ɛno paa na ɔkaa ho asɛm. (Mt 24:21, 29-31) Paul kaa sɛ, saa ahohiahia no yɛ adetenenee a Onyankopɔn bɛyɛ atia ‘wɔn a wɔnnim Onyankopɔn ne wɔn a wɔntie asɛmpa’ a ɛfa Yesu Kristo ho no. Adiyisɛm ti 19 ka sɛ Yesu na ɔbɛdi ɔsoro asraafoɔdɔm no anim ama wɔako atia “akekaboa no ne asaase so ahemfo ne wɔn asraafoɔdɔm” no. (2Te 1:6-8; Adi 19:11-21) Bible ka sɛ “nnipakuo kɛseɛ” bi bɛnya nkwa wɔ saa ahohiahia no mu. (Adi 7:9, 14)—Hwɛ ARMAGEDON.

  • Ahohwibra.

    Ɛfiri Greek asɛmfua a·selʹgei·a mu. Ɛkyerɛ biribiara a obi yɛ a ɛto Onyankopɔn mmara paa. Ɛyɛ nneyɛɛ a ɛkyerɛ sɛ onipa no atoto n’ani awe, na wasi ne bo sɛ ɔremfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. Suban a saa onipa no yi no adi no ma wohu sɛ ɔnni obuo ketekete sei mpo mma tumidie ne mmara, na deɛ ɛnsɛ mfata na ɔyɛ. Wɔka ahohwibra a, ɛnkyerɛ bɔne nketenkete.—Ga 5:19; 2Pe 2:7.

  • Ahonhommɔne.

    Wɔyɛ abɔfo bɔne a wɔwɔ tumi kyɛn nnipa. Genesis 6:2 frɛ wɔn “nokorɛ Nyankopɔn mma,” na Yuda nkyekyɛmu 6 frɛ wɔn “abɔfoɔ.” Ne nyinaa ma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ wɔn no, na wɔnyɛ abɔfo bɔne. Mmom, wɔyɛ abɔfoɔ a wɔyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn wɔ Noa berɛ so. Wɔkɔkaa Satan ho maa wɔtee atua tiaa Yehowa. Deɛ wɔyɛeɛ no nti, wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn atamfo.—De 32:17; Lu 8:30; Aso 16:16; Yak 2:19.

  • Ahonhonsɛm.

    Ɛyɛ gyidie a ebinom wɔ sɛ onipa wu a, honhom bi firi ne nipadua mu pue, na ɛtumi ne ateasefoɔ di nkitaho. Wɔkyerɛ sɛ, honhom no taa te si obi so, na wɔnam saa nipa no so ne ateasefoɔ kasa. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “ahonhonsɛm” ne phar·ma·kiʹa, na ne nkyerɛaseɛ tee ne “nnusɛm.” Deɛ enti a wɔde asɛmfua “nnusɛm” bata ahonhonsɛm ho ne sɛ, tete no, nnipa a na wɔpɛ sɛ wɔkankye frɛ ahonhommɔne no, na wɔde nnuro yɛ adwuma.—Ga 5:20; Adi 21:8.

  • Ahoni; Abosonsom.

    Ohoni yɛ biribi sɛso anaa biribi mfoni a nkurɔfoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu. Ɛbɛtumi ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ sɛso, anaa biribi a obi abɔ ne tirim ayɛ. Sɛ obi ani gye ahoni ho, ɔde anidie ma wɔn, ɔsom wɔn, anaa ɔde wɔn yɛ nyame a, ɛyɛ abosonsom.—Dw 115:4; Yes 48:5; Aso 17:16; 1Ko 10:14.

  • Ahonu.

    Bible ka sɛ obi anu ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wasesa n’adwene na ɛyɛ ne ya paa sɛ wammɔ ne bra yie, anaa ɛyɛ no ya paa sɛ ɔyɛɛ nneɛma bɔne bi. Afei nso, ɛyɛ ne ya sɛ wanyɛ deɛ anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ obi anu ne ho ampa a, ne nneyɛɛ na ɛbɛkyerɛ. Ɛkwan a ɔnam so no, ɔbɛsesa.—Mt 3:8; Aso 3:19; 2Pe 3:9.

  • Ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron.

    Ɛyɛ adeɛ tratra hyɛnn bi a na wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ. Ná wɔde Hebri kasa atwerɛ so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni No.” Ná wɔde bɔ ɔsɔfo panin no abotire no anim. (Ex 39:30)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ahoteɛ.

    Sɛ Bible ka sɛ obi ho te anaa biribi ho te a, ɛkyerɛ sɛ onipa no di ne ho ni na efĩ nni ne ho, anaa ade korɔ no nso, efĩ biara nni ho. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan kyerɛ sɛ, ɛdɛm ne nkekaeɛ nni onipa no ho anaa ade korɔ no ho. Na sɛ efĩ aba onipa no ho anaa adeɛ no ho a, ɔbɛhwɛ ama ne ho ate anaa ade korɔ no ho ate. Afei nso ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɛbɛtumi asɛe onipa no abrabɔ anaa biribiara a ɛbɛtumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam no, ɔbɛtwe ne ho afiri ho. Berɛ a Mose Mmara no yɛ adwuma no, sɛ wɔka ahoteɛ a, deɛ na ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛdwira biribi ho anaa wɔbɛdwira obi ho ama ne ho ate wɔ Onyankopɔn ani so.—Le 10:10; Dw 51:7; Mt 8:2; 1Ko 6:11.

  • Ahyɛnsodeɛ.

    Ɛyɛ adeɛ bi a wɔde tim biribi so (ne titire no dɔteɛ anaa ɛwoɔkyɛm) de kyerɛ ade korɔ no wura. Wɔsan de tim biribi so de kyerɛ sɛ ade korɔ no di mu. Wɔtumi nso de tim biribi so de kyerɛ sɛ wɔayɛ apam. Tete ahyɛnsodeɛ no, na ɛyɛ biribi a wɔtwerɛ anaa mfoni a wɔyɛ gu nneɛma a ɛyɛ den (te sɛ aboɔ, asonse, anaa dua) so. Ná wɔdane ntwerɛeɛ anaa mfoni no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde tim so a, ɛbɛba yie. Sɛ wɔka sɛ wɔde ahyɛnsodeɛ atim biribi so a, ɛkyerɛ sɛ saa adeɛ no di mu, anaa ɛyɛ obi dea, anaa wɔde asie anaa wɔde ahinta.—Ex 28:11; Ne 9:38; Adi 5:1; 9:4.

  • Ahyɛnsodeɛ kawa.

    Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ bi a na wɔde hyɛ nsateaa. Ɛtɔ da nso a, na wɔde sã ahoma so de to wɔn kɔn mu. Ná ɔhene anaa otumfoɔ ahyɛnsodeɛ kawa kyerɛ tumi a ɔwɔ. (Ge 41:42)—Hwɛ AHYƐNSODEƐ.

  • Ahyiaeɛ ntomadan.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Mose ntomadan no ne ɔsom ntomadan kronkron a wɔsii no ɛserɛ so no.—Ex 33:7; 39:32.

  • Akaia.

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, na ɛyɛ Romafoɔ mantam a ɛwɔ Greece anaafoɔ fam. Ná n’ahenkuro ne Korinto. Peloponnese hɔ nyinaa ne Greece mfimfini na ɛka bom yɛ Akaia. (Aso 18:12)—Hwɛ Nkh. B13.

  • Akotaadeɛ.

    Ɛyɛ ataadeɛ a asraafoɔ hyɛ de bɔ wɔn ho ban kɔ ɛko. Nneɛma a ɛka bom yɛ akotaadeɛ no ne dadeɛ kyɛ, dadeɛ ataadeɛ, abɔsoɔ anaa bɛlt, dadeɛ a asraafoɔ de kata wɔn nan anim, ne ɛkyɛm.—1Sa 31:9; Efe 6:13-17.

  • Akɔnkyene.

    Deɛ ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛtwe ne ho afiri aduane biara ho berɛ tiaa bi. Ná Israelfoɔ no yɛ akɔnkyene Mpata Da no, mmerɛ a wɔwɔ ahokyerɛ mu, ne berɛ a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Ná Yudafoɔ no wɔ akɔnkyene nnan bi a wɔyɛ no afe biara de kae amanehunu bi a ɛtotoo wɔn. Mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ Kristofoɔ yɛ akɔnkyene.—Esr 8:21; Yes 58:6; Lu 18:12.

  • Alabasta.

    Ɛyɛ ntoa nketenkete bi a wɔde ngo hwamhwam gu mu. Kane no, aboɔ bi a ɛwɔ Alabastron mpɔtamu wɔ Egypt na na wɔde yɛ. Ná wɔtaa yɛ saa ntoa no kɔn nteanteaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi atua ano yie na ngo hwamhwam a ɛsom bo no annwunu angu. Akyire yi, wɔbɛfrɛɛ ɛboɔ a wɔde yɛ ntoa no nso alabasta.—Mr 14:3.

  • Alamot.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwontoɔ mu. Ɛkyerɛ “Mmaabunu” anaa “Mmabaawa.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nne a ɛwɔ soro a mmabaawa de to dwom. Ɛbɛtumi aba sɛ, sɛ wɔde Alamot yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ wɔnto nnwom no anaa wɔmmɔ ɛho sankuo mma nnyegyeeɛ no nkɔ soro.—1Be 15:20; Dw 46:Atf.

  • Alfa ne Omega.

    Greek ntwerɛdeɛ no, Alfa na ɛdi kan, ɛnna Omega twa toɔ. Alfa ne Omega pue mprɛnsa wɔ Adiyisɛm nwoma no mu; wɔde yɛ adwuma wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn abodin. Mprɛnsa no nyinaa, Alfa ne Omega kyerɛ “odikanfoɔ ne okyikafoɔ” anaa “mfitiaseɛ ne awieeɛ.”—Adi 1:8; 21:6; 22:13.

  • Amen.

    Ɛkyerɛ “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ amen no, ɛfiri Hebri asɛmfua ʼa·manʹ mu, na ɛkyerɛ sɛ “obi bɛyɛ nokwafoɔ, anaasɛ ɔbɛyɛ obi a yɛbɛtumi agye no adi.” Ná nkurɔfoɔ ka “amen” de kyerɛ sɛ wɔpene ntam, mpaebɔ, anaa asɛm a obi aka so. Adiyisɛm nwoma no mu no, amen yɛ abodin a wɔde frɛ Yesu.—De 27:26; 1Be 16:36; Adi 3:14.

  • Amena a wɔkyĩ nsã wom.

    Mprɛ pii no, na ɛyɛ amena mmienu a wɔatu no akaadoo abotan mu. Amena baako wɔ soro, ɛnna baako nso wɔ fam, ɛnna wɔatu tokuro firi ɛsoro deɛ no mu abɛpue aseɛ deɛ no mu. Ná wɔde bobe gu ɛsoro deɛ no mu, na afei wɔawɔ ama emu nsuo no atene abɛgu amena a ɛwɔ fam no mu. Wɔka amena a wɔkyĩ nsã wom a, wɔtumi de kyerɛ Onyankopɔn atemmuo nso.—Yes 5:2; Adi 19:15.

  • Amena donkodonko.

    Ɛfiri Greek asɛmfua aʹbys·sos mu, na ɛkyerɛ “deɛ emu dɔ paa” anaa “deɛ ɛboro adwene ne nteaseɛ so; deɛ ɛnni hyeɛ.” Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, ɛkyerɛ baabi a wɔaka obi ahyɛ anaa tebea a obi kɔ mu a ɛte sɛ deɛ wɔaka no ahyɛ baabi. Asɛmfua no tumi kyerɛ adamena, na ɛtumi kyerɛ nneɛma foforɔ nso.—Lu 8:31; Ro 10:7; Adi 20:3.

  • Anwanwadeɛ; Anwanwadwuma.

    Ɛyɛ nneɛma a obi yɛ anaa nneɛma bi a ɛsisi a ɛboro nnipa tumi biara so. Tumi a wɔde yɛ saa nneɛma no firi tumi a ɛkyɛn nnipa tumi koraa. Ɛtɔ da a, Bible de nsɛmfua foforɔ gyina hɔ ma “anwanwadeɛ” anaa “anwanwadwuma.” Ebi ne, “nsɛnkyerɛnne,” “ahoɔdenneɛ,” ne “ahoɔden nnwuma.”—Ex 4:21; Aso 4:22; Heb 2:4; 2Ko 12:12.

  • Apam.

    Ɛyɛ nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn ne nnipa yɛ, anaa onipa ne ne yɔnko nipa yɛ, sɛ wɔbɛyɛ biribi anaasɛ wɔrenyɛ biribi. Wɔn a wɔyɛ apam no, ɛtɔ da a, baako pɛ na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de di apam no so (ɛno na wɔfrɛ no baakofoɔ apam; wohwɛ mu a, ɛyɛ bɔhyɛ). Ɛtɔ da nso a, ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa yɛ biribi de di apam no so (ɛno na wɔfrɛ no baanu ntam apam). Apam a Onyankopɔn ne nnipa yɛeɛ no da nkyɛn a, Bible ka apam a obi ne obi yɛ, mmusuakuo ntam apam, aman ntam apam, ne nnipakuo ntam apam nso ho asɛm. Apam a nnipa pii nya so mfasoɔ no, ebi ne deɛ Onyankopɔn ne Abraham yɛeɛ, deɛ Onyankopɔn ne Dawid yɛeɛ, deɛ Onyankopɔn ne Israel man no yɛeɛ (Mmara apam), ne deɛ Onyankopɔn ne Onyankopɔn Israel yɛeɛ (apam foforɔ) no.—Ge 9:11; 15:18; 21:27; Ex 24:7; 2Be 21:7.

  • Apam adaka.

    Ɛyɛ adaka a na wɔde ɔkanto dua ayɛ a wɔde sika kɔkɔɔ adura ho. Wɔde sii ɔsom ntomadan no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na akyire yi, wɔde kɔsii asɔrefie a Solomon siiɛ no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ná ɛwɔ mmuasoɔ a wɔde sika kɔkɔɔ nko ara na ayɛ, na na Kerubim mmienu a wɔdi nhwɛanimu sisi so. Abopono mmienu a na wɔatwerɛ Mmara Nsɛm Du no wɔ so no, ɛno ne ade titire a na ɛwɔ apam adaka no mu. (De 31:26; 1Ah 6:19; Heb 9:4)—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Apata Afahyɛ.

    Wɔsan frɛ no Asese Afahyɛ, anaa Anoboaboa Afahyɛ. Ná wɔdi no bosome Etanim da a ɛtɔ so 15 kɔsi da a ɛtɔ so 21. Sɛ Israelfoɔ kuayɛ afe no ba awieeɛ na wɔtwa wɔn nnɔbaeɛ a ɛnna na wɔdi saa afahyɛ no. Ná ɛyɛ anigyeɛ berɛ, na na wɔda Yehowa ase sɛ wahyira wɔn nnɔbaeɛ so. Sɛ Israelfoɔ no redi afahyɛ no a, na wɔtenatena apata ase anaa asese mu. Ná wɔyɛ de kae deɛ ɛkɔɔ so berɛ a na wɔrefiri Egypt no. Afahyɛ mmiɛnsa a na ɛsɛ sɛ mmarima kɔ Yerusalem kɔdi no, na Apata Afahyɛ no ka ho.—Le 23:34; Esr 3:4.

  • Aram; Aramfoɔ.

    Aramfoɔ yɛ Sem babarima Aram asefoɔ. Baabi a wɔtenaa paa ne Lebanon Mmepɔ no so kɔsi Mesopotamia, ne Taurus Mmepɔ a ɛwɔ atifi fam no so kɔsi Damasko na ɛtra Damasko wɔ anaafoɔ fam. Hebri mu no, wɔfrɛ saa mpɔtamu hɔ Aram. Akyire yi, wɔfrɛɛ hɔ Siria, na wɔfrɛɛ wɔn a wɔtete hɔ no Siriafoɔ.—Ge 25:20; De 26:5; Ho 12:12.

  • Aram kasa.

    Ɛyɛ Sem asefoɔ kasa. Ɛne Hebri kasa sɛ paa. Kasa mmienu no nyinaa ntwerɛdeɛ yɛ baako. Kane no, Aramfoɔ na na ɛka saa kasa no, nanso akyire yi ɛbɛyɛɛ kasa a wɔde di dwa ne kasa a wɔde di nkitaho wɔ Asiria ahemman no ne Babilon ahemman no mu. Ɛno ara nso ne kasa a na wɔde twerɛ nkrataa ne ade wɔ Persia Ahemman no mu. (Esr 4:7) Wɔtwerɛɛ Esra, Yeremia, ne Daniel nwoma no afã bi wɔ Aram kasa mu.—Esr 4:8–6:18; 7:12-26; Yer 10:11; Da 2:4b–7:28.

  • Areopago.

    Ɛyɛ bepɔ bi a ɛwɔ Atene. Ɛwɔ ɛdan kɛseɛ bi a ɛsi bepɔ so wɔ Atene a wɔfrɛ no Acropolis no atifi fam atɔeɛ. Badwa a na ɛhyia wɔ Areopago anaa asɛnnibea a na ɛwɔ hɔ no nso, na wɔfrɛ no Areopago. Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi de Paul kɔɔ Areopago hɔ maa no kɔkyerɛkyerɛɛ ne gyidie mu.—Aso 17:19.

  • Armagedon.

    Ɛfiri Hebri asɛm Har Meghid·dohnʹ mu. Ɛkyerɛ “Megido Bepɔ.” Wɔka “Armagedon” ho asɛm de bata “adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ no mu ko” no ho. Ɛyɛ berɛ a “asaase nyinaa so ahemfo” bɛboaboa wɔn ano ne Yehowa akɔko. (Adi 16:14, 16; 19:11-21)—Hwɛ AHOHIAHIA KƐSEƐ.

  • Asadeɛ; Nneɛma a wɔnya wɔ ɛko mu.

    Ɛyɛ nneɛma te sɛ ntaadeɛ, mmoa, ne nneɛma foforɔ a ɛsom bo a nkurɔfoɔ fom berɛ a wɔadi wɔn atamfo so nkonim.—Yos 7:21; 22:8; Heb 7:4.

  • Asafo.

    Ɛyɛ nnipakuo bi a wɔahyiam reyɛ biribi, anaa wɔahyiam reyɛ adwuma pɔtee bi. Hebri Twerɛnsɛm no mu no, wɔka asafo a, ɛtaa kyerɛ Israelfoɔ. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, wɔka asafo a, ɛkyerɛ Kristofoɔ asafo mmaako mmaako, nanso mprɛ pii no, ɛgyina hɔ ma Kristofoɔ asafo no nyinaa.—1Ah 8:5, 22; Aso 9:31; Ro 16:5.

  • Asafo mu asomfoɔ.

    Ɛfiri Greek asɛmfua di·aʹko·nos mu, na wɔtaa kyerɛ aseɛ “ɔsomfoɔ” anaa “akoa.” “Asafo mu somfoɔ” yɛ obi a ɔboa mpanimfoɔ kuo no wɔ asafo no mu. Deɛ Bible ka sɛ wɔnnyina so nyi asafo mu asomfoɔ no, ɛsɛ sɛ obi tumi yɛ saa nneɛma no ansa na wɔde saa ɔsom hokwan no ama no.—1Ti 3:8-10, 12.

  • Asasel.

    Ɛyɛ Hebri din, na ɛbɛtumi akyerɛ “Apɔnkye a Wɔnhunu N’akyiri Akwan Bio.” Ɛduru Mpata Da no a, na wɔgyaa apɔnkye a wɔayi no sɛ Asasel apɔnkye no ma no kɔ serɛ so. Wɔgyaa apɔnkye no saa a, deɛ ɛkyerɛ ne sɛ, wasoa bɔne a ɔman no yɛɛ no afe a ɛtwaam no kɔ.—Le 16:8, 10.

  • Aseda afɔreɛ.

    Ɛyɛ asomdwoeɛ afɔreɛ a na wɔbɔ de da Onyankopɔn ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama wɔn ne ne dɔ a ɛnni hwammɔ no ho. Ná wɔwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔreɛ no, na na wɔdi paanoo a mmɔka wom ne deɛ mmɔka nnim nso. Ná ɛsɛ sɛ wɔwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔreɛ no saa da no ara.—2Be 29:31.

  • Aselgeia.—

    Hwɛ AHOHWIBRA.

  • Asɛmpa no.

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm mu no, ɛyɛ asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho. Bio nso ɛyɛ asɛmpa a ɛne sɛ, sɛ yɛnya Yesu Kristo mu gyidie a, yɛbɛnya nkwa.—Lu 4:18, 43; Aso 5:42; Adi 14:6.

  • Asɛndua.

    Wɔkyerɛ Greek asɛmfua stau·rosʹ ase asɛndua, na ɛkyerɛ dua a wɔde asi ntenten te sɛ deɛ wɔkum Yesu wɔ so no. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Greek asɛmfua no kyerɛ krɔɔs anaa mmeamudua te sɛ deɛ abosonsomfoɔ de yɛɛ wɔn som ahyɛnsodeɛ mfeɛ bebree ansa na Kristo reba no. Greek asɛmfua stau·rosʹ no, asɛmfua “asɛndua” paa na ɛkyerɛkyerɛ mu yie, ɛfiri sɛ Bible ka stau·rosʹ de kyerɛ ayayadeɛ, amanehunu, ne animguaseɛ a Yesu akyidifoɔ bɛfa mu no nso. (Mt 16:24; Heb 12:2)—Hwɛ DUA.

  • Asɛnnifoɔ; Ɔman mpanimfoɔ.

    Berɛ a Babilon di tumi no, na asɛnnifoɔ yɛ aban mpanimfoɔ a wɔwɔ amantam ahodoɔ no mu. Ná wɔnim mmara, na na wɔama wɔn tumi sɛ wɔnni nsɛm bi. Amantam a na ɛhyɛ Romafoɔ ase no, na asɛnnifoɔ anaa ɔman mpanimfoɔ no na wɔyɛ aban no ananmusifoɔ wɔ hɔ. Nnwuma a na wɔyɛ no bi ne sɛ, na wɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ, wɔhwɛ sika so, wɔbu wɔn a wɔto mmara no atɛn, na na wɔhwɛ ma wɔtwe nkurɔfoɔ aso.—Da 3:2; Aso 16:20.

  • Asia.

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, na ɛyɛ Romafoɔ mantam. Baabi a ɛnnɛ ɛyɛ Turkey atɔeɛ fam ne nsuano aman bi te sɛ Samo ne Patmo no, na ne nyinaa ka saa mantam no ho. Ná n’ahenkuro ne Efeso. (Aso 20:16; Adi 1:4)—Hwɛ Nkh. B13.

  • Asomdwoeɛ afɔreɛ.

    Ɛyɛ afɔreɛ a na obi bɔ de hwehwɛ asomdwoeɛ wɔ ɔne Yehowa ntam. Deɛ ɔrekɔbɔ afɔreɛ no, ne fiefoɔ, ɔsɔfoɔ a ɔbɛbɔ afɔreɛ no, ne asɔfoɔ a aduru wɔn so sɛ wɔsom saa berɛ no nyinaa, na wɔdi bi. Sɛ wɔhye sradeɛ no a, wisie hwamhwam a ɛfiri mu ba no, sɛ yɛbɛka a, ɛno na na ɛyɛ Yehowa kyɛfa. Mogya a ɛgyina hɔ ma nkwa no, na wɔde ɛno nso ma Yehowa. Ná ɛte sɛ deɛ asɔfoɔ no ne wɔn a wɔrekɔbɔ afɔreɛ no ne Yehowa nyinaa ato nsa redidi, na na ɛno kyerɛ sɛ asomdwoeɛ wɔ wɔn ntam.—Le 7:29, 32; De 27:7.

  • Asɔrefie.

    Ɛyɛ ɛdan a wɔsi sii Yerusalem. Ɛbɛsii ɔsom ntomadan a na wɔtumi tutu no anan. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔsom. Solomon na ɔsii asɔrefie a ɛdi kan no, nanso Babilonfoɔ sɛee saa asɔrefie no. Serubabel na ɔsii asɔrefie a ɛtɔ so mmienu no. Ɔsii no berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon nkoasom mu baeɛ no. Ɛnna akyire yi, Herode Ɔkɛseɛ no sii asɔrefie a ɛtɔ so mmienu no bio. Bible taa frɛ asɔrefie no ‘Yehowa fie.’ (Esr 1:3; 6:14, 15; 1Be 29:1; 2Be 2:4; Mt 24:1)—Hwɛ. B8 ne B11.

  • Asɔrefie-So-Hyira Afahyɛ.

    Ɛyɛ da bi a na wɔde kae asɔrefie a wɔtee ho berɛ a Antiochus Epiphanes guu ho fĩ no. Ná wɔdi no afe biara. Ná wɔhyɛ afahyɛ no ase bosome Kislew da a ɛtɔ so 25, na na wɔdi no nnafua nwɔtwe.—Yoh 10:22.

  • Astoret.

    Ɔyɛ ɛko nyamebaa a Kaananfoɔ som no. Ɔsan nso yɛ wɔn nyamebaa a ɔma awoɔ; ɔyɛ Baal yere.—1Sa 7:3.

  • Asubɔ; Bɔ asu.

    Wɔka sɛ “bɔ asu” a, ɛkyerɛ “fa nu nsuo mu,” anaa fa hyɛ nsuo ase. Yesu kaa sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔdi n’akyi a, gye sɛ ɔbɔ asu. Twerɛnsɛm no ka Yohane asubɔ nso ho asɛm. Ɛsan nso ka honhom kronkron asubɔ, egya asubɔ, ne asubɔ afoforɔ ho asɛm.—Mt 3:11, 16; 28:19; Yoh 3:23; 1Pe 3:21.

  • Asumansɛm.

    Ɛyɛ ahonhommɔne tumi a obi de yɛ adwuma.—Yes 47:12.

  • Ataaboɔ.

    Ɛyɛ adeɛ bi a wɔde aboa nwoma a wɔatwa no teaa ayɛ. Wɔtumi nso nwene aboa ntini, ɛserɛ atenten, anaa nwi de yɛ. Mfimfini no trɛ, na ɛhɔ na wɔde adeɛ a wɔpɛ sɛ wɔto no hyɛ. Ɛboɔ na wɔtaa de hyem to. Wode ne fã baako kyekyere wo nsa anaa w’abakɔn a, na wode wo nsa asɔ ɛfã a aka no. Afei wohim no ara a, na woagyaa mu ama boɔ anaa adeɛ a ɛhyɛ mu no afiri mu kɔ. Tete no, na aman de wɔn a wɔto ataaboɔ ka wɔn asraafoɔ ho.—Ate 20:16; 1Sa 17:50.

  • Atemmu Da.

    Ɛyɛ ɛda pɔtee, anaa berɛ pɔtee a Onyankopɔn ma nnipa bi, aman bi, anaa adasamma nyinaa bu akonta. Ɛtumi yɛ berɛ a wɔkunkum wɔn a wɔbu wɔn atɛn sɛ wɔfata owuo no, na ɛtumi nso yɛ atemmuo a ɛma wɔgye ebinom ma wɔnya daa nkwa. Yesu Kristo ne n’asomafoɔ no kaa sɛ, “Atemmu Da” bi bɛba daakye. Saa atemmu da no fa ateasefoɔ ne wɔn a wɔawuwu dadaada no nyinaa ho.—Mt 12:36.

  • Atemmufoɔ.

    Wɔyɛ mmarima a Yehowa nam wɔn so gyee ne nkurɔfoɔ ansa na nnipa refiri aseɛ adi hene wɔ Israel.—Ate 2:16.

  • Atemmuo adwa.

    Ɛtaa yɛ bamma bi a ɛwɔ abɔnten a aban mpanimfoɔ tena so de nsɛm to ɔmanfoɔ anim. Ɛhɔ ara nso na na wɔtaa tena de gyinaeɛ a wɔasi to dwa. Ɛsiane sɛ na atemmuo adwa no wɔ soro nti, na wɔforo stɛps na ɛkɔ hɔ. Bible ka “Onyankopɔn atemmuo adwa” ne “Kristo atemmuo adwa” a, ɛkyerɛ nhyehyɛeɛ a Yehowa ayɛ a ɔde bɛbu nnipa atɛn.—Ro 14:10; 2Ko 5:10; Yoh 19:13.

  • Atifi asɛm.

    Ɛyɛ asɛm bi a ɛwɔ Nnwom nwoma no ti no bi atifi. Ɛkyerɛ onipa a ɔtwerɛɛ saa dwom no, deɛ ɛyɛeɛ a ɔtwerɛeɛ, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔto no, deɛ wɔde saa dwom no yɛ, ne deɛ enti a wɔtwerɛeɛ.—Hwɛ Nnwom 3, 4, 5, 6, 7, 30, 38, 60, 92, ne 102 atifi nsɛm no.

  • Awaresɛeɛ.

    Deɛ ɛkyerɛ ne sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a waware bɛpene so ama obi a ɔnyɛ ne yere anaa ne kunu ne no ada.—Ex 20:14; Mt 5:27; 19:9.

  • Awerɛhoɔ.

    Ɛyɛ ɛyea a obi di berɛ a ne biribi awuo anaa asɛm ato no. Berɛ a wɔretwerɛ Bible no, na nkurɔfoɔ taa di awerɛhoɔ kyɛ. Sɛ nkurɔfoɔ redi awerɛhoɔ anaa wɔregyam obi a, na wɔsu teateam, na wɔwɔ ntoma pɔtee a wɔfira, na wɔde nsõ gu wɔn tirim, na wɔsunsuan wɔn ntaadeɛ mu, na na wɔbobɔ wɔn koko. Ɛtɔ da a, na wɔhyɛ da frɛ nkurɔfoɔ a wɔnim su yie ma wɔba ayie ase.—Ge 23:2; Est 4:3; Adi 21:4.

  • Awerɛhoɔ dwom.

    Ɛyɛ anwensɛm anaa dwom a wɔahyehyɛ a emu nsɛm no yɛ awerɛho paa. Awerɛhoɔ no te sɛ awerɛhoɔ a obi di berɛ a n’adamfo anaa ne ho nipa bi awuo. Ɛyɛ kwadwom.—2Sa 1:17; Dw 7:Atf.

  • Awerɛhoɔ ntoma (atweaatam).

    Ɛyɛ ntoma bawee bi a wɔde yɛ kotokuo anaa bɔtɔ te sɛ deɛ wɔde aburoo gu mu no. Ná wɔtaa de apɔnkye nwi tuntum na ɛyɛ. Ɛno ne ntoma a na nkurɔfoɔ fira de di awerɛhoɔ.—Ge 37:34; Lu 10:13.

  • Awieeɛ mmerɛ.

    Bible nkɔmhyɛ mu no, wɔde “awieeɛ mmerɛ” ne nsɛm bi te sɛ “awieeɛ nna” yɛ adwuma de kyerɛ berɛ a nneɛma bi a ɛresisi bɛduru ne mpɔmpɔnsoɔ. (Hes 38:16; Da 10:14; Aso 2:17) Awieeɛ nna bɛtumi ayɛ mfeɛ kakraa bi anaa mfeɛ bebree; nkɔmhyɛ korɔ na ɛbɛkyerɛ. “Awieeɛ mmerɛ” a Bible ka ho asɛm paa ne wiase a yɛwom yi awieeɛ mmerɛ, kyerɛ sɛ, berɛ a Yesu redi tumi wɔ soro a yɛmfa yɛn ani nhu no no.—2Ti 3:1; Yak 5:3; 2Pe 3:3.

  • Awowa.

    Ɛyɛ obi agyapadeɛ a ɔde ama obi a wagye ne hɔ bosea. Ɔde di adanseɛ sɛ ɔbɛtua bosea no. Wɔsan nso frɛ no awowasideɛ. Mose Mmara no de awowasie ho akwankyerɛ mae sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ahiafoɔ ne mmɔborɔwafoɔ a ɛwɔ ɔman no mu ho ban.—Ex 22:26; Hes 18:7.

  • Awɔnwono.

    Ɛyɛ afifideɛ ahodoɔ bi a ɛyɛ nwono paa, na ɛwɔ pampan. Nsunsuansoɔ bɔne a adwamammɔ, nkoasom, ntɛnkyea, ne ɔwaeɛ de ba no, Bible de toto awɔnwono ho. “Awɔnwono” (anaa Greek, aʹpsin·thos) a Adiyisɛm 8:11 ka ho asɛm no, ɛyɛ awuduro bi a ɛyɛ nwono.—De 29:18; Mme 5:4; Yer 9:15; Am 5:7.

  • Awurade Anwummerɛ Aduane.

    Ɛyɛ aduane ankasa. Ɛyɛ paanoo a mmɔka nnim ne bobesa. Paanoo a mmɔka nnim no gyina hɔ ma Kristo nipadua, ɛnna bobesa no gyina hɔ ma ne mogya. Wɔde kae Yesu wuo. Ɛsiane sɛ Bible ka sɛ Kristofoɔ nhyɛ ho fã mfa nkae nti, ɛyɛ ne kwan so sɛ wɔsan frɛ no “Nkaedie.”—1Ko 11:20, 23-26.

  • Ayuporo; Ayuporobea.

    Ayuporo yɛ kwan a wɔfa so poro ayuo, baali, hwiit, ne ade firi ne nnua so na wɔhu so ma ntɛtɛ no firi ho. Baabi a wɔyɛ saa adwuma no, wɔfrɛ hɔ ayuporobea. Ná wɔde abaa na ɛporo saa nnɔbaeɛ no, nanso sɛ ɛdɔɔso a, ɛnneɛ afidie a mmoa twe na na wɔde poro. Ná wɔde afidie no fa hwiit a wɔatrɛtrɛ mu no so. Ná wɔtrɛtrɛ hwiit no mu gu ayuporobea hɔ. Ayuporobea no, na ɛhɔ atwa kanko. Ná ɛtaa yɛ baabi a ɛwɔ soro, na na mframa bɔ fa hɔ hoohoo.—Le 26:5; Yes 41:15; Mt 3:12.

B

  • Baal.

    Ɔyɛ Kaananfoɔ nyame bi a na wɔkyerɛ sɛ ɔno ne ewiem wura, ɔno na ɔma nsuo tɔ, na ɔno na ɔma awoɔ. Wɔn anyame nketewa nso, na wɔfrɛ wɔn “Baal.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “Baal” no kyerɛ “Owura.”—1Ah 18:21; Ro 11:4.

  • Basafa.

    Wɔde susu biribi tenten. Ɛfiri abatwɛ kɔsi nsateaa tenten no ano na ɛyɛ basafa. Basafa a na Israelfoɔ taa de susu adeɛ no, na ne tenten bɛyɛ sɛntimita 44.5 (nsateakwaa 17.5). Ná wɔwɔ basafa kɛseɛ bi nso a wɔde susu adeɛ. Ɛno deɛ, na wɔsusu nsateaa ano nnan de ka basafa no ho. Ne tenten bɛyɛ sɛntimita 51.8 (nsateakwaa 20.4). (Ge 6:15; Lu 12:25)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Bat.

    Ɛyɛ susuhina bi a wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo. Saa ahina no, wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefoɔ nneɛma mu no ahunu asinasini bi, na wɔkyerɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo bɛyɛ lita 22 (anaa gal. 5.81) na na ɛkɔ bat biara mu. Nneɛma foforɔ a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ na wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo ne nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo no, na bat susudeɛ no na wɔde susu dodoɔ no ara. (1Ah 7:38; Hes 45:14)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Beelsebub.

    Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan a ɔyɛ ahonhommɔne hene anaa ahonhommɔne panin no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Baal a na Filistifoɔ som no wɔ Ekron no din Baal-Sebub na wɔdanee no yɛɛ no Beelsebub.—2Ah 1:3; Mt 12:24.

  • Bɛnnaa.

    Wɔsan frɛ no “mane” wɔ Hesekiel nwoma no mu. Ɛyɛ sɛdeɛ wɔsusu biribi mu duro anaa sɛdeɛ wɔbu adeɛ bi boɔ. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefoɔ nneɛma mu no ahunu nneɛma bi a ɛdi adanseɛ sɛ na bɛnnaa baako ne nnwetɛbena 50 yɛ pɛ, ɛnna dwetɛbena baako mu duro yɛ gram 11.4. Ɛno nti, Hebri Twerɛnsɛm no ka bɛnnaa a, emu duro yɛ gram 570. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔsan wɔ bɛnnaa a wɔde yɛ adwuma wɔ ahemfie, sɛdeɛ na basafa nso teɛ no. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, na bɛnnaa baako yɛ drakma 100. Ná emu duro yɛ gram 340. Mmɛnnaa 60 yɛ dwetikɛseɛ baako. (Esr 2:69; Lu 19:13)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Bosom dum.

    Ɛyɛ edum a na wɔde si ntenten. Ɛboɔ na na wɔtaa de yɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ no sɛ ɔbarima dua, na na wɔde gyina hɔ ma Baal anaa atorɔ anyame foforɔ.—Ex 23:24.

  • Bosome foforɔ.

    Ɛyɛ bosome biara da a ɛdi kan wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛduru saa da no a, na wɔhyiam, wɔto pono gye wɔn ani, na na wɔbɔ afɔreɛ atitire. Akyire yi, ɛda no bɛyɛɛ ɔman no afahyɛ da titire a na obiara nyɛ adwuma.—Nu 10:10; 2Be 8:13; Kol 2:16.

  • Bɔhyɛ.

    Ɛyɛ ɛbɔ bi a emu yɛ duru a obi hyɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ biribi, ɔbɛbɔ afɔreɛ ama no anaa ɔbɛkyɛ no adeɛ, anaa ɔbɛyɛ adwuma bi, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi a mmara nhyɛ da nkasa ntia ho. Emu yɛ duru te sɛ ntam pɛpɛɛpɛ.—Nu 6:2; Ɔsɛ 5:4; Mt 5:33.

  • Bɔhyɛ afɔreɛ.

    Ɛyɛ afɔreɛ a obi yi ne yam bɔ de ka ɛbɔ ahodoɔ bi a ɔrehyɛ ho.—Le 23:38; 1Sa 1:21.

  • Bɔne ho afɔreɛ.

    Sɛ obi ani nna ne ho so, na ɔyɛ bɔne ɛsiane bɔne a ɛwɔ yɛn ho no nti a, na ɔbɔ bɔne ho afɔreɛ. Wɔde mmoa ahodoɔ na na ɛbɔ saa afɔreɛ no, ɛfiri nantwie so kɔsi aborɔnoma so. Onipa a na wɔrebɔ ne bɔne ho afɔreɛ ama no no, ne diberɛ ne ne nsɛm tebea na ɛbɛkyerɛ aboa a ɔde bɛbɔ afɔreɛ no.—Le 4:27, 29; Heb 10:8.

  • Bul.

    Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri asɛmfua bi a ɛkyerɛ “nnɔbaeɛ” mu. Bul firi aseɛ October bosome no mpaemu kɔsi November bosome no mpaemu. (1Ah 6:38)—Hwɛ Nkh. B15.

D

  • Dagon.

    Ɔyɛ Filistifoɔ nyame. Yɛnnim saa asɛmfua no abɔseɛ anaa baabi a ɛfire, nanso nwomanimfoɔ bi kyerɛ sɛ ɛfiri Hebri asɛmfua dagh (anaa apataa) mu.—Ate 16:23; 1Sa 5:4.

  • Darik.

    Ɛyɛ Persiafoɔ sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Emu duro yɛ gram 8.4. (1Be 29:7)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dawid Ba.

    Ɛyɛ Yesu na wɔtaa frɛ no saa. Ɛno si so dua sɛ, Ahennie apam a wɔkaa sɛ obi a ɔfiri Dawid abusua mu na ahennie no bɛba abɛdi ne nsam no, Yesu ne saa onipa no.—Mt 12:23; 21:9.

  • Dawid Kuro.

    Ɛyɛ din a wɔde maa Yebus kuro no berɛ a Dawid ko faeɛ na ɔsii n’ahemfie wɔ hɔ no. Wɔsan nso frɛ no Sion. Ɛyɛ Yerusalem anaafoɔ fam apueeɛ, na ɛno nso ne Yerusalem kuro no fã a akyɛ paa.—2Sa 5:7; 1Be 11:4, 5.

  • Deɛ ɔka daakye asɛm.

    Ɛyɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi daakye. Bible kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdi saa dwuma yi bi ne akɔmfoɔ, wɔn a nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn abisa, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu ka deɛ ɛbɛsi, ne wɔn a ɛkeka ho.—Le 19:31; De 18:11; Aso 16:16.

  • Deɛ ɔnni nkoasom mu; Deɛ wɔayi no afiri nkoasom mu.

    Berɛ a na Romafoɔ di tumi no, na obi a “ɔnni nkoasom mu” yɛ obi a wɔwoo no no na ɔnhyɛ obiara ase. Ná ɔyɛ ɔman ba prɛko pɛ, na hokwan a ɔman ba wɔ nyinaa, na ɔwɔ bi. Nanso deɛ “wɔayi no afiri nkoasom mu” deɛ, na ɔyɛ akoa, ɛnna wanya ahofadie. Sɛ akoa bi wura fa mmara kwan so ma no nya ahofadie a, na ɔbɛyɛ Roma man ba, nanso na ɔrentumi nkura diberɛ biara wɔ ɔman no amammuo anaa amanyɔsɛm mu. Sɛ akoa bi wura ka kɛkɛ sɛ wama akoa no afa ne ho adi a, na akoa no nya ahofadie firi nkoasom mu, nanso hokwan a na ɔman ba wɔ no, ɛnyɛ ne nyinaa na na akoa no nya bi.—1Ko 7:22.

  • Deɛ ɔsɔre tia Kristo.

    Greek asɛmfua no wɔ nkyerɛaseɛ mmienu. Ɛkyerɛ obi a ɔkyiri Kristo, anaa obi a ɔko tia Kristo. Ɛbɛtumi nso akyerɛ obi a ɔdaadaa nkurɔfoɔ sɛ ɔyɛ Kristo, anaa obi a wayɛ ne ho sɛ Kristo. Nnipa ne ahyehyɛdeɛ anaa kuo biara a wɔdi atorɔ ka sɛ wɔgyina Kristo ananmu, anaa wɔka sɛ wɔyɛ Mesia no, anaa wɔko tia Kristo ne n’asuafoɔ no, sɛ yɛka sɛ wɔsɔre tia Kristo a, ɛyɛ ne kwan so.—1Yo 2:22.

  • Dekapoli.

    Ɛyɛ Greecefoɔ nkuro bi a na wɔaka wɔn ho abom. Kane no, na ɛyɛ nkuro du (Greek kasa mu no, asɛmfua deʹka kyerɛ “edu,” ɛnna poʹlis kyerɛ “kuro”). Ná nkuro no dodoɔ no ara wɔ Galilea Po no apueeɛ ne Asubɔnten Yordan apueeɛ, na na wɔfrɛ saa mantam no nso Dekapoli. Ɛhɔ paa na na Greecefoɔ amammerɛ ne wɔn adwadie gyina. Yesu kɔtwaa mu wɔ saa mantam no mu, nanso twerɛtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔɔ saa nkuro no bi mu. (Mt 4:25; Mr 5:20)—Hwɛ Nkh. A7 ne B10.

  • Demmire.

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛtaa wɔ nsuo ho. Demmire a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtaa yɛ deɛ wɔfrɛ no Arundo donax no. (Hio 8:11; Yes 42:3; Mt 27:29; Adi 11:1)—Hwɛ DEMMIRE A WƆDE SUSU ADEƐ.

  • Demmire a wɔde susu adeɛ.

    Demmire a wɔde susu adeɛ no, na ne tenten yɛ basafa nsia. Sɛ basafa a obiara nim no na wɔreka ho asɛm a, ɛnneɛ na demmire a wɔde susu adeɛ no tenten yɛ mita 2.67 (anm. 8.75). Sɛ basafa tenten na wɔreka ho asɛm deɛ a, ɛnneɛ na demmire a wɔde susu adeɛ no tenten yɛ mita 3.11 (anm. 10.2). (Hes 40:3, 5; Adi 11:1)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Denare.

    Ɛyɛ Romafoɔ sika a wɔde dwetɛ ayɛ. Ná emu duro bɛyɛ gram 3.85, na na Kaesare mfoni da so. Ná ɛyɛ ɔpaani da koro akatua, na ɛno ne “toɔ” a na Romafoɔ gye firi Yudani biara hɔ. (Mt 22:17; Lu 20:24)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dome.

    Ɛkyerɛ sɛ obi bɛhunahuna obi anaa ɔbɛfrɛ mmusuo anaa bɔne aba onipa bi so anaa biribi so. Sɛ obi hyɛ da ka sɛ bɔne nto obi anaasɛ mmusuo mmra onii no so anaa biribi so a, ɛkyerɛ sɛ wadome saa onipa no anaa ade korɔ no. Sɛ Onyankopɔn dome obi anaa ɔma obi dome obi a, ɛyɛ adwuma, na ɛba mu.—Ge 12:3; Nu 22:12; Ga 3:10.

  • Drakma.

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, drakma yɛ Greecefoɔ sika bi a wɔde dwetɛ ayɛ. Saa berɛ no, na emu duro yɛ gram 3.4. Hebri Twerɛnsɛm no nso ka drakma foforɔ bi ho asɛm. Ɛno deɛ, na wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ, na na wɔdi wɔ Persiafoɔ berɛ so. Ná ɛne darik nyinaa mu duro yɛ pɛ. (Ne 7:70; Mt 17:24)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dua.

    Ɛyɛ dua a na wɔde si ntenten anaa wɔde si hɔ na wɔde onipa fam ho. Aman bi mu no, na wɔsɛn nnipa wɔ dua so, na na wɔtumi nso de onipa a wɔaku no sɛn so ma obiara bɛhwɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ. Ná wɔtumi nso de obi sɛn dua so de gu n’anim ase wɔ badwam. Asiriafoɔ no sei, na wɔn tirim yɛ den paa, enti sɛ wɔko di ɔman bi so nkonim de wɔn yɛ nkoa a, na wɔde dua a ano yɛ feafea wura nkoa no ayaase ma no pue wɔn koko. Wɔwie a, na wɔama dua no so asi hɔ. Yudafoɔ mmara mu deɛ, sɛ obi ka abususɛm anaa ɔsom bosom anaa ɔyɛ bɔne kɛseɛ biara a ɛte saa a, na wɔdi kan si no aboɔ anaa wɔfa kwan foforɔ bi so ku no. Sɛ wɔwie a, na wɔde ne funu no asɛn dua so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ nkurɔfoɔ kɔkɔ na wɔanyɛ bi. (De 21:22, 23; 2Sa 21:6, 9) Romafoɔ deɛ, ɛtɔ da a, na wɔkyekyere nnipa fam dua ho. Ɛba saa a, na onii no di nna dodoɔ bi wɔ dua no so kɔsi sɛ yea, sukɔm, ɛkɔm, ne awia bɛku no. Ɛtɔ da nso a, onipa a wɔabu no kumfɔ no, na wɔde nnadewa bobɔ ne nsa ne ne nan fam dua no ho te sɛ deɛ wɔyɛɛ Yesu no. (Lu 24:20; Yoh 19:14-16; 20:25; Aso 2:23, 36)—Hwɛ ASƐNDUA.

  • Dua a wɔde obi bɔ mu.

    Ɛyɛ ntaaboɔ bi a wɔatutu mu ntokuro a wɔde nkurɔfoɔ hyɛ mu de twe wɔn aso. Ɛtɔ da a, onipa no nan nko ara na na wɔde hyɛ dua no mu. Ɛtɔ da nso a, wɔkuntunu onipa no mu, na ebia wɔde ne nan, ne nsa, ne ne kɔn nyinaa ahyɛ dua no mu.—Yer 20:2; Aso 16:24.

  • Dwankɔbea nkuro.

    Ɛyɛ Lewifoɔ nkuro a sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a, ɔdwane kɔ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a onipa a waku no no busuani rennya no nku no bi. Ná nkuro no dodoɔ yɛ nsia, na na ebi wɔ Bɔhyɛ Asaase no so baabiara. Yehowa maa Mose yii dwankɔbea nkuro no bi, na akyire yi, ɔmaa Yosua nso yii bi kaa ho. Sɛ obi dwane kɔduru dwankɔbea kuro bi mu a, na ɔka n’asɛm kyerɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro no pono ano no, na na wɔn nso wɔgye no kama. Deɛ ɛbɛyɛ na nkurɔfoɔ nhyɛ da nkum nnipa na wɔnnwane nkɔhyɛ dwankɔbea nkuro no mu mfa wɔn ho nni nti, sɛ obi kɔbɔ ne ho adwaa wɔ dwankɔbea kuro bi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ kuro a awudie no kɔɔ so wom no mu ma wɔdi n’asɛm hwɛ sɛ ɔdi bem anaa ɔdi fɔ. Sɛ ɔdi bem a, na wɔsan de no kɔ dwankɔbea kuro no mu. Ná ɛnsɛ sɛ ɔtra kuro no hyeɛ kɔsi sɛ ɔno anaa ɔsɔfo panin no bɛwuo.—Nu 35:6, 11-15, 22-29; Yos 20:2-8.

  • Dwetɛbena.

    Adeɛ a Hebrifoɔ gyina so hunu biribi mu duro anaa biribi boɔ no, ketewa a ɛwom paa ne dwetɛbena. Ná dwetɛbena baako mu duro yɛ gram 11.4. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde asɛm, “sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no” yɛ adwuma de kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ adeɛ a wɔresusu no mu duro yɛ pɛpɛɛpɛ anaasɛ ɛsɛ sɛ ɛne nkariboɔ bi a wɔde susu adeɛ wɔ ɔsom ntomadan no mu no yɛ pɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔwɔ dwetɛbena a wɔde yɛ adwuma wɔ ahemfie (ɛnte sɛ dwetɛbena a obiara nim no). Ɛbɛtumi nso aba sɛ na wɔwɔ sɛdeɛ wɔsusu dwetɛbena mu duro wɔ ahemfie.—Ex 30:13.

  • Dwetikɛseɛ.

    Adeɛ a Hebrifoɔ gyina so hunu biribi mu duro anaa biribi boɔ no, kɛseɛ a ɛwom paa ne dwetikɛseɛ. Ná dwetikɛseɛ baako mu duro yɛ kilogram 34.2. Greecefoɔ dwetikɛseɛ no deɛ, na emu nyɛ duru saa. Ná emu duro bɛyɛ kilogram 20.4. (1Be 22:14; Mt 18:24)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.

    Ɛyɛ Dwom 120 kɔsi 134 atifi nsɛm. Obiara ne sɛdeɛ ɔte saa asɛm no ase, nanso nnipa pii gye di sɛ, sɛ Israelfoɔ no ‘reforo’ akɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda mmepɔ mu no akɔdi afahyɛ atitire mmiɛnsa no a na na wɔde anigyeɛ to saa nnwom mmaako mmaako 15 no.

  • Dwom kyerɛfoɔ.

    Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “dwom kyerɛfoɔ” wɔ Nnwom nwoma no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ obi a ɔhyehyɛ nnwom, ɔkyerɛ sɛdeɛ wɔnto no, na ɔhwɛ ma wɔsua nnwom no. Afei nso, na ɔdi animu mpo ma wɔto dwom wɔ dwumadie atitire ase. Bible bi kyerɛ saa asɛmfua no ase sɛ, “ɔdwontofoɔ panin.”—Dw 4:Atf; 5:Atf.

E

  • Edom.

    Ɛyɛ din foforɔ a wɔde frɛ Isak ba Esau. Esau (Edom) asefoɔ kɔtenaa Seir, kyerɛ sɛ, mmepɔ a ɛwɔ Ɛpo a Awuo no ne ‘Aqaba Faka no ntam. Wɔfrɛɛ hɔ Edom. (Ge 25:30; 36:8)—Hwɛ Nkh. B3 ne B4.

  • Edum.

    Ɛyɛ biribi a wɔhyɛ da yɛ de si ntenten de kura ɛdan mu, na ɛtɔ da nso a, ɛnkura ɛdan biara mu. Adum no bi wɔ hɔ a, na wɔde sisi hɔ de kae abakɔsɛm mu nneɛma bi. Wɔsisii adum wɔ asɔrefie hɔ ne adan foforɔ a Solomon sisiiɛ no mu. Abosonsomfoɔ nso sisii abosom adum de som wɔn abosom, na ɛtɔ da a, na Israelfoɔ no nso yɛ bi. (Ate 16:29; 1Ah 7:21; 14:23)—Hwɛ NTAASOƆ.

  • Efa.

    Nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo no, na wɔsusu no efa mu, na adeɛ a wɔde susu no nso, na wɔfrɛ no efa. Ɛno na na wɔde susu nneɛma bi te sɛ hwiit ne baali. Efa no kɛseɛ ne bat a wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo no kɛseɛ yɛ pɛ, enti lita 22 (anaa gal. 5.81) na na ɛkɔ mu. (Ex 16:36; Hes 45:10)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Efɔd.

    Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Ná ɔsɔfo panin no hyɛ efɔd soronko bi. Saa efɔd no, na wɔayɛ nkataboɔ wɔ animu, na na aboɔden aboɔ 12 tetare so. (Ex 28:4, 6)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Efraim.

    Ɛyɛ Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no din. Akyire yi, wɔfrɛɛ Israel abusuakuo baako Efraim. Berɛ a Israel mu kyɛeɛ no, wɔfrɛɛ mmusuakuo du ahemman no nyinaa Efraim, ɛfiri sɛ ɛno ne abusuakuo a na ɛdi mu akoten paa.—Ge 41:52; Yer 7:15.

  • Elul.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon nkoasom mu baeɛ no, Elul na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nsia wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so 12 wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ August bosome no mpaemu kɔsi September bosome no mpaemu. (Ne 6:15)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Epikurofoɔ nyansapɛfoɔ.

    Wɔyɛ nkurɔfoɔ bi a na wɔdi Greek nyansapɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Epikuro (a ɔtenaa ase afe 341 kɔsi afe 270 A.Y.B.) akyi. Ná wɔn adwene ara ne sɛ, deɛ ɛhia sɛ onipa hwehwɛ wɔ wiase ara ne anigyeɛ.—Aso 17:18.

  • Esie.

    Hebri kasa mu no, wɔka no “Milo.” Asɛm a ɛfiri mu no, ɛkyerɛ “hyɛ no ma.” Septuagint no kyerɛ aseɛ “abankɛseɛ.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Dawid Kuro no ho biribi a Onyankopɔn bɔɔ no saa anaa biribi a nnipa yɛeɛ. Yɛnhyɛ da nnim ade korɔ pɔtee anaa n’adeban.—2Sa 5:9; 1Ah 11:27.

  • Etanim.

    Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛdi kan wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ September bosome no mpaemu kɔsi October bosome no mpaemu. Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, wɔfrɛɛ saa bosome no Tisri. (1Ah 8:2)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Etiopia.

    Ɛyɛ tete man bi a na ɛda Egypt anaafoɔ fam. Ná tete Etiopia man no kɔfa Egypt a ɛwɔ hɔ nnɛ yi anaafoɔ fam nohoa, na na ɛsan kɔfa Sudan a ɛwɔ hɔ nnɛ yi. Ɛtɔ da a, wɔde Etiopia gyina hɔ ma ɔman a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ “Kus” no.—Est 1:1.

  • Eufrate.

    Ɛno ne asubɔnten a ɛware paa a na nkurɔfoɔ nya so mfasoɔ paa wɔ Asia anaafoɔ fam atɔeɛ. Ɛyɛ nsubɔnten akɛseɛ mmienu a ɛwɔ Mesopotamia no baako. Wɔdii kan bɔɔ Eufrate din wɔ Genesis 2:14 sɛ ɛyɛ Eden nsubɔnten nnan no baako. Wɔtaa frɛ no “Asubɔnten no.” (Ge 31:21) Asaase a wɔde maa Israel no, Eufrate asubɔnten no na na ɛyɛ ne hyeɛ wɔ atifi fam. (Ge 15:18; Adi 16:12)—Hwɛ Nkh. B2.

Ɛ

  • Ɛbɛ.

    Ɛyɛ nyansakasa anaa asɛm tiawa bi a wɔanwene a aba wom. Ɛsan nso yɛ nsɛm kakraa bi a obi ka de kyerɛ nokwasɛm bi a obiara ntumi nnye ho akyinnyeɛ. Bible mu bɛ no bi yɛ aborɔme anaa nsɛm a ɛkyere adwene. Ɛbɛ no bi yɛ kasakoa a ɛkyerɛ yɛn nsɛm bi a obiara ntumi nnye ho akyinnyeɛ. Ɛbɛ no bi nso wɔ hɔ a, ɛduruu berɛ bi no, na wɔbu de di ebinom ho fɛ anaa wɔde bu wɔn animtia.—Ɔsɛ 12:9; 2Pe 2:22.

  • Ɛboɔ a wɔde yam adeɛ; Ɛboɔ a wɔyam so adeɛ (Owiyammoɔ).

    Ɛyɛ ɛboɔ tratra kurukuruwa bi a na wɔde to ɛboɔ bi a ɛte sɛ ɛno ara so. Ná wɔde yam hwiit, baali, atokoɔ, ne ade. Ná wɔde biribi a ɛte sɛ dua hyɛ ɛboɔ a ɛwɔ aseɛ no mfimfini sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔde ɛboɔ a ɛwɔ soro no to aseɛ deɛ no so a, ɛsoro deɛ no bɛtumi atwa ne ho. Berɛ a wɔretwerɛ Bible no, na ɛboɔ a mmaa yam so adeɛ wɔ afie pii mu. Ná abusua biara hia ɛboɔ a wɔde yam adeɛ na ama wɔn nsa akɔ wɔn ano anaa wɔanya aduane adi. Enti Mose Mmara no kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ obiara gye ɛboɔ a wɔyam so adeɛ anaa ɛboɔ a wɔde yam adeɛ firi ne yɔnko hɔ de si awowa. Aboɔ a wɔde yam adeɛ no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ akɛseɛ. Ɛno nti, mmoa na na ɛtwe.—De 24:6; Mr 9:42.

  • Ɛhyɛ.

    Ɛyɛ nnua ne afifideɛ bi mu nsuo a akyenkyene. Saa nnua ne afifideɛ no ka Boswellia nnua abusua no ho. Sɛ wohye a, ɛyɛ hwam paa. Nneɛma a na wɔde fra yɛ aduhwam kronkron a wɔhye no wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ no, na ɛhyɛ ka ho. Ná wɔsan nso de ka aduane afɔreɛ ho. Paanoo a wɔde kyerɛ a na wɔhyehyɛ no wɔ Kronkronbea hɔ no, na wɔde ɛhyɛ to paanoo no biara so.—Ex 30:34-36; Le 2:1; 24:7; Mt 2:11.

  • Ɛkwan No.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Bible mu. Ɛnkyerɛ ɛkwan ankasa, na mmom ɛkyerɛ sɛdeɛ obi yɛ n’adeɛ anaa sɛdeɛ ɔbɔ ne bra, na ɛbɛtumi aba sɛ sɛdeɛ onipa no yɛ n’adeɛ anaa sɛdeɛ ɔbɔ ne bra no, Yehowa ani gye ho anaa n’ani nnye ho. Wɔn a wɔbɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔnam “Ɛkwan No” so. Deɛ ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu Kristo mu gyidie na na wɔde yɛ wɔn biribiara, na na wɔdi n’anammɔn akyi pɛɛ.—Aso 19:9.

  • Ɛkyɛm.

    Ɛyɛ akodeɛ bi a ɔsraani kura wɔ ne nsam berɛ a wakɔ ɛko. Ná ɔde bɔ ɔno ara ne ho ban anaa ɔde bɔ ɔsraani foforɔ ho ban. (1Sa 17:7; 1Be 5:18; Efe 6:16) Akyɛm bebree wɔ hɔ a, dua na na wɔde yɛ, na wɔde aboa nwoma adura ho. Ebi nso wɔ hɔ a, na wɔde dadeɛ na ɛyɛ. Ebi nso, wɔde demmire anaa ɛserɛ a wɔanwene na ɛyɛ. Bible mu no, wɔtaa ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ kyɛm ma ne nkurɔfoɔ.—Dw 84:9, 11.

  • Ɛpo mu abohene.

    Ɛyɛ ɛpo mu mmoa nketenkete a wɔawuwuo nnompe a ayɛ dendeenden sɛ boɔ. Ɛwɔ ɛpo mu, na ne kɔla gu ahodoɔ. Ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ fitaa, ɛnna ebi nso yɛ tuntum. Ná abohene pii wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Berɛ a wɔretwerɛ Bible no, na ɛpo mu abohene kɔkɔɔ boɔ yɛ den paa, na na wɔde yɛ nhweneɛ ne agudeɛ afoforɔ.—Mme 8:11.

F

  • Farao.

    Ɛyɛ abodin a wɔde ma Egypt ahemfo. Faraofoɔ nnum na wɔn din wɔ Bible mu (Sisak, So, Tirhaka, Neko, ne Hofra); wɔn mu bi nso wɔ hɔ a, wɔn din nni Bible mu. Ebi ne Faraofoɔ a wɔne Abraham, Mose, ne Yosef dii nsawɔsoɔ no.—Ex 15:4; Ro 9:17.

  • Farisifoɔ.

    Wɔyɛ nyamesom kuo bi a wɔtee wɔn ho firii Yudasom ho wɔ asomafoɔ no berɛ so, na na wɔagye din. Ná wɔmfiri asɔfoɔ abusua mu, nanso na wɔdi Mmara no so frenkyemm, na atetesɛm nso, na wɔdi so frenkyemm saa ara. (Mt 23:23) Ná wɔmpɛ Greecefoɔ amammerɛ koraa. Sɛ ɛba Mmara no ne atetesɛm a, na wɔaben mu paa, enti sɛ wɔkasa a, na ɔmanfoɔ no ntumi nka bi. (Mt 23:2-6) Ná Farisifoɔ no binom nso ka Sanhedrin no ho. Nneɛma bi wɔ hɔ a, na wɔne Yesu ani nhyia wɔ ho koraa. Ebi ne Homeda, atetesɛm, ne sɛdeɛ na Yesu ne abɔnefoɔ ne wɔn a wɔgyegye toɔ bɔ no. Farisifoɔ binom bɛyɛɛ Kristofoɔ. Baako ne Saul a ɔfiri Tarso.—Mt 9:11; 12:14; Mr 7:5; Lu 6:2; Aso 26:5.

  • Filistia; Filistifoɔ.

    Asaase a ɛda Israel mpoano wɔ anaafoɔ fam no, ɛno na akyire yi wɔbɛfrɛɛ hɔ Filistia. Nnipa a wɔtu firii Kreta kɔtenaa saa asaase no so no, wɔfrɛɛ wɔn Filistifoɔ. Dawid dii wɔn so nkonim, nanso ɔman biara amfa wɔn anyɛ nkoa. Wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ atamfo, na na wɔne wɔn ani nhyia koraa. (Ex 13:17; 1Sa 17:4; Am 9:7)—Hwɛ Nkh. B4.

  • Fononoo.

    Ɛyɛ biribi a wɔde tõ aduane. Fononoo afoforɔ nso wɔ hɔ. Wɔde bi nane dadeɛ, wɔde bi nso tõ ayowa, kukuo, ne deɛ ɛkeka ho ma no yɛ den, ɛnna fononoo a wɔde hye akaadoo nso wɔ hɔ. Berɛ a na wɔretwerɛ Bible no, birikisi anaa aboɔ na na wɔde si fononoo.—Ge 15:17; Le 2:4; Da 3:17; Adi 9:2.

G

  • Gehenna.

    Ɛyɛ Greek din a wɔde frɛ Hinom Ba Bɔn a na ɛwɔ tete Yerusalem anaafoɔ fam atɔeɛ no. (Yer 7:31) Bible ka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ ɛyɛ baabi a nnipa afunu bɛdeda. (Yer 7:32; 19:6) Adanseɛ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtoo mmoa anaa nnipa a wɔnwuiɛ guu Gehenna hyee wɔn anaasɛ wɔyɛɛ wɔn ayayadeɛ wɔ hɔ. Wei kyerɛ sɛ, Gehenna nyɛ baabi a yɛmfa yɛn ani nhunu a wɔyɛ nnipa akra ayayadeɛ daa wɔ gya mu. Mmom, Yesu ne n’asuafoɔ no kaa Gehenna ho asɛm de kyerɛɛ daa asotwe a ɛne “owuprenu” no, kyerɛ sɛ, daa ɔsɛeɛ anaa ɔsɛeɛ korakora.—Adi 20:14; Mt 5:22; 10:28.

  • Gerah.

    Wɔde susu biribi mu duro. Gerah baako yɛ gram 0.57. Gerah 20 yɛ dwetɛbena baako. (Le 27:25)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Gilead.

    Yɛreka paa a, ɛno ne asaase pa a na ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛkɔfa Yabok Subɔn no atifi ne n’anaafoɔ fam no. Ɛtɔ da a, na wɔfrɛ Israelfoɔ asaase a ɛda Yordan apueeɛ fam no nyinaa Gilead, na ɛhɔ na na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no teɛ. (Nu 32:1; Yos 12:2; 2Ah 10:33)—Hwɛ Nkh. B4.

  • Gitit.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwontoɔ mu. Yɛnnim deɛ ɛkyerɛ pɔtee, nanso wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri Hebri asɛmfua gath mu. Ebinom kyerɛ sɛ, gath kyerɛ amena a wɔkyĩ nsa wom, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nnwom a wɔto berɛ a wɔreyɛ bobesa.—Dw 81:Atf.

  • Granate akutuo.

    Ɛyɛ aduaba bi a ɛte sɛ aprɛ, na biribi tua toɔ te sɛ ahenkyɛ. Ɛho no yɛ den, na biribi a ɛte sɛ topaeɛ nketenkete pii wom. Wopae adeɛ a ɛte sɛ topaeɛ no mu a, nsuo wom paa, na aba ketekete kɔkɔɔ bi hyɛ mu. Ná wɔanwene granate akutuo agu ɔsɔfo panin no ataadeɛ nsasini bruu no ano. Adum mmienu a wɔfrɛ no Yakin ne Boas a na ɛsisi asɔrefie no anim no, na wɔayɛ granate akutuo fɛfɛɛfɛ wɔ ne ntaasoɔ no ho.—Ex 28:34; Nu 13:23; 1Ah 7:18.

  • Greek; Greeceni.

    Greek yɛ kasa a Greecefoɔ ka. Greeceni kyerɛ obi a ɔfiri Greece anaa obi a n’abusuafoɔ firi hɔ. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm mu no, sɛ wɔka Greeceni a, ɛnkyerɛ Greecefoɔ nko ara. Mmom ɛkyerɛ obiara a ɔnyɛ Yudani ne obiara a wasua Greek kasa ne Greecefoɔ amammerɛ.—Yoe 3:6; Yoh 12:20.

  • Gya tadeɛ.

    Ɛyɛ baabi a “egya ne sɔfe dɛre” wɔ hɔ, nanso ɛnni beaeɛ pɔtee biara. Mmom ɛgyina hɔ ma biribi. Wɔsan frɛ no “owuprenu.” Wɔbɛto abɔnefoɔ a wɔnsakra ne Ɔbonsam agu mu; owuo ne Adamena (anaa Hades) mpo, wɔbɛto agu mu bi. Egya ntumi nyɛ ɔbɔfoɔ, owuo, ne Hades hwee. Enti sɛ wɔde Satan a ɔyɛ ɔbɔfoɔ, owuo, ne Hades a egya ntumi nyɛ wɔn hwee no bɛgu “gya tadeɛ” no mu bi a, ɛnneɛ na saa “gya tadeɛ” no nkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ daa, na mmom ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn afiri hɔ korakora.—Adi 19:20; 20:14, 15; 21:8.

H

  • Hades.

    Ɛyɛ Greek asɛmfua, na ɛno ara na wɔka no “Sheol” wɔ Hebri kasa mu no. Wɔrekyerɛ aseɛ a, wɔde ntwerɛdeɛ kɛseɛ ‘A’ di animu, na wɔtwerɛ no “Adamena.” Ɛno ma yɛhunu sɛ wɔreka adasamma damena ho asɛm, na ɛnyɛ amena a wɔsie obi wom kɛkɛ.—Hwɛ ADAMENA.

  • Hebrini.

    Abram (anaa Abraham) na wɔdii kan frɛɛ no Hebrini, na ɛno maa nsonsonoeɛ baa ɔno ne Amorifoɔ a na wɔte bɛn no no ntam. Akyire yi, wɔfrɛɛ Abraham asefoɔ a wɔfiri ne banana Yakob mu no nso Hebrifoɔ, na wɔn kasa nso, wɔfrɛɛ no Hebri. Yesu berɛ so no, na Aram kasa mu nsɛmfua pii abɛwurawura Hebri kasa no mu, na na saa kasa no na Kristo ne n’asuafoɔ no ka.—Ge 14:13; Ex 5:3; Aso 26:14.

  • Hermes.

    Ɔyɛ Greecefoɔ nyame, na ɔyɛ Seus babarima. Berɛ a Paul wɔ Listra no, nkurɔfoɔ no frɛɛ no Hermes, ɛfiri sɛ na ɛyɛ wɔn sɛ gyama anyame no na asoma no, na ɔno ne onyame a ɔnim kasa anaa onyame anoteewa.—Aso 14:12.

  • Herode.

    Ɛyɛ abusua bi din. Saa abusua no, aban a na ɛwɔ Roma no na na ɛyi emufoɔ ma wɔdi Yudafoɔ so. Herode Ɔkɛseɛ gyee din paa, ɛfiri sɛ ɔsan sii Yerusalem asɔrefie no, na ɛsiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkum Yesu nti, ɔmaa wɔkunkum mmɔfra pii. (Mt 2:16; Lu 1:5) Wɔde Herode Arkelao ne Herode Antipa a wɔyɛ Herode Ɔkɛseɛ no mma no mu biara dii wɔn papa ahemman no fã bi so. (Mt 2:22) Ná Antipa yɛ Roma ahemman no fã bi so hene, na na ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini. Ná wɔtaa frɛ no “ɔhene.” Mfeɛ mmiɛnsa ne fã a Kristo de yɛɛ ne som adwuma no nyinaa, na Antipa di tumi, na berɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafoɔ Nnwuma ti 1 kɔsi ti 12 no nyinaa, na ɔda so di tumi. (Mr 6:14-17; Lu 3:1, 19, 20; 13:31, 32; 23:6-15; Aso 4:27; 13:1) Ɛno akyi no, Herode Ɔkɛseɛ no banana Herode Agripa I bɛdii adeɛ, nanso ankyɛ koraa na Onyankopɔn bɔfoɔ kum no. (Aso 12:1-6, 18-23) Herode Agripa II a ɔyɛ Herode Agripa I ba no bɛdii adeɛ, na ɔdii tumi kɔsii berɛ a Yudafoɔ no tee atua tiaa Romafoɔ no.—Aso 23:35; 25:13, 22-27; 26:1, 2, 19-32.

  • Herode akyidifoɔ.

    Wɔsan frɛ wɔn Herodefoɔ. Ná wɔyɛ kuo bi a wɔtaa Herode abusua no akyi wɔ amanyɔsɛm mu berɛ a na Romafoɔ ma Herode abusua di tumi no. Ɛbɛyɛ sɛ na Sadukifoɔ no bi nso ka saa kuo yi ho. Herodefoɔ no ne Farisifoɔ no yɛɛ baako, na wɔsɔre tiaa Yesu.—Mr 3:6.

  • Higayon.

    Ɛyɛ asɛmfua a wɔde kyerɛ sɛdeɛ wɔmfa sankuo ne ne nkekaho mmɔ nnwom. Wɔde asɛmfua yi ayɛ adwuma wɔ Dwom 9:16, na ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wɔmmɔ dwom anaa sankuo no bɔkɔɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ ɔretie no bɛtumi ayɛ dinn kakra afa adwene.

  • Hin.

    Wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo, na adeɛ a wɔde susu no nso, na wɔfrɛ no hin. Obi a ɔtwerɛ abakɔsɛm a wɔfrɛ no Josephus kaa sɛ, ahina bi a na wɔde susu adeɛ wɔ tete Greece a wɔfrɛ no Atenefoɔ choe no, mmienu na na ɛyɛ hin baako. Nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo no, lita 3.67 na na ɛkɔ Atenefoɔ choe mmienu mu. Enti hin baako biara wom bɛyɛ lita 3.67 (nkɔt. 5 ne kakra). (Ex 29:40)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Homar.

    Wɔde susu nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo. Ɛne kor susudeɛ no yɛ pɛ. Homar biara wom lita 220 (olonka 73 ne kakra). Bat susudeɛ no na wɔhwɛɛ ho de hunuu homar no dodoɔ. (Le 27:16)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Homeda.

    Ɛfiri Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “home anaa gyae” mu. Ɛno ne da a ɛtɔ so nson wɔ Yudafoɔ nnawɔtwe no mu (ɛfiri aseɛ Fiada berɛ a awia akɔtɔ kɔsi Memeneda berɛ a awia akɔtɔ). Nna foforɔ bi a na wɔdi afahyɛ nso, na wɔfrɛ ebiara Homeda. Afei, afe a ɛtɔ so 7 ne deɛ ɛtɔ so 50 biara nso, na wɔfrɛ no Homeda. Sɛ ɛduru Homeda a, na ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma biara gye asɔfodwuma a wɔyɛ wɔ kronkronbea hɔ no. Sɛ ɛduru Homeda afe a, na ɛnsɛ sɛ wɔdua hwee wɔ asaase no so, na sɛ Hebrini bi de ne yɔnko ka a, na ɛnsɛ sɛ ɔdan no ka. Homeda ho akwankyerɛ a na ɛwɔ Mose Mmara mu no, na ɛnyɛ kyenkyenee, nanso nyamesom mpanimfoɔ no de bi kekaa ho nkakrankakra, enti ɛduruu Yesu berɛ so no, na Homeda no abɛdane adesoa ama nkurɔfoɔ no.—Ex 20:8; Le 25:4; Lu 13:14-16; Kol 2:16.

  • Honhom.

    Hebri asɛmfua ruʹach ne Greek asɛmfua pneuʹma na wɔtaa kyerɛ aseɛ “honhom,” na ɛkyerɛ nneɛma bebree. Nneɛma a ɛkyerɛ no, emu biara nni hɔ a nnipa de n’ani hunu, nanso ɛma wohunu sɛ tumi bi reyɛ adwuma. Wɔde Hebri asɛmfua ruʹach ne Greek asɛmfua pneuʹma kyerɛ (1) mframa, (2) adeɛ a ɛma asaase so abɔdeɛ keka wɔn ho, (3) biribi a ɛwɔ onipa akoma mu a ɛpusu no ma ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ n’adeɛ wɔ kwan bi so, (4) honhom mu nsɛm a ɛfiri baabi a aniwa nhunu, (5) abɔdeɛ a wɔyɛ ahonhom, ne (6) tumi a Onyankopɔn de yɛ n’adeɛ, anaa honhom kronkron.—Ex 35:21; Dw 104:29; Mt 12:43; Lu 11:13.

  • Honhom kronkron.

    Ɛyɛ tumi a ano yɛ den a yɛmfa yɛn ani nhunu, na ɛno na Onyankopɔn de yɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Deɛ enti a ɛyɛ kronkron ne sɛ, ɛfiri Yehowa a ne ho teɛ na ɔyɛ ɔteneneeni sene obiara no hɔ. Adeɛ foforɔ a enti ɛyɛ kronkron ne sɛ, ɛno na Onyankopɔn nam so yɛ nneɛma kronkron.—Lu 1:35; Aso 1:8.

  • Horeb; Horeb Bepɔ.

    Horeb yɛ mmepɔmmepɔ a atwa Sinai Bepɔ ho ahyia no. Horeb Bepɔ no ara na wɔfrɛ no Sinai Bepɔ no. (Ex 3:1; De 5:2)—Hwɛ Nkh. B3.

  • Hyiadan.

    Ɛyɛ asɛmfua a ɛkyerɛ “anoboaboa anaa nhyiamu,” nanso twerɛnsɛm dodoɔ no ara mu deɛ, ɛkyerɛ ɛdan a na Yudafoɔ hyia wɔ mu anaa baabi a na wɔkenkan Twerɛnsɛm no san gye akwankyerɛ de ka asɛm no na wɔbɔ mpaeɛ. Berɛ a Yesu wɔ asaase so no, Israel kuro a ɛso kakra biara no, na hyiadan baako wɔ hɔ. Nkuro akɛseɛ no deɛ, na hyiadan a ɛwɔ hɔ boro baako.—Lu 4:16; Aso 13:14, 15.

I

  • Iliriko.

    Ɛyɛ Romafoɔ mantam bi a ɛwɔ Greece atifi atɔeɛ fam. Berɛ a Paul reyɛ ne som adwuma no, ɔkɔe ara kɔduruu Iliriko, nanso sɛ Paul kɔɔ hɔ kɛkɛ oo, sɛ ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ oo, Bible nka. (Ro 15:19)—Hwɛ Nkh. B13.

  • Israel.

    Ɛyɛ din a Onyankopɔn de maa Yakob. Ɛduruu baabi no, na wɔfrɛ Yakob asefoɔ nyinaa Israel. Yakob mma mmarima 12 no asefoɔ nso, na wɔtaa frɛ wɔn Israel mma, Israel fie, Israel mmarima, anaa Israelfoɔ. Mmusuakuo du ahemman a na ɛwɔ atifi fam a wɔtee wɔn ho firii anaafoɔ fam ahemman no ho nso, na wɔfrɛ wɔn Israel. Akyire yi, wɔbɛfrɛɛ Kristofoɔ a wɔasra wɔn no nso Israel, “Onyankopɔn Israel.”—Ga 6:16; Ge 32:28; 2Sa 7:23; Ro 9:6.

K

  • Kaanan.

    Ɔyɛ Noa banana, na ɔno ne Ham ba a ɔtɔ so nnan. Akyire yi, mmusuakuo 11 a wɔyɛ Kaanan asefoɔ no tenaa Mediterranea apueeɛ fam mpɔtamu hɔ wɔ Egypt ne Siria ntam. Saa mpɔtamu hɔ no, na wɔfrɛ hɔ “Kaanan asaase.” (Le 18:3; Ge 9:18; Aso 13:19)—Hwɛ Nkh. B4.

  • Kab.

    Wɔde susu nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo. Kab baako biara wom lita 1.22 (bɛyɛ magyirin konko 2 ne kakra). Bat susudeɛ no na wɔhwɛɛ ho de hunuu kab no dodoɔ. (2Ah 6:25)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kaesare.

    Ɛyɛ Romafoɔ abusua bi din, ɛnna ɛbɛdanee Romafoɔ ahempɔn no abodin. Bible bobɔ Augusto, Tiberio, ne Klaudio din sɛ na wɔn mu biara yɛ Kaesare. Nero deɛ, ne din nni Bible mu, nanso na ɔno nso yɛ Kaesare. Wɔde “Kaesare” yɛ adwuma nso wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu de gyina hɔ ma ɔman mu atumfoɔ anaa Aban.—Mr 12:17; Aso 25:12.

  • Kaldea; Kaldeafoɔ.

    Kane no, baabi a na Tigris ne Eufrate nsubɔnten no mu paapae ansa na akɔbɔ ɛpo mu no, ɛhɔ na na wɔfrɛ no Kaldea, na nnipa a na wɔte hɔ nso, wɔfrɛɛ wɔn Kaldeafoɔ. Akyire yi, wɔbɛfrɛɛ Babilonia nyinaa Kaldea, na nnipa a ɛwɔ hɔ nyinaa nso, wɔbɛfrɛɛ wɔn Kaldeafoɔ. Wɔka “Kaldeafoɔ” a, na ɛtumi nso kyerɛ nwomanimfoɔ a wɔsua abɔdeɛ mu nyansahunu, abakɔsɛm, kasa ahodoɔ, ne nsoromma ho adeɛ, na wɔyi nkonyaa anaa wɔhwɛ nsoromma mu ka ho.—Esr 5:12; Da 4:7; Aso 7:4.

  • Kasia.

    Ɛyɛ biribi a wɔnya firi kasia dua a ɛwɔ abena (Cinnamomum cassia) mu. Kasia dua no te sɛ sinamon dua; ɛfiri abusua baako mu. Ná wɔde kasia yɛ aduhwam. Afei nso, nneɛma a na wɔde yɛ ɔsrango kronkron no, na kasia ka ho.—Ex 30:24; Dw 45:8; Hes 27:19.

  • Kemos.

    Ɔyɛ Moabfoɔ nyame panin.—1Ah 11:33.

  • Kerubim.

    Wɔyɛ abɔfoɔ a wɔwɔ diberɛ kɛseɛ a wɔama wɔn dwumadie soronko. Ɛsono wɔn, ɛnna ɛsono serafim.—Ge 3:24; Ex 25:20; Yes 37:16; Heb 9:5.

  • Kislew.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, Kislew na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ firi November bosome no mpaemu kɔsi December bosome no mpaemu. (Ne 1:1; Sak 7:1)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Kor.

    Wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo ne nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo. Kor baako biara wom lita 220 (sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo a, ne dodoɔ yɛ galɔn 58 ne kakra; sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo a, ne dodoɔ yɛ olonka 73 ne kakra). Bat susudeɛ no na wɔhwɛɛ ho de hunuu kor no dodoɔ. (1Ah 5:11)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kɔkɔte.

    Ɛyɛ hwiit bi (Triticum spelta). Ɛnyɛ mmerɛ sɛ wobɛyi ɛho ntɛtɛ no.—Ex 9:32.

  • Kɔmfoɔ.

    Ɔyɛ obi a ɔka sɛ ɔtumi ne awufoɔ kasa.—Le 20:27; De 18:10-12; 2Ah 21:6.

  • Kɔndua.

    Ɛyɛ dua bi a wɔde to obi abati. Wɔtumi de nneɛma sensɛn etire ne tire. Ɛtumi nso yɛ dua a wɔde to mmoa mmienu a wɔde wɔn twe nneɛma kɔn mu berɛ a wɔretwe afidie a wɔde yɛ adwuma wɔ afuo mu anaa teaseɛnam. Anantwie na na wɔtaa de kɔndua to wɔn kɔn ho. Ɛsiane sɛ na nkoa taa de kɔndua soa nneɛma a emu yɛ duru nti, wɔde kɔndua yɛ adwuma de kyerɛ nkoasom, nhyɛsoɔ, ateetee, anaa amanehunu. Sɛ wɔka sɛ obi ayi kɔndua no anaa wabubu mu a, ɛkyerɛ sɛ wanya ahofadie afiri nkoasom, nhyɛsoɔ, ne asisie mu.—Le 26:13; Mt 11:29, 30.

  • Kristo.

    Ɛyɛ Yesu abodin. Ɛfiri Greek asɛmfua Khri·stosʹ mu. Ɛno na wɔkyerɛ aseɛ wɔ Hebri kasa mu sɛ “Mesia,” anaa “Deɛ Wɔasra No” no.—Mt 1:16; Yoh 1:41.

  • Kristofoɔ.

    Ɛyɛ din a Onyankopɔn de ama wɔn a wɔdi Yesu Kristo akyi.—Aso 11:26; 26:28.

  • Kronkron; Kronkronyɛ.

    Ɛyɛ Yehowa ho adeɛ; saa ara na ɔteɛ. Ɛkyerɛ sɛ ne ho te; efĩ ne nkekaeɛ biara nni ne ho. (Ex 28:36; 1Sa 2:2; Mme 9:10; Yes 6:3) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ kronkron no, sɛ wɔde ka nnipa (Ex 19:6; 2Ah 4:9), mmoa (Nu 18:17), nneɛma (Ex 28:38; 30:25; Le 27:14), mmeaeɛ (Ex 3:5; Yes 27:13), mmerɛ (Ex 16:23; Le 25:12), ne nnwuma (Ex 36:4) ho asɛm a, ɛkyerɛ sɛ saa adeɛ no, wɔayi asi hɔ anaa wɔate ho ahyira so ama ɔkronkronni Nyankopɔn no, kyerɛ sɛ, wɔahyira saa adeɛ no so ama Yehowa som. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu nso, nsɛm a wɔkyerɛɛ aseɛ “kronkron” ne “kronkronyɛ” no kyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ anaa wɔahyira so ama Onyankopɔn. Wɔsan nso de kyerɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ obi ma n’abrabɔ ho teɛ.—Mr 6:20; 2Ko 7:1; 1Pe 1:15, 16.

  • Kronkronbea.

    Ɛno ne ɛdan a ɛdi kan wɔ ɔsom ntomadan no mu anaa asɔrefie hɔ. Ɛhɔ so sene ɔsom ntomadan no ne asɔrefie no pia mu pia, anaa Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Wofiri hɔ a, na worekɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ɔsom ntomadan no mu no, nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ ne sika kɔkɔɔ kaneadua no, sika kɔkɔɔ aduhwam afɔrebukyia, ɛpono a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no, ne sika kɔkɔɔ nneɛma. Asɔrefie hɔ nso, nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ ne sika kɔkɔɔ afɔrebukyia no, ne sika kɔkɔɔ nkaneadua du, ne apono du a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no. (Ex 26:33; Heb 9:2)—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Kronkron Mu Kronkronbea.

    Ɛyɛ ɔsom ntomadan no ne asɔrefie no pia mu pia. Ɛhɔ na na apam adaka no si. Mose Mmara no kaa sɛ, ɔsɔfo panin no nko ara ne onipa a na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Afe afe Mpata Da no nko ara na na ɔtumi kɔ hɔ.—Ex 26:33; Le 16:2, 17; 1Ah 6:16; Heb 9:3.

  • Kurobo.

    Ɛyɛ nnua mu nsuo a ɛyɛ hwam a akyenkyene. Wɔnya firi nkasɛɛ-nkasɛɛ anaa nnua nketenkete a ɛfiri Commiphora abusua mu no mu. Ná kurobo ka nneɛma a wɔde yɛ ɔsrango kronkron no ho. Ná ɛma nneɛma bi te sɛ ntaadeɛ mu ne mpa so yɛ hwam. Afei nso, na wɔde fra ngo a wɔde twetwe nnipa anaa ngo a wɔde miamia nkurɔfoɔ. Ná wɔtumi nso de fra nku de sra. Bio nso, na wɔde kurobo srasra efunu ansa na wɔakɔsie.—Ex 30:23; Mme 7:17; Yoh 19:39.

  • Kwansini; Akwansini.

    Kwansini yɛ sɛdeɛ wɔsusu ɛkwan a obi atwa anaa ɛkwan bi tenten. Ɛpue pɛnkoro pɛ wɔ tete Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu wɔ Mateo 5:41, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Romafoɔ kwansini a ne tenten yɛ mita 1,479.5 (anm. 4,854) no. Asɛmfua “akwansini” san pue mprɛnsa wɔ twerɛnsɛm a ɛdidi so yi mu: Luka 24:13, Yohane 6:19, ne Yohane 11:18. Nanso saa twerɛnsɛm mmiɛnsa no mu deɛ, tete ntwerɛeɛ no de ‘agoprama’ na ɛyɛɛ adwuma, ɛnna wɔasesa kɔ ‘akwansini’ mu.—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kwata; Kwatani.

    Ɛyɛ honam ani yareɛ bi a ɛyɛ hu paa. Bible ka kwata a, ɛnyɛ daa na ɛkyerɛ kwata a yɛnim no nnɛ no. Kwata a Bible ka ho asɛm no deɛ, ɛnyɛ nnipa nko ara na ɛtumi yɛ wɔn; na ɛtumi yɛ ntaadeɛ ne adan nso. Obi a kwata ayɛ no no, wɔfrɛ no kwatani.—Le 14:54, 55; Lu 5:12.

L

  • Lebanon Mmepɔ.

    Ɛyɛ mmepɔ akuo mmienu a ɛwɔ Lebanon asaase so no baako. Deɛ wɔfrɛ no Lebanon Mmepɔ no wɔ atɔeɛ fam, ɛnna deɛ wɔfrɛ no Amana (Mmepɔ a Ɛne Lebanon Mmepɔ Di Nhwɛanimu) no nso wɔ apueeɛ. Asaasetraa kɛseɛ bi da mmepɔ mmienu no ntam. Saa asaase no, wodua adeɛ wɔ so a, ɛyɛ yie paa. Lebanon Mmepɔ no da Mediterranea mpoano hɔ pɛɛ, na mmepɔ no bi tenten yɛ mita 1,800 (anm. 6,000) kɔsi mita 2,100 (anm. 7,000). Tete no, na sida nnua akɛseakɛseɛ pii wɔ Lebanon, na na aman a atwa Lebanon ho ahyia no bu saa nnua no sɛ ɛyɛ papa paa. (De 1:7; Dw 29:6; 92:12)—Hwɛ Nkh. B7.

  • Lepton.

    Berɛ a na wɔretwerɛ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no, Yudafoɔ sika a wɔde kɔbere anaa kɔbere a wɔde dadeɛ foforɔ afra ayɛ no, lepton na na ɛsua wom koraa. Wɔkyerɛ aseɛ wɔ Bible ahodoɔ bi mu sɛ “pɛsewa.” (Mr 12:42 aseɛ hɔ asɛm no; Lu 21:2 aseɛ hɔ asɛm no.)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Lewi; Lewini.

    Lewi yɛ Yakob ne ne yere Lea babarima a ɔtɔ so mmiɛnsa. Abusuakuo a na ne din da so no nso, na wɔfrɛ no Lewi abusuakuo. Ne mma mmarima mmiɛnsa no mu na wɔnyaa Lewifoɔ akuo atitire mmiɛnsa no. Wɔka “Lewifoɔ” a, ɛtɔ da a ɛkyerɛ Lewi abusuakuo no mufoɔ nyinaa, nanso mprɛ pii no, sɛ wɔka “Lewifoɔ” a, asɔfoɔ abusua a wɔfiri Aaron mu no nka ho. Berɛ a wɔkyekyɛɛ asaase wɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔamma Lewi abusuakuo no bi. Mmom, wɔmaa wɔn nkuro 48 wɔ mmusuakuo a aka no nsaase so.—De 10:8; 1Be 6:1; Heb 7:11.

  • Lewiatan.

    Ɔyɛ aboa bi a mprɛ pii no, wɔbɔ ne din a, na wɔabɔ nsuo din. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ aboa a ɔte nsuo mu. Lewiatan a wɔka ne ho asɛm wɔ Hiob ti 3, nkyekyɛmu 8 ne ti 41, nkyekyɛmu 1 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ dɛnkyɛm anaa nsuo mu aboa kakraka bi a ne ho yɛ den paa. Dwom 104 nkyekyɛmu 26 deɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ bonsu bi. Bible no fã bi deɛ, wɔde Lewiatan gyina hɔ ma biribi foforɔ, na ɛnyɛ aboa pɔtee biara.—Dw 74:14; Yes 27:1.

  • Lɔg.

    Bible mu no, ɛno ne adeɛ a ɛsua koraa a wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo. Yudafoɔ Talmud no ka sɛ, sɛ wɔkyɛ hin mu 12 a, emu baako na ɛne lɔg yɛ pɛ. Sɛ yɛfa no saa a, ɛnneɛ na lɔg baako wom lita 0.31 (bɛyɛ akɔtoa fã ne kakra). (Le 14:10)—Hwɛ Nkh. B14.

M

  • Mahalat.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a ɛbɛyɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ nnwontoɔ mu. Ɛwɔ Dwom 53 ne Dwom 88 atifi nsɛm mu. Ɛbɛtumi aba sɛ ɛne Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ obi “bɛyɛ mmerɛ” anaa obi “bɛyare” na ɛbɔ abusua. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ awerɛhoɔ nne anaa obi a waboto nne. Wohwɛ Dwom 53 ne Dwom 88 mu nsɛm a, wohunu sɛ ampa, nnwom no yɛ awerɛho.

  • Makedonia.

    Ɛyɛ ɔmantam bi a ɛwɔ Greece atifi fam. Ɛgyee din berɛ a na Alexander Ɔkɛseɛ no di tumi no, na ɔman foforɔ biara antumi anni so kɔsii sɛ Romafoɔ bɛko faeɛ. Berɛ a ɛdi kan a ɔsomafoɔ Paul kɔɔ Europe no, na Makedonia yɛ Romafoɔ mantam. Paul kɔɔ hɔ mprɛnsa. (Aso 16:9)—Hwɛ Nkh. B13.

  • Malkam.

    Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne Molek a ɔyɛ Ammonfoɔ nyame titire no. (Sef 1:5)—Hwɛ MOLEK.

  • Mana.

    Ɛno paa ne aduane a Israelfoɔ no diiɛ berɛ a na wɔnam ɛserɛ so mfeɛ 40 no. Yehowa na ɔde maa wɔn. Anɔpa biara, na mana tɔ fra bosuo, enti sɛ bosuo no wo a, na aka mana no wɔ asaase no ani. Homeda nko ara na na mana ntɔ. Berɛ a ɛdi kan a Israelfoɔ no huu mana no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Deɛn nie?” anaa Hebri kasa mu no, “man huʼ?” (Ex 16:13-15, 35) Edin foforɔ a wɔde frɛ mana wɔ Bible mu ne, “aduane a ɛfiri soro” (Dw 78:24), “ɔsoro aduane” (Dw 105:40), ne “atumfoɔ aduane” (Dw 78:25). Yesu nso kaa mana ho asɛm de kyerɛɛ biribi foforɔ.—Yoh 6:49, 50.

  • Maskil.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwom mmaako mmaako 13 atifi nsɛm mu. Yɛnnim deɛ asɛmfua no kyerɛ pɔtee. Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ “anwensɛm a ɛma obi fa adwene.” Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, asɛmfua bi wɔ hɔ a ne nkyerɛaseɛ ne Maskil nkyerɛaseɛ reyɛ ayɛ pɛ. Deɛ saa asɛmfua no kyerɛ ne sɛ ‘obi de adwempa bɛsom.’—2Be 30:22; Dw 32:Atf.

  • Mate-me-ho kuo.

    Ɛyɛ nnipakuo bi a wɔwɔ gyidie baako anaa wɔdi onipa bi akyi na wɔwɔ wɔn ankasa gyidie. Wɔtaa de ka Farisifoɔ ne Sadukifoɔ a wɔyɛ Yudasom mu akuo mmienu a agye din no ho asɛm. Ná wɔn a wɔnyɛ Kristofoɔ ka sɛ Kristosom nso yɛ “mate-me-ho kuo” anaa “mate-me-ho kuo a wɔfrɛ wɔn Nasaretfoɔ.” Deɛ enti a wɔfrɛɛ no saa ne sɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Kristosom ate ne ho afiri Yudasom ho. Akyire yi, mate-me-ho akuo baa Kristofoɔ asafo no mu. Adiyisɛm nwoma no hyɛɛ da bɔɔ “mate-me-ho kuo a wɔfrɛ wɔn Nikolaifoɔ” din.—Aso 5:17; 15:5; 24:5; 28:22; Adi 2:6; 2Pe 2:1.

  • Mediafoɔ; Media.

    Mediafoɔ yɛ Yafet ba Madai asefoɔ. Iran mmepɔ atifi a ɛbɛdanee Media man no, ɛhɔ na wɔkɔtenaeɛ. Mediafoɔ ne Babilonfoɔ ka boom, na wɔne Asiriafoɔ ko dii wɔn so nkonim. Saa berɛ no, na Persia yɛ ɔmantam a ɛhyɛ Media ase, nanso Kores tee atua, na Media ne Persia ka boom bɛyɛɛ Medo-Persia Ahemman no. Saa ahemman no na ɛko dii Babilon Ahemman a Ɛtɔ So Mmienu no so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. Pentekoste afahyɛ a ɛkɔɔ so afe 33 Y.B. wɔ Yerusalem no, na Mediafoɔ wɔ aseɛ bi. (Da 5:28, 31; Aso 2:9)—Hwɛ Nkh. B9.

  • Merodak.

    Ɔno ne Babilon kuro no nyame titire. Berɛ a Babilon hene Hammurabi a ɔhyehyɛɛ mmara ahodoɔ no de Babilon yɛɛ Babilonia ahenkuro no, Merodak (anaa Marduk) bɛgyee din koraa senee Babilon anyame a wɔdii n’anim no, na Babilon anyame bebrebe no, Merodak na ɔbɛyɛɛ wɔn mu otitire. Akyire yi, abodin “Belu” (“Owura”) bɛsii edin Merodak (anaa Marduk) no anan, na sɛ nkurɔfoɔ reka Merodak ho asɛm a, na wɔtaa frɛ no Bel.—Yer 50:2.

  • Mesia.

    Ɛyɛ asɛm a ɛfiri Hebri asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sra” anaa “deɛ wɔasra no” mu. Saa asɛmfua no ara, wɔkyerɛ aseɛ sɛ “Kristo” wɔ Greek kasa mu.—Da 9:25; Yoh 1:41.

  • Miktam.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwom mmaako mmaako nsia (Dw 16; 56–60) atifi nsɛm mu. Yɛnnim deɛ saa asɛmfua no kyerɛ pɔtee, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛne “biribi a wɔatwerɛ” anaa “biribi a wɔakurukyire” bɔ abusua.

  • Milkom.

    Ɔyɛ Ammonfoɔ nyame a na wɔsom no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne onyame a wɔfrɛ no Molek no. (1Ah 11:5, 7) Aka kakra ama Solomon ahennie aba awieeɛ no, ɔsisii sorɔnsorɔmmea maa saa atorɔ nyame yi.—Hwɛ MOLEK.

  • Mmaabɔ (mpireka).

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm mu no, wɔka sɛ wɔrebɔ obi mmaa a, ɛkyerɛ sɛ wɔde ahoma bi a wɔabobɔ ano pɔ rebo no. Ɛtumi nso kyerɛ sɛ wɔde biribi a ano yɛ nnam a wɔakoakoa ano ahyɛ ahoma so rebo onipa no.—Yoh 19:1.

  • Mmaeɛ.

    Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, ɛtɔ da a wɔde saa asɛm no kyerɛ berɛ a Yesu Kristo baa n’ahennie mu. Ɛfirii aseɛ berɛ a wɔde no tenaa ahennwa so sɛ Ɔhene Mesia a nnipa anhunu no, na ɛbɛkɔ so wɔ wiase yi nna a ɛdi akyire no nyinaa mu. Kristo mmaeɛ no, ɛnyɛ sɛ ɛbaeɛ ara na ɛrekɔ. Mmom, ɛbɛdi berɛ tenten pɔtee bi.—Mt 24:3.

  • Mmara.

    Sɛ wɔde ntwerɛdeɛ kɛseɛ ‘M’ di animu na wɔtwerɛ no “Mmara” a, ɛtaa kyerɛ Mose Mmara no anaa Bible mu nwoma nnum a ɛdi kan no. Nanso sɛ wɔde ntwerɛdeɛ ketewa ‘m’ di animu na wɔtwerɛ no “mmara” a, ɛbɛtumi akyerɛ mmara mmaako mmaako a ɛwowɔ Mose Mmara no mu anaa mmara bi mu nnyinasosɛm.—Nu 15:16; De 4:8; Mt 7:12; Ga 3:24.

  • Mmarato.

    Sɛ obi bu mmara so a, ɛkyerɛ sɛ wato mmara. Bible mu no, wɔtumi frɛ mmarato “bɔne” na wɔtumi nso frɛ bɔne “mmarato.”—Dw 51:3; Ro 5:14.

  • Mmɛwa.

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho. Wɔde yɛ nneɛma bi te sɛ akodoɔ, nkɛntɛn, ne deɛ ɛkeka ho. Ná wɔtumi de yɛ nneɛma bi te sɛ krataa a wɔtwerɛ so nso. Nwoma mmobɔeɛ pii wɔ hɔ a, demmire na wɔde yɛeɛ.—Ex 2:3.

  • Mmɔka.

    Ɛyɛ biribi a wɔde fra mmɔre anaa esiam a wɔafete anaa nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo ma emu ka. Esiam a wɔafete ama emu aka a wɔate asi baabi na na wɔtaa de fra nneɛma ma emu ka. Bible taa de mmɔka gyina hɔ ma bɔne ne porɔeɛ. Ɛtumi nso kyerɛ sɛdeɛ biribi nyini a yɛmfa yɛn ani nhunu.—Ex 12:20; Mt 13:33; Ga 5:9.

  • Mmɔka nnim.

    Ɛkyerɛ paanoo a wɔato a wɔamfa mmɔka amfra.—De 16:3; Mr 14:12; 1Ko 5:8.

  • Molek.

    Ɔyɛ Ammonfoɔ nyame. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara na wɔfrɛ no Malkam, Milkom, ne Molok no. Ɛbɛtumi aba sɛ “Molek” yɛ abodin, na ɛnyɛ onyame pɔtee bi din. Ná ɛwɔ Mose Mmara no mu sɛ, sɛ obi de ne mma bɔ afɔreɛ ma Molek a, wɔnku no.—Le 20:2; Yer 32:35; Aso 7:43.

  • Molok.—

    Hwɛ MOLEK.

  • Mose Mmara.

    Ɛyɛ mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israel man no wɔ Sinai serɛ so wɔ afe 1513 A.Y.B. Bible mu nwoma nnum a ɛdi kan no, wɔtaa frɛ no Mmara no.—Yos 23:6; Lu 24:44.

  • Mpata.

    Hebri Twerɛnsɛm no mu no, na wɔka mpata de kyerɛ afɔreɛ a nkurɔfoɔ bɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi abɛn Onyankopɔn na wɔasom no. Berɛ a Mose Mmara no yɛ adwuma no, na nkurɔfoɔ bɔ afɔreɛ ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie wɔne Onyankopɔn ntam ɛmfa ho bɔne a ankorankoro ne ɔman no nyinaa ayɛ no. Afe afe Mpata Da no paa na na wɔbɔ saa afɔreɛ no. Ná saa afɔreɛ ahodoɔ no gyina hɔ ma afɔreɛ a Yesu bɛbɔ no. Yesu afɔreɛ no, na ɔbɛbɔ no prɛko de apata ama nnipa bɔne korakora, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛbue kwan ama wɔasiesie nnipa ne Yehowa ntam.—Le 5:10; 23:28; Kol 1:20; Heb 9:12.

  • Mpata Da.

    Israelfoɔ nna a na ɛyɛ kronkron no, ɛno na na ɛyɛ titire paa. Ná wɔsan nso frɛ no Yom Kippur (ɛfiri Hebri asɛmfua yohm hak·kip·pu·rimʹ mu; ɛkyerɛ “ɛda a wɔkata nneɛma so”). Ná saa da no si Etanim da a ɛtɔ so 10. Saa da no nko ara ne da a na ɔsɔfo panin no kɔ ɔsom ntomadan no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ anaa asɔrefie a ɛbaa akyire yi no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ɔkɔ hɔ a, na ɔde mmoa a wɔde abɔ afɔreɛ no mogya pata ma ne bɔne, Lewifoɔ a aka no bɔne, ne ɔman no bɔne. Ná ɛyɛ berɛ a wɔyɛ nhyiamu kronkron na wɔyɛ akɔnkyene. Afei nso na ɛyɛ homeda, berɛ a ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.—Le 23:27, 28.

  • Mpata mmuasoɔ.

    Ɛyɛ apam adaka no mmuasoɔ, apam adaka a Mpata Da no, na ɔsɔfo panin no gyina animu pete bɔne ho afɔreɛ mogya no. Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ aseɛ mpata mmuasoɔ no firi Hebri adeyɛ asɛm bi mu. Ɛkyerɛ sɛ “wɔbɛkata (bɔne) so” anaa sɛ “wɔbɛpepa (bɔne) afiri hɔ.” Mpata mmuasoɔ no, wɔde sika kɔkɔɔ nko ara na na ayɛ, na na Kerubim mmienu sisi so; baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ɛtɔ da a, wɔtwa no tiawa frɛ no “mmuasoɔ no.” (Ex 25:17-22; 1Be 28:11; Heb 9:5)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Mpena.

    Ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so. Ná ɔtaa yɛ afenaa anaa abaawa.—Ex 21:8; 2Sa 5:13; 1Ah 11:3.

  • Mut-laben.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a ɛwɔ Dwom 9 atifi asɛm no mu. Ná ne nkyerɛaseɛ ne, “ɔbabarima no wuo ho asɛm.” Ebinom kyerɛ sɛ, ɛkwan a na wɔnim sɛ wɔfa so to Dwom 9 no na wɔfrɛ no Mut-laben. Ebinom nso kyerɛ sɛ, sɛ wɔrebɛto Dwom 9 a, nsɛm a wɔde firi aseɛ no na wɔfrɛ no Mut-laben.

N

  • Nantwie poma.

    Ɛyɛ abaa tenten bi a dadeɛ a ano yɛ feafea hyɛ ano. Wɔn a wɔhwɛ mmoa de ka mmoa no. Wɔde nantwie poma toto onyansafoɔ nsɛm ho, onyansafoɔ nsɛm a ɛpusu wɔn a wɔtie ma wɔde afotu pa yɛ adwuma no. Sɛ wɔde nantwie poma ka nantwie bi na wankɔ, na ɔtu ne nan de wɔ poma no ano a, poma no pira no. Ɛno na ɛmaa wɔnyaa asɛm a ɛne sɛ, obi ‘retu ne nan awɔ poma ano’ no.—Aso 26:14; Ate 3:31.

  • Nardo.

    Ɛyɛ ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den paa. Ani yɛ kɔkɔɔ kakra, na wɔnya firi nardo-ngo dua (Nardostachys jatamansi) mu. Ɛsiane sɛ na nardo ngo boɔ yɛ den paa nti, na nkurɔfoɔ de ngo a ɛnyɛ papa fra mu. Ɛtɔ da mpo a, na ebinom yɛ nardo a ɛnyɛ papa. Ɛno nti na Marko ne Yohane nyinaa kaa sɛ ngo a wɔde guu Yesu nan ho no yɛ nardo “papa bi” no.—Mr 14:3; Yoh 12:3.

  • Nasaretni.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Yesu, na na ɛma nkurɔfoɔ hunu sɛ Yesu firi Nasaret. Ɛbɛyɛ sɛ ɛne Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ ‘dua foforɔ a ɛbɛfefɛ’ wɔ Yesaia 11:1 no bɔ abusua. Akyire yi, wɔfrɛɛ Yesu akyidifoɔ nso Nasaretfoɔ.—Mt 2:23; Aso 24:5.

  • Nasirini.

    Ɛyɛ asɛm a wɔnya firii Hebri asɛmfua bi mu. Saa asɛmfua no kyerɛ “Deɛ Wɔayi No Asi Hɔ,” anaa “Deɛ Wɔahyira Ne So.” Nasirifoɔ akuo mmienu na na ɛwɔ hɔ. Kuo baako yɛ wɔn a wɔtuu wɔn ho maeɛ sɛ wɔbɛyɛ Nasirifoɔ, ɛnna kuo a ɛtɔ so mmienu no yɛ wɔn a Onyankopɔn ankasa yii wɔn sɛ Nasirifoɔ. Ná ɔbarima anaa ɔbaa bɛtumi ahyɛ Yehowa bɔ titire bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini akɔsi berɛ bi. Obiara a ɔno ara bɛhyɛ saa bɔ no, nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi ho. Deɛ ɛdi kan, na ɛnsɛ sɛ ɔnom nsã a ɛborɔ biara anaa ɔdi bobe ho biribiara. Deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tiri nwi. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, na ɛnsɛ sɛ ne ho ka efunu. Wɔn a Onyankopɔn yii wɔn Nasirifoɔ no, na wɔbɛyɛ Nasirifoɔ wɔn nkwa nna nyinaa. Yehowa na ɔkyerɛɛ wɔn deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.—Nu 6:2-7; Ate 13:5.

  • Nefilim.

    Berɛ a abɔfoɔ danee wɔn ho nnipa a wɔne nnipa mma mmaa wowoeɛ ansa na Nsuyire no reba no, mma mmarima awudifoɔ a wɔwoo wɔn no na wɔfrɛ wɔn Nefilim.—Ge 6:4.

  • Nehilot.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Dwom 5 atifi asɛm mu. Yɛnnim deɛ ɛkyerɛ pɔtee. Ebinom susu sɛ ɛyɛ biribi a nkurɔfoɔ de bɔ nnwom, na ano na wɔde bɔ. Wɔka sɛ Nehilot no ara ne Hebri asɛmfua cha·lilʹ (anaa atɛntɛbɛn). Nanso, ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ ɛkwan a wɔfa so to nnwom mmom.

  • Netinimfoɔ.

    Wɔyɛ asɔrefie nkoa anaa asɔrefie asomfoɔ a na wɔnyɛ Israelfoɔ. Hebri asɛmfua no, ne nkyerɛaseɛ tee ne “Wɔn a Wɔde Wɔn Ama,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔde wɔn ama sɛ wɔnyɛ asɔrefie hɔ adwuma. Netinimfoɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii yɛ Gibeonfoɔ asefoɔ. Gibeonfoɔ no, Yosua de wɔn yɛɛ “nnipa a wɔbɛkɔ anyina ne nsuo ama asafo no ne Yehowa afɔrebukyia.”—Yos 9:23, 27; 1Be 9:2; Esr 8:17.

  • Nhyiamu.

    Ɛyɛ nnipakuo bi a wɔayɛ nhyehyɛeɛ abɛhyia. Hebri Twerɛnsɛm no mu no, wɔka nhyiamu a, ɛtaa kyerɛ Israelfoɔ a wɔahyiam wɔ ɔsom mu afahyɛ bi ase anaa wɔahyiam reyɛ biribi a ɛhia ɔman no paa.—De 16:8; 1Ah 8:5, 22.

  • Nisan.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon nkoasom mu baeɛ no, wɔsesaa bosome Abib din frɛɛ no Nisan. Ɛno ne bosome a ɛdi kan wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ March bosome no mpaemu kɔsi April bosome no mpaemu. (Ne 2:1)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Nkaeɛ ada.

    Ɛyɛ baabi a na wɔsie wɔn a wɔawuo. Greek asɛmfua mne·meiʹon na wɔkyerɛ aseɛ “nkaeɛ ada,” na saa asɛmfua no firi adeyɛ asɛm “kae” mu. Ɛma yɛhunu sɛ, wɔda so ara kae onipa a wawuo no.—Yoh 5:28, 29.

  • Nkataboɔ.

    Ɛyɛ biribi a wɔapam a aboɔden aboɔ tetare mu a na Israel sɔfo panin no hyɛ de kata ne koko berɛ biara a ɔbɛkɔ Kronkronbea hɔ no. Ná wɔfrɛ no “atemmuo nkataboɔ,” ɛfiri sɛ Urim ne Tumim a na wɔde hunu Yehowa adwene wɔ biribi ho no, na wɔde hyehyɛ mu. (Ex 28:15-30)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Nkɔmhyɛ.

    Ɛyɛ asɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so de ma onipa. Ɛbɛtumi ayɛ deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ a ɔbɛyi akyerɛ anaasɛ ɔbɛka akyerɛ onipa. Nkɔmhyɛ bɛtumi ayɛ nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn nam ne honhom so de ma nnipa anaa Onyankopɔn ahyɛdeɛ anaa n’atemmuo a ɔde to dwa. Ɛbɛtumi nso ayɛ biribi a ɛbɛba daakye a ɔde to dwa.—Hes 37:9, 10; Da 9:24; Mt 13:14; 2Pe 1:20, 21.

  • Nkwa dua.

    Ɛyɛ dua bi a na ɛsi Eden turo no mu. Bible nka no baabiara sɛ na biribi wɔ nkwa dua no aba mu a ɛma nkwa. Mmom, na nkwa dua no gyina hɔ ma biribi. Ɛne sɛ, obiara a Onyankopɔn bɛma no adi nkwa dua no aba no bi no, na Onyankopɔn resi no pi akyerɛ no sɛ ɔbɛnya daa nkwa.—Ge 2:9; 3:22.

  • Nkyɛnsee a wɔde gya gu mu.

    Ɛyɛ nkyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, anaa kɔbere ayɛ. Ná wɔde hye aduhwam, na na wɔde sesa gyabidie firi afɔrebukyia a wɔbɔ so afɔreɛ no mu wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ. Afei nso, na wɔde sesa ntomaban a ahye no firi sika kɔkɔɔ kaneadua no so. Ná wɔsan frɛ no aduhwamhyeɛ adeɛ.—Ex 37:23; 2Be 26:19; Heb 9:4.

  • Nneɛma a wɔde fa egya.

    Sika kɔkɔɔ na na wɔde yɛ. Ná wɔde dum nkanea a ɛredɛre wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ.—Ex 37:23.

  • Nnɔbaeɛ ase sesa.

    Sɛ obi twa nnɔbaeɛ a, ɛtɔ da a, ɔtumi gya bi wɔ aseɛ. Ɛtɔ da nso a, ne werɛ tumi fi bi. Ɛba saa a, wɔn a wɔpɛ no tumi kɔsesa. Mose Mmara no kyerɛɛ sɛ, sɛ Israelfoɔ no retwa wɔn nnɔbaeɛ a, ɛnsɛ sɛ wɔtwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa. Ngodua ne bobe nso, na ɛnsɛ sɛ wɔtete so aba nyinaa. Ahiafoɔ, mmɔborɔwafoɔ, ahɔhoɔ, nnyanka, ne akunafoɔ nyinaa, Onyankopɔn maa wɔn kwan sɛ, sɛ nkurɔfoɔ twa wɔn nnɔbaeɛ a, wɔbɛtumi akɔsesa deɛ aka aseɛ no.—Ru 2:7.

  • Nokorɛ Nyankopɔn no.

    Hebri asɛm a wɔde yɛɛ adwuma no, ne nkyerɛaseɛ tee ne “Onyankopɔn no,” na yɛakyerɛ aseɛ “Nokorɛ Nyankopɔn no.” Mprɛ pii no, asɛmfua “no” a wɔde ka “Onyankopɔn” ho wɔ Hebri mu no ma yɛhunu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, na anyame a aka nyinaa yɛ atorɔ anyame. Enti sɛ yɛkyerɛ Hebri asɛm no ase “nokorɛ Nyankopɔn no” a, ɛma nteaseɛ a ɛwɔ asɛm no mu ba yie paa.—Ge 5:22, 24; 46:3; De 4:39.

  • Nsã afɔreɛ.

    Ɛyɛ afɔreɛ a na wɔde nsã bɔ, na na wɔhwie gu afɔrebukyia no so. Ná wɔbɔ nsã afɔreɛ ka afɔreɛ dodoɔ no ara ho. Paul de nsã afɔreɛ yɛɛ adwuma de kyerɛɛ sɛdeɛ ɔyii ne yam nyinaa boaa ne nuanom Kristofoɔ no.—Nu 15:5, 7; Flp 2:17.

  • Nsa a wɔde gu obi so.

    Ná wɔde nsa gu obi so de kyerɛ sɛ wɔayi no de adwuma titire bi ahyɛ ne nsa, anaa wɔayi no sɛ wɔnhyira no, wɔnsa no yareɛ, anaa wɔmma no honhom kronkron akyɛdeɛ no bi. Ɛtɔ da a, na wɔde nsa gu mmoa so ansa na wɔde wɔn abɔ afɔreɛ.—Ex 29:15; Nu 27:18; Aso 19:6; 1Ti 5:22.

  • Nsã kotokuo.

    Ɛyɛ toa a na wɔde aboa nwoma yɛ. Ná wɔde aboa no nwoma nyinaa na ɛyɛ. Mmoa bi te sɛ mpɔnkye ne nnwan na na wɔde wɔn nwoma yɛ toa no. Ná wɔde nsã anaa bobesa gu nsã kotokuo foforɔ mu, ɛfiri sɛ nsã no mu ka, na ɛba saa a, mframa gyina toa no mu ma toa no yere tann. Sɛ nsã toa no yɛ foforɔ a, emu tumi bue, nanso sɛ ɛyɛ nsã toa dada na ɛyere tann saa a, ɛtumi pae.—Yos 9:4; Mt 9:17.

  • Nsanyareɛ a ɛdi awuo.

    Ɛyɛ yareɛ a ɛsane a ɛtrɛ ntɛmntɛm. Ɛtumi ka nnipa bebree, na ɛtumi ku wɔn nso. Mprɛ pii no, na Onyankopɔn de twe nkurɔfoɔ aso.—Nu 14:12; Hes 38:22, 23; Am 4:10.

  • Nsoromma mu hwɛfoɔ.

    Ɔyɛ obi a ɔhwɛ sɛdeɛ awia, bosome, ne nsoromma di akɔneaba na ɔhwɛ de ka deɛ ɛbɛsi daakye.—Da 2:27; Mt 2:1.

  • Ntaasoɔ.

    Ɛyɛ biribi a ɛyɛ fɛ a wɔyɛ sisi adum so. Adum mmienu a wɔfrɛ no Yakin ne Boas a na ɛsisi Solomon asɔrefie no anim no, na ntaasoɔ kɛseɛ si ebiara so. (1Ah 7:16)—Hwɛ Nkh. B8.

  • Ntam.

    Ɛyɛ asɛnkɛseɛ a obi ka de kyerɛ sɛ deɛ ɔreka no yɛ nokorɛ. Ɛtumi nso yɛ ɛbɔ a emu yɛ duru a obi hyɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa ɔrenyɛ. Ɛtaa yɛ ɛbɔ a obi hyɛ obi a ɔsene no, ɛnkanka ɛbɔ a ɔhyɛ Onyankopɔn. Berɛ a Yehowa ne Abraham yɛɛ apam no, Yehowa kaa ntam de hyɛɛ mu den.—Ge 14:22; Heb 6:16, 17.

  • Ntamgyinafoɔ.

    Ɔyɛ obi a ɔboa akuo mmienu anaa nnipa mmienu ma wɔsiesie wɔn ntam. Bible mu no, Mose yɛ Mmara apam no ntamgyinafoɔ, ɛnna Yesu yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ.—Ga 3:19; 1Ti 2:5.

  • Nteaseɛnam.

    Ɛyɛ afidie bi a ɛwɔ ntwahonan mmienu a pɔnkɔ twe. Ade titire a na wɔde yɛ ne sɛ wɔde kɔ ɛko.—Ex 14:23; Ate 4:13; Aso 8:28.

  • Ntɛtɛ.

    Sɛ wɔporo hwiit ne baali anaa wɔhu so a, nwura a wɔyi firi deɛ wɔdie no ho no na wɔfrɛ no ntɛtɛ. Wɔde ntɛtɛ yɛ kasakoa de kyerɛ biribi a ɛho nhia anaa biribi a mfasoɔ nni so.—Dw 1:4; Mt 3:12.

  • Ntomanwemfoɔ dua.

    Ɛyɛ biribi a wɔde asaawa anaa ahoma nwene ntoma wɔ so.—Ex 39:27.

  • Ntonto.

    Ɛyɛ mmosea, anaa nnua nketenkete, anaa aboɔ nketenkete a na wɔde si gyinaeɛ. Ná wɔde gu wɔn ataadeɛ mu anaa adeɛ mu, na wɔawoso. Ntonto a ɛbɛtɔ fam anaa deɛ wɔbɛyi no, ɛno na na wɔfa. Ná wɔtaa bɔ mpaeɛ ansa na wɔayɛ.—Yos 14:2; Mme 16:33; Mt 27:35.

  • Ntotosoɔ du du (taet).

    Ɛyɛ nkyekyɛmu du mu baako anaa ɔha mu nkyekyɛmu du a wɔde yi ntoboa wɔ ɔsom mu. Wɔsan nso frɛ no “ntotosoɔ du du,” na sɛ obi yi saa ntoboa no a, wɔka sɛ ‘watua ntotosoɔ du du.’ (Mal 3:10; De 26:12; Mt 23:23) Berɛ a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, na ɔman no yi asaase no so nnɔbaeɛ ne nyɛmmoa a wɔanya no so ntotosoɔ du du afe biara de ma Lewifoɔ no ma wɔde hwɛ wɔn ho. Lewifoɔ no nso, na wɔyi ntotosoɔ du du a wɔde ma wɔn no so ntotosoɔ du du de ma Aaron asɔfokuo no de hwɛ wɔn ho. Ná ntotosoɔ du du afoforɔ bi nso wɔ hɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ Kristofoɔ tua ntotosoɔ du du.

  • Ntutummɛ.

    Wɔyɛ mmɛbɛ bi a wɔbom tu yuu. Mose Mmara no mu no, na wɔbu wɔn sɛ mmoa a wɔn ho teɛ a wɔtumi we. Ɛtɔ da a, wɔbom bebree tu yuu. Biribiara a wɔbɛhunu biara wɔwe, na wɔsɛe adeɛ papaapa. Sɛ mmɛbɛ no tu bom yuu sɛe adeɛ saa a, na abɛyɛ ɔhaw kɛseɛ.—Ex 10:14; Mt 3:4.

  • Ntwamutam.

    Ɛyɛ ntoma bi a wɔanwene no fɛfɛɛfɛ a wɔanwene kerubim mfoni agu mu. Ɛno na na wɔde akyɛ Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu wɔ ɔsom ntomadan no mu ne asɔrefie hɔ. (Ex 26:31; 2Be 3:14; Mt 27:51; Heb 9:3)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ntwea so boɔ.

    Ɛyɛ boɔ a wɔde to ɛdan ntwea so, baabi a afasuo mmienu hyia anaa ɛsi animu. Saa boɔ no hia paa na afasuo mmienu no atumi asi animu yie na atumi agyina. Ntwea so boɔ a na ɛho hia paa ne deɛ wɔfrɛ no “Ntwea so boɔ titire” no. Sɛ wɔresisi adan akɛseɛ ne nkuro afasuo a, na wɔtaa de ntwea so boɔ a ɛyɛ den paa na ɛsi. Bible ka sɛdeɛ Onyankopɔn too asaase fapem no ho asɛm sɛ, ɔde asaase ntwea so boɔ tim hɔ. Afei nso, Bible de Kristofo asafo no toto honhom fam ɛdan ho, na ɛka sɛ Yesu ne saa dan no “ntwea so boɔ titire.”—Efe 2:20; Hio 38:6.

  • Nwoma mmobɔeɛ.

    Ɛyɛ adeɛ a wɔtwerɛ so a wɔde aboa nwoma anaa demmire ayɛ. Ɛyɛ tenten, na wɔtwerɛ animu nko ara. Ná wɔtaa bobɔ fa dua ho. Berɛ a wɔretwerɛ Bible no, adeɛ a na wɔtaa twerɛ so ne nwoma mmobɔeɛ. Wɔn a wɔtwerɛɛ Bible no twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, na wɔn a wɔhwɛɛ so twerɛɛ bi no nso twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so.—Yer 36:4, 18, 23; Lu 4:17-20; 2Ti 4:13.

O

  • Obi a ne ho nteɛ; Biribi a ɛho nteɛ.

    Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ obi ho ayɛ fĩ anaa ɔnni ne ho ni anaasɛ ɔmfa abrabɔ ho mmara nyɛ adwuma. Ɛbɛtumi nso akyerɛ sɛ biribi ho ayɛ fĩ anaa ɛho agu fĩ. Nanso Bible mu deɛ, wɔka sɛ obi ho nte a, mprɛ pii no, ɛkyerɛ sɛ onii no ayɛ biribi a ɛtia Mose Mmara no, anaa wayɛ biribi a Mose Mmara no kyerɛ sɛ ɛma obi ho gu fĩ. Afei nso, ɛkyerɛ sɛ Mose Mmara no mu no, ade korɔ no ho nte. (Le 5:2; 13:45; Mt 10:1; Aso 10:14; Efe 5:5)—Hwɛ AHOTEƐ.

  • Obi a wasakra abɛyɛ Yudani.

    Bible mu no, ɛkyerɛ obi a wasesa ne som abɛyɛ Yudani. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a, na ɔtwa dua anaa ɔtwa twetia.—Mt 23:15; Aso 13:43.

  • Obi nua yere a ɔware no.

    Ɛyɛ amammerɛ bi a akyire yi ɛbɛkaa Mose Mmara no ho. Saa amammerɛ yi nti, sɛ ɔbarima nua wu na wanwo a, na ɔtumi ware ne nua no yere sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔne no bɛwo na ne nua no ase anhye. Ná wɔsan frɛ no okunu nua awareɛ.—Ge 38:8; De 25:5.

  • Odiyifoɔ.

    Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so ma nkurɔfoɔ hunu deɛ wadwene ho sɛ ɔbɛyɛ. Ná adiyifoɔ kasa ma Onyankopɔn, na na wɔka deɛ ɛbɛsi daakye. Afei nso, na wɔma nkurɔfoɔ hunu Yehowa nkyerɛkyerɛ, n’ahyɛdeɛ, ne n’atemmuo.—Am 3:7; 2Pe 1:21.

  • Ohim afɔreɛ.

    Saa afɔreɛ yi, sɛ wɔrebɔ a, na onipa a ɔrebɛbɔ afɔreɛ no kura n’afɔrebɔdeɛ no wɔ ne nsam. Afei ɔsɔfoɔ no de ne nsa hyɛ onipa a ɔrebɛbɔ afɔreɛ no nsa ase, na ɔhim ne nsa no kɔ benkum ne nifa. Ɛtɔ da nso a, na ɔsɔfoɔ no na ɔhim adeɛ a wɔde rebɛbɔ afɔreɛ no. Wɔhim afɔrebɔdeɛ no saa a, na ɛkyerɛ sɛ wɔde rema Yehowa.—Le 7:30.

  • Omer.

    Ɛyɛ adeɛ a wɔde susu nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo. Omer baako biara wom lita 2.2 (ɛnnuru olonka baako), anaa efa nkyɛmu du mu baako. (Ex 16:16, 18)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Onipa ba.

    Saa asɛm yi pue bɛyɛ mprɛ 80 wɔ Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no mu. Yesu Kristo na wɔfrɛ no saa, na ɛma yɛhunu sɛ onipa dasani na ɛwoo no, enti na ɔyɛ onipa ankasa, na ɛnyɛ ɔbɔfoɔ a wadane onipa. Saa asɛm no san ma yɛhunu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13, 14 no, Yesu na ɛnam ne so bɛba mu. Wɔfrɛɛ Hesekiel ne Daniel nyinaa “onipa ba” wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu. Ɛno ma yɛhunu sɛ, saa akasamafoɔ mmienu yi yɛ nnipa, ɛnna Deɛ ɔde n’asɛm somaa wɔn no yɛ Onyankopɔn.—Hes 3:17; Da 8:17; Mt 19:28; 20:28.

  • Onyamesom pa.

    Ɛyɛ obuo kɛseɛ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn, som a yɛsom no, ne adwuma a yɛyɛ ma no. Yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ yɛtaa n’akyi sɛ ɔno ne Otumfoɔ wɔ amansan yi nyinaa mu.—1Ti 4:8; 2Ti 3:12.

  • Onyankopɔn Ahennie.

    Deɛ saa asɛm yi kyerɛ paa ne Onyankopɔn tumidie a ɔnam ne Ba Kristo Yesu ahennie no so da no adi no.—Mt 12:28; Lu 4:43; 1Ko 15:50.

  • Otitire.

    Ɔyɛ panin wɔ Babilon aban mu, nanso ne diberɛ nnuru ɔmantam soafoɔ. Wokɔ Bible mu a, atitire no na na wɔdi anyansafoɔ no so tumi wɔ Babilon ahemfie. Berɛ a Media hene Dario di tumi no, na atitire no da so wɔ hɔ.—Da 2:48; 6:7.

  • Otwa Afahyɛ; Nnawɔtwe Afahyɛ.—

    Hwɛ PENTEKOSTE.

  • Owusɔreɛ.

    Ɛkyerɛ sɛ obi asɔre afiri owuo mu. Greek asɛmfua a·naʹsta·sis no, ne nkyerɛaseɛ traa ne sɛ “obi bɛsɔre” anaa “ɔbɛsɔre agyina hɔ.” Bible ka owusɔreɛ nkron ho asɛm; Yesu a Yehowa Nyankopɔn nyanee no no ka ho na ɛyɛ nkron no. Ɛwom sɛ Elia, Elisa, Yesu, Petro, ne Paul nyinaa nso nyanee awufoɔ deɛ, nanso wɔn nyinaa dii adanseɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi na wɔde yɛɛ saa anwanwadeɛ no. Sɛ Onyankopɔn atirimpɔ bɛba mu a, ɛhia sɛ wɔnyane “ateneneefoɔ ne wɔn a wɔnyɛ ateneneefoɔ” ba asaase so. (Aso 24:15) Bible ka sɛ wɔbɛnyane ebinom nso akɔ soro. Saa owusɔreɛ no, wɔfrɛ no “owusɔreɛ a ɛdi kan.” Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no na wɔbɛnya saa owusɔreɛ no.—Flp 3:11; Adi 20:5, 6; Yoh 5:28, 29; 11:25.

Ɔ

  • Ɔbonsam.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Satan wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu, na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔteɛ. Asɛmfua “Ɔbonsam” kyerɛ “Dinsɛefoɔ.” Wɔde edin Ɔbonsam maa Satan ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan sɛee Yehowa din na ɔtwaa asɛm too ne so na ɔkekaa Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ papa no ho asɛmmɔne, na ɔguu Ne din kronkron no ho fĩ.—Mt 4:1; Yoh 8:44; Adi 12:9.

  • Ɔbɔfo panin.

    Ɛkyerɛ “abɔfoɔ no nyinaa panin.” Deɛ entira a wɔfrɛ no “panin” ne sɛ, ɔno na ɔda abɔfoɔ no nyinaa ano. Saa nkyerɛkyerɛmu yi ma yɛhunu sɛ, ɔbɔfo panin baako pɛ na ɛwɔ hɔ. Afei nso, daa Bible ka “ɔbɔfo panin” na ɛnyɛ “abɔfoɔ mpanimfoɔ.” Ɛno nso ma yɛhunu sɛ ɔbɔfo panin baako pɛ na ɛwɔ hɔ. Bible kyerɛ yɛn ɔbɔfo panin no din. Ɛka sɛ ɔno ne Mikael.—Da 12:1; Yuda 9; Adi 12:7.

  • Ɔbɔnefoɔ no.

    Ɛyɛ edin bi a wɔde ma Satan Ɔbonsam. Ɔno na wasɔre atia Onyankopɔn, na ɛkwan a Onyankopɔn akyerɛ sɛ yɛmfa so mmɔ yɛn bra no, ɔko tia.—Mt 6:13; 1Yo 5:19.

  • Ɔdehwɛfoɔ.

    Ɔyɛ obi a Onyankopɔn ma ɔtumi hunu deɛ ɔno Nyankopɔn pɛ. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn abue n’ani ama no hunu nneɛma bi a anka nnipa ntumi nhunu anaa wama ɔtumi te saa nneɛma no ase. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ ɔdehwɛfoɔ no, asɛmfua a ɛfiri mu no, ne nkyerɛaseɛ tee ne sɛ obi de n’ani “bɛhunu” biribi anaasɛ “ɔbɛhunu” asɛm bi mu. Ná nkurɔfoɔ kɔ ɔdehwɛfoɔ nkyɛn de wɔn haw kɔto n’anim ma no ma wɔn ho akwankyerɛ pa.—1Sa 9:9.

  • Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.

    Hebri asɛmfua cheʹsedh na wɔtaa kyerɛ aseɛ “ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.” Deɛ ɛma obi da saa ɔdɔ yi adi kyerɛ obi ne sɛ, ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den, ɔpɛ sɛ ɔdi nokorɛ ma no, anaa ɔmpɛ sɛ ɔdi no hwammɔ. Wɔtaa de kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma nnipa, nanso nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa.—Ex 34:6; Ru 3:10.

  • Ɔhaw.

    Hebri Twerɛnsɛm mu no, wɔka ɔhaw a, ɛtaa kyerɛ yareɛ, anaa amanehunu a Onyankopɔn de twe nkurɔfoɔ aso.—Nu 16:49.

  • Ɔhene soafoɔ.

    Ɔyɛ aban nanmusini anaa amrado a na ɔhwɛ ɔmantam so wɔ Babilon anaa Persia ahemman mu. Ɔhene a ɔte so no na na ɔyi no ma ɔhwɛ ɔmantam no so.—Esr 8:36; Da 6:1.

  • Ɔhwɛfoɔ.

    Ɔyɛ barima. N’adwuma titire ne sɛ ɔbɛhwɛ asafo no mufoɔ so na wayɛn wɔn. Greek asɛmfua e·piʹsko·pos a wɔkyerɛɛ aseɛ ɔhwɛfoɔ no, ne nteaseɛ paa ne sɛ obi bɛhwɛ obi so na wabɔ ne ho ban. Kristofoɔ asafo no mu no, wote “ɔhwɛfoɔ” anaa “ɔpanin” (pre·sbyʹte·ros) a, ne nyinaa kyerɛ ɔsom hokwan baako. Asɛmfua “ɔpanin” no, ɛma yɛhunu sɛ onipa a wɔayi no no wɔ suban a ɛkyerɛ sɛ n’ase atim wɔ gyidie no mu. Asɛmfua “ɔhwɛfoɔ” no nso ma yɛhunu adwuma a obi a wɔayi no sɛ ɔpanin yɛ.—Aso 20:28; 1Ti 3:2-7; 1Pe 5:2.

  • Ɔhyeɛ afɔreɛ.

    Ɛyɛ afɔreɛ a na wɔde mmoa bɔ a wɔhye aboa no nyinaa wɔ afɔrebukyia so ma Onyankopɔn. Sɛ nantwinini na wɔde rebɔ afɔreɛ no oo, sɛ odwennini oo, sɛ apɔnkyenini oo, sɛ aburuburo oo, sɛ aborɔnoma ba oo, aboa no fã biara nni hɔ a na ɛkɔ onipa a ɔrebɛbɔ afɔreɛ no hɔ.—Ex 29:18; Le 6:9.

  • Ɔkra/Kra.

    Hebri asɛmfua neʹphesh ne Greek asɛmfua psy·kheʹ na wɔkyerɛ aseɛ ɔkra. Sɛ yɛhwɛ sɛdeɛ wɔde saa nsɛm yi yɛ adwuma wɔ Bible mu no a, ɛma yɛhunu sɛ, sɛ yɛka ɔkra a, deɛ ɛkyerɛ ne (1) nnipa, (2) mmoa, anaa (3) onipa nkwa anaa aboa nkwa. (Ge 1:20; 2:7; Nu 31:28; 1Pe 3:20; hwɛ aseɛ hɔ nsɛm no nso.) Sɛdeɛ nyamesomfoɔ pii kyerɛ “ɔkra” mu no, ɛnyɛ saa koraa na Bible ka. Bible ma yɛhunu sɛ, sɛ wɔde neʹphesh ne psy·kheʹ ka abɔdeɛ a ɛwɔ asaase so ho asɛm a, ɛkyerɛ biribi a ɛyɛ honam, biribi a wɔtumi sɔ mu, biribi a wɔtumi de aniwa hunu, ne biribi a ɛtumi wuo. Bible yi mu no, baabi a neʹphesh ne psy·kheʹ pue no, mprɛ pii no wɔhwɛ dekodeɛ a wɔreka ho asɛm no a, na wɔakyerɛ aseɛ. Wɔkyerɛ aseɛ “nkwa,” “abɔdeɛ,” “onipa,” “me nipadua nyinaa,” anaa wɔde edin nsiananmu na ɛkyerɛ aseɛ (ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, sɛ wɔrekyerɛ “me kra” ase a, wɔkyerɛ aseɛ “me”). Mprɛ pii no, wɔde “ɔkra” hyɛ aseɛ hɔ asɛm no mu. Nkyerɛkyerɛmu a yɛde ama yi bɛboa yɛn ama yɛate “ɔkra” ase berɛ a ɛpue wɔ Bible no ankasa mu anaa aseɛ hɔ asɛm mu no. Sɛ wɔka sɛ obi de ne kra nyinaa yɛ biribi a, ɛkyerɛ sɛ ɔyi ne yam nyinaa na ɛyɛ, ɔfiri n’akoma mu nyinaa na ɛyɛ, anaa ɔbɛyɛ no ne nkwa nna nyinaa. (De 6:5; Mt 22:37) Ɛtɔ da a, neʹphesh ne psy·kheʹ bɛtumi akyerɛ biribi a abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa ani gye ho paa anaa ne kɔn dɔ. Ɛbɛtumi nso akyerɛ onipa a wawuo anaa efunu.—Nu 6:6; Mme 23:2; Yes 56:11; Hag 2:13.

  • Ɔmantam Soafoɔ.

    Ɔmantam a Roma Mmarahyɛ Badwa hwɛ so no, panin paa a ɔda saa mantam no ano no na na wɔfrɛ no ɔmantam soafoɔ. Ná ɔtumi bu atɛn, na na ɔwɔ asraafoɔ hyɛ n’ase. Ɛwom sɛ deɛ ɔbɛyɛ biara Mmarahyɛ Badwa no tumi hwehwɛ mu deɛ, nanso ɔno na na ɔwɔ tumi paa wɔ ɔmantam no mu.—Aso 13:7; 18:12.

  • Ɔnwemfoɔ.

    Ɔyɛ obi a ɔnwene nkukuo, nyowa, nhina, ne deɛ ɛkeka ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ ɔnwemfoɔ no, ne nkyerɛaseɛ traa ne “ɔyɛfoɔ.” Ɔnwemfoɔ tumi de dɔteɛ yɛ deɛ ɔpɛ biara, enti wɔtaa de ɛno yɛ mfatoho de kyerɛ sɛdeɛ Yehowa wɔ tumi wɔ nnipa ankorankoro ne aman so.—Yes 64:8; Ro 9:21.

  • Ɔpanin.

    Ɛkyerɛ ɔbarima a wanyini, nanso Bible mu deɛ, ɛkyerɛ obi a wɔama no tumi ne asɛdeɛ kɛseɛ wɔ kuro anaa ɔman bi mu. Adiyisɛm nwoma no nso ka ahonhom a wɔwɔ soro ho asɛm sɛ mpanimfoɔ. Sɛ wɔde Greek asɛmfua pre·sbyʹte·ros reka wɔn a wɔdi asafo no anim ho asɛm a, wɔkyerɛ aseɛ “ɔpanin.”—Ex 4:29; Mme 31:23; 1Ti 5:17; Adi 4:4.

  • Ɔsafohene.

    Deɛ Greek asɛmfua no kyerɛ paa ne “Ɔkannifoɔ Panin.” Ɛkyerɛ adwuma titire a wɔde ama Yesu Kristo sɛ ɔnnye nnipa anokwafoɔ mfiri nsunsuansoɔ a bɔne de aba no mu, na ɔnni wɔn anim nkɔ daa nkwa mu.—Aso 3:15; 5:31; Heb 2:10; 12:2.

  • Ɔsomafoɔ.

    Deɛ asɛmfua no kyerɛ ara ne “obi a wɔasoma no.” Wɔfrɛ Yesu sɛ ɔsomafoɔ, na wɔsan frɛ nnipa bi a wɔsomaa wɔn maa wɔkɔboaa ebinom nso sɛ asomafoɔ. Wɔn a wɔtaa frɛ wɔn asomafoɔ paa ne asuafoɔ 12 a Yesu ankasa yii wɔn yɛɛ wɔn kuo baako sɛ wɔnsi n’anan no.—Mr 3:14; Aso 14:14.

  • Ɔsom kronn.

    Ɛyɛ adwuma a ɛyɛ kronkron, ɛfiri sɛ wɔyɛ de som Onyankopɔn.—Ro 12:1; Adi 7:15.

  • Ɔsom ntomadan.

    Ɛyɛ ntomadan bi a na Israelfoɔ som wom berɛ a wɔfiri Egypt reba no. Ná wɔtumi tutu san hyehyɛ. Ɔsom ntomadan no mu na na Yehowa apam adaka a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho no wɔ. Ɛhɔ ara nso na na wɔbɔ afɔreɛ na wɔsom. Ɛtɔ da nso a, wɔfrɛ no “ahyiaeɛ ntomadan.” Ná ɛyɛ nnua a wɔabobɔ a wɔde nwera akata ho, na na wɔanwene kerubim mfoni agu nwera no mu. Wɔkyɛɛ ntomadan no mu yɛɛ no adan mmienu. Wɔfrɛɛ deɛ ɛdi kan no Kronkronbea, ɛnna wɔfrɛɛ deɛ ɛtɔ so mmienu no Kronkron Mu Kronkronbea. (Yos 18:1; Ex 25:9)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ɔsoro Hemmaa.

    Ɛyɛ nyamebaa bi abodin. Israelfoɔ awaefoɔ anaa Israelfoɔ a wɔmane firii Onyankopɔn som ho wɔ Yeremia berɛ so no, wɔn na na wɔsom no. Ebinom ka sɛ ɔno ara ne Babilonfoɔ nyamebaa Ishtar (Astarte). Sumerfoɔ nyamebaa a na ɔwɔ hɔ ansa na Ishtar reba no, na wɔfrɛ no Inanna, na na ne din no kyerɛ “Ɔsoro Hemmaa.” Ɔsoro hemmaa a ɔyɛ no da nkyɛn a, na ɔyɛ onyamebaa a ɔma awoɔ. Onyamebaa Astarte no, wohwɛ Egyptfoɔ ntwerɛeɛ bi mu a, wɔfrɛ no “Ɔsoro Awuraa.”—Yer 44:19.

  • Ɔsɔfoɔ.

    Ɔyɛ ɔbarima a wɔayi no sɛ ɔnsi Onyankopɔn anan mma nkurɔfoɔ a ɔdi wɔn anim wɔ ɔsom mu no. Ɔno na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no Onyankopɔn ho asɛm ne Onyankopɔn mmara. Afei nso, na asɔfoɔ di nkurɔfoɔ no anim kɔ Onyankopɔn anim kɔbɔ afɔreɛ ma wɔn, srɛ bɔnefakyɛ ma wɔn, na na ɔdi ma wɔn. Ansa na Mose Mmara no reba no, abusua biara ti na na ɔyɛ n’abusua sɔfoɔ. Berɛ a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, mmarima a na wɔfiri Aaron abusua mu a wɔfiri Lewi abusuakuo mu na na wɔyɛ asɔfoɔ. Lewifoɔ mmarima a aka no na na wɔboa wɔn. Berɛ a apam foforɔ no hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma no, honhom fam Israel bɛyɛɛ ɔman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ, na Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔsɔfo Panin.—Ex 28:41; Heb 9:24; Adi 5:10.

  • Ɔsɔfo panin.

    Berɛ a Mose Mmara no yɛ adwuma no, na ɔsɔfo panin no yɛ ɔsɔfoɔ titire a ɔgyina ɔman no ananmu kɔ Onyankopɔn anim, na ɔno ara nso na na ɔhwɛ asɔfoɔ a aka no dwumadie so. Ɔno nko ara na na ɔtumi kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no ne asɔrefie a ɛbaa akyire yi no pia mu pia mu hɔ. Afe afe Mpata da no nko ara na na ɔkɔ hɔ. Yesu nso, wɔfrɛ no “ɔsɔfo panin.” (Le 16:2, 17; 21:10; Mt 26:3; Heb 4:14) Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm mu no, sɛ wɔka “asɔfoɔ mpanimfoɔ” a, ɛkyerɛ atitire a wɔwɔ asɔfokuo no mu. Ɛbɛtumi aba sɛ wɔn a wɔka ho bi nso ne asɔfoɔ mpanimfoɔ a wɔatu wɔn adeɛ so ne wɔn a wɔdeda asɔfokuo 24 no ano no.—2Be 26:20; Esr 7:5; Mt 2:4; Mr 8:31.

  • Ɔtwerɛfoɔ.

    Ɔyɛ obi a na ɔhwɛ Hebri Twerɛnsɛm no so twerɛ bi. Berɛ a Yesu wɔ asaase so no, wɔka atwerɛfoɔ a, na ɛkyerɛ mmarima bi a wɔnim Mmara no paa. Ná wɔko tia Yesu.—Esr 7:6 aseɛ hɔ asɛm; Mr 12:38, 39; 14:1.

  • Ɔwaeɛ.

    Greek kasa a wɔkyerɛɛ aseɛ “ɔwaeɛ” ne a·po·sta·siʹa. Adeyɛ asɛm a asɛmfua no firi mu no, ne nkyerɛaseɛ tee ne sɛ “obi bɛtwe ne ho agyina nkyɛn.” Sɛ wɔde a·po·sta·siʹa yɛ adwuma sɛ edin asɛm a, ɛkyerɛ “gya hɔ, po, anaa te atua.” Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, wɔtaa de “ɔwaeɛ” kyerɛ wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nokorɛ som ho.—Mme 11:9; Aso 21:21; 2Te 2:3.

  • Ɔwɛmfoɔ.

    Ɔyɛ obi a ɔbɔ nnipa ne agyapadeɛ ho ban, ne titire no, anadwo. Sɛ ɔhunu sɛ asiane bi reba a, ɔtumi bɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ. Ná wɔtaa de awɛmfoɔ gyinagyina kuro afasuo ne abantenten so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi reba kuro no mu a, wɔbɛdi kan ahu no wɔ akyirikyiri ansa na waduru hɔ. Asraafoɔ mu nso, na wɔn mu binom yɛ adwuma sɛ awɛmfoɔ. Ɛkwan bi so no, na adiyifoɔ no yɛ awɛmfoɔ ma Israel man no, na wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛeɛ a na ɛrebɛba no ho.—2Ah 9:20; Hes 3:17.

P

  • Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ.

    Afahyɛ akɛseɛ mmiɛnsa a na Israelfoɔ di no, wei ne deɛ ɛdi kan. Ná ɛfiri aseɛ Nisan bosome no da a ɛtɔ so 15, ɛda a ɛdi Twam afahyɛ da no akyi no, na na wɔdi toam nnanson. Paanoo a mmɔka nnim nko ara na na wɔtumi di, na na wɔyɛ de kae berɛ a wɔrefiri Egypt no.—Ex 23:15; Mr 14:1.

  • Paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim.—

    Hwɛ PAANOO A WƆDE KYERƐ.

  • Paanoo a wɔde kyerɛ.

    Ɛyɛ paanoo mmaako mmaako 12. Ná wɔde sisi ɛpono so wɔ ɔsom ntomadan no Kronkronbea hɔ ne asɔrefie no Kronkronbea hɔ. Ná wɔkyɛ mu akuo mmienu de taataa so nsia nsia. Wɔsan frɛ no “paanoo a wɔde taataa so” ne “paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim.” Paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim no, Homeda biara, na wɔyi firi hɔ de foforɔ si hɔ. Paanoo a wɔde akɔsi hɔ aba no, asɔfoɔ nko ara na na wɔtumi die. (2Be 2:4; Mt 12:4; Ex 25:30; Le 24:5-9; Heb 9:2)—Hwɛ Nkh. B5.

  • Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.

    Ɛyɛ dua bi a na ɛsi Eden turo no mu. Onyankopɔn de sii hɔ de kyerɛɛ sɛ, ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nnipa deɛ ɛyɛ “papa” ne deɛ ɛyɛ “bɔne.”—Ge 2:9, 17.

  • Paradise.

    Ɛyɛ turo fɛfɛɛfɛ. Turo fɛfɛɛfɛ anaa paradise a ɛdi kan no ne Eden turo a Yehowa yɛ maa nnipa mmienu a wɔdi kan no. Berɛ a Yesu sɛn asɛndua no so no, ɔne nsɛmmɔnedifoɔ mmienu a wɔsɛn ne nkyɛn no baako kasae, na ɔkaa sɛ asaase bɛdane paradise. Paradise a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Korintofoɔ 12:4 no yɛ paradise bi a ɛbɛba daakye, ɛnna paradise a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 2:7 no yɛ ɔsoro paradise.—Nmd 4:13; Lu 23:43.

  • Pentekoste.

    Afahyɛ atitire mmiɛnsa a na ɛsɛ sɛ Yudafoɔ mmarima nyinaa kɔ Yerusalem kɔdi no, wei ne deɛ ɛtɔ so mmienu. Pentekoste kyerɛ “Deɛ Ɛtɔ So Aduonum” (anaa Da a Ɛtɔ So Aduonum). Otwa Afahyɛ anaa Nnawɔtwe Afahyɛ a ɛwɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu no, ɛno ara na wɔfrɛ no Pentekoste wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no. Ná wɔkan nnafua 50 firi Nisan da a ɛtɔ so 16. Ɛda a ɛbɛsi no, saa da no na na wɔdi Pentekoste afahyɛ no.—Ex 23:16; 34:22; Aso 2:1.

  • Persia; Persiafoɔ.

    Ɛyɛ asaase ne ɔman bi a wɔtaa bɔ wɔn din ka Mediafoɔ ho. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔne Mediafoɔ yɛ abusuafoɔ. Mfitiaseɛ no, asaase a ɛda Iran mmepɔ no so wɔ anaafoɔ atɔeɛ no nko ara na na ɛyɛ Persiafoɔ no dea. Berɛ a Kores Ɔkɛseɛ (a tete abakɔsɛm atwerɛfoɔ bi ka sɛ ne papa yɛ Persiani na ne maame yɛ Mediani no) di tumi no, Persiafoɔ nyaa tumi kɛseɛ senee Mediafoɔ, nanso Persia ne Media kɔɔ so bɔɔ mu dii tumi. Kores dii Babilon Ahemman no so nkonim afe 539 A.Y.B., na ɔmaa Yudafoɔ a na wɔde wɔn aba Babilon no san kɔɔ wɔn kurom. Ná Persia Ahemman no firi Asubɔnten Indus apueeɛ fam kɔsi Aegean Po no atɔeɛ fam. Persiafoɔ dii Yudafoɔ so kɔsii sɛ Alexander Ɔkɛseɛ no dii Persiafoɔ so nkonim afe 331 A.Y.B. Daniel nyaa Persia Ahemman no ho anisoadehunu ansa na ahemman no reba, na Persia Ahemman no ho asɛm san pue wɔ Bible nwoma a ɛne Esra, Nehemia, ne Ester no mu. (Esr 1:1; Da 5:28; 8:20)—Hwɛ Nkh. B9.

  • Pim.

    Ɛyɛ sɛdeɛ wɔsusu biribi mu duro. Afei nso, sɛ Filistifoɔ no se nnadeɛ ano a, sika a na wɔgye no, na wɔfrɛ no pim. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefoɔ nneɛma mu no ahunu aboɔ bi wɔ Israel a wɔde tete Hebri anom ntwerɛdeɛ atwerɛ “pim” agugu so; emu biara mu duro bɛyɛ gram 7.8, anaa dwetɛbena baako a wɔakyɛ mu mmiɛnsa ayi mu mmienu.—1Sa 13:20, 21.

  • Porneia.—

    Hwɛ ADWAMAMMƆ.

  • Purim.

    Ɛyɛ afe afe afahyɛ a na wɔdi no Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 ne 15. Ná wɔde kae sɛdeɛ wɔgyee Yudafoɔ no firii ɔsɛeɛ mu wɔ Ɔhemmaa Ester berɛ so no. Asɛmfua pu·rimʹ nyɛ Hebri kasa. Ɛkyerɛ “ntonto.” Haman bɔɔ Pur (Ntonto) de pɛɛ da a na wɔde bɛhye Yudafoɔ no ase sɛdeɛ na wadi kan abɔ pɔ no, na ɛno mu na wɔnyaa Purim Afahyɛ anaa Ntonto Afahyɛ no firiiɛ.—Est 3:7; 9:26.

R

  • Rahab.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde ayɛ adwuma wɔ Hiob, Dwom, ne Yesaia nwoma no mu. Wɔde gyina hɔ ma biribi (ɛsono ɛno ɛnna ɛsono ɔbaa Rahab a ne din wɔ Yosua nwoma mu no). Wohwɛ sɛdeɛ wɔaka Rahab ho asɛm wɔ Hiob nwoma no mu a, ɛma yɛhunu sɛ ɛyɛ ɛpo mu aboa kɛseɛ bi. Bible no fã baabi nso, ɛpo mu aboa kɛseɛ no gyina hɔ ma Egypt.—Hio 9:13; Dw 87:4; Yes 30:7; 51:9, 10.

S

  • Sadukifoɔ.

    Wɔyɛ nyamesom kuo bi a wɔtee wɔn ho firii Yudasom ho, na na wɔagye din. Ná wɔn mu bi yɛ nnipa atitire a wɔwɔ sika, ɛnna ebinom nso yɛ asɔfoɔ a wɔwɔ tumi kɛseɛ paa wɔ asɔrefie hɔ nnwuma so. Farisifoɔ no atetesɛm ne wɔn gyidie no pii wɔ hɔ a, na Sadukifoɔ no ne wɔn nyɛ adwene koraa. Ná Sadukifoɔ no nnye nni sɛ owusɔreɛ wɔ hɔ, na na wɔnnye nni sɛ abɔfoɔ wɔ hɔ. Ná wɔko tia Yesu.—Mt 16:1; Aso 23:8.

  • Samaria.

    Ɛyɛ Israel mmusuakuo du ahemman a na ɛwɔ atifi fam no ahenkuro. Ɛyɛɛ wɔn ahenkuro bɛyɛ mfeɛ 200. Baabi a na ahemman no fa nyinaa, na wɔfrɛ hɔ nso Samaria. Bepɔ a wɔkyekyeree kuro no wɔ so no, na wɔfrɛ ɛno nso Samaria. Yesu berɛ so no, ɔmantam bi a na ɛda Galilea a ɛwɔ atifi fam ne Yudea a ɛwɔ anaafoɔ fam ntam no, na wɔfrɛ hɔ Samaria. Berɛ a na Yesu tutu akwan kɔka asɛmpa no, mprɛ pii no, na ɔnkɔka bi wɔ Samaria. Nanso ɛtɔ da na ɔretwam wɔ hɔ a, na ɔka asɛmpa no bi kyerɛ ɛhɔfoɔ. Berɛ a Samariafoɔ no nyaa honhom kronkron no, na ɛno kyerɛ sɛ Petro de Ahennie no safoa a ɛtɔ so mmienu no ayɛ adwuma. (1Ah 16:24; Yoh 4:7; Aso 8:14)—Hwɛ Nkh. B10.

  • Samariafoɔ.

    Nnipa a na wɔwɔ Israel mmusuakuo du ahemman a ɛwɔ atifi fam mu no, wɔn na kane no na wɔfrɛ wɔn Samariafoɔ. Nanso berɛ a Asiriafoɔ dii Samaria so nkonim afe 740 A.Y.B. no, Asiriafoɔ no de ahɔhoɔ bɛfraa Israelfoɔ no mu. Yesu berɛ so no, wɔka Samariafoɔ a, na ɛnyɛ nnipakuo pɔtee anaa amanyɔkuo bi, mmom na ɛyɛ nyamesom mu mate-me-ho kuo bi a na ɛwɔ tete Sekem ne Samaria mpɔtamu. Ná saa kuo no wɔ gyidie ahodoɔ bi a ɛyɛ soronko koraa wɔ Yudasom mu gyidie ho.—Yoh 8:48.

  • Sanhedrin.

    Ɛyɛ Yudafoɔ asɛnnibea kɛseɛ a na ɛwɔ Yerusalem. Yesu berɛ so no, nnipa 71 na na ɛka bom yɛ Sanhedrin no. Ná ɔsɔfo panin a ɔwɔ hɔ saa berɛ no ne obiara a wayɛ ɔsɔfo panin pɛn ka ho bi. Afei nso, na ɔsɔfo panin abusuafoɔ, mpanimfoɔ, wɔn a wɔdeda mmusuakuo ne mmusua ano, ne atwerɛfoɔ nso ka Sanhedrin no ho.—Mr 15:1; Aso 5:34; 23:1, 6.

  • Satan.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafoɔ.” Kasa a wɔdii kan de twerɛɛ Bible no, sɛ wɔde “no” ka “ɔsɔretiafoɔ” ho na wɔtwerɛ no “Ɔsɔretiafoɔ no” a, ɛkyerɛ Satan Ɔbonsam, Onyankopɔn tamfo kɛseɛ no.—Hio 1:6; Mt 4:10; Adi 12:9.

  • Seah.

    Ɛyɛ adeɛ a wɔde susu nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo. Seah no kɛseɛ ne bat a wɔde susu nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo no kɛseɛ yɛ pɛ, enti lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã) na na ɛkɔ seah susudeɛ baako mu. (2Ah 7:1)—Hwɛ Nkh. B14.

  • Sebat.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so 11 wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnum wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ January bosome no mpaemu kɔsi February bosome no mpaemu. (Sak 1:7)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Sela.

    Ɛyɛ biribi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwontoɔ mu anaa anwensɛm mu. Nnwom nwoma no ne Habakuk nwoma no mu na ɛwɔ. Sɛ ɛwɔ nnwom mu a, ɛbɛtumi akyerɛ sɛ woduru hɔ a, home kakra fa dwendwene nnwom no mu nsɛm ho. Ɛtumi nso kyerɛ sɛ home kakra ma atenka a ɛwɔ baabi a woaduru wɔ nnwom no mu no nyi ne ho. Greek Septuagint no frɛ Sela di·aʹpsal·ma, na ɛkyerɛ sɛ “home nnwom no so.”—Dw 3:4; Hab 3:3.

  • Seminit.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwontoɔ mu. Ne nkyerɛaseɛ tee ne “deɛ ɛtɔ so nwɔtwe,” na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɛnne no kɔ soro. Sɛ ɛyɛ sankuo na wɔde rebɔ nnwom no a, ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɛkyerɛ ne sɛ wɔmfa sankuo a ne nne mu yɛ duru mmɔ. Sɛ ɛyɛ ano na wɔde reto dwom no nso a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔmfa sankuo a ne nnyegyeeɛ mu yɛ duru mmɔ nnwom no, na sɛdeɛ sankuo no gyegye no, saa ara na wɔnto dwom no.—1Be 15:21; Dw 6:Atf; 12:Atf.

  • Serafim.

    Wɔyɛ abɔfoɔ, na Yehowa ahennwa ho na wɔwɔ wɔ soro. Hebri asɛmfua sera·phimʹ no, yɛkyerɛ aseɛ tee a, ɛkyerɛ “wɔn a wɔredɛre.”—Yes 6:2, 6.

  • Seus.

    Greecefoɔ anyame bebrebe no, na Seus ne wɔn panin. Berɛ a Barnaba kɔɔ Listra no, na nkurɔfoɔ no adwene yɛ wɔn sɛ gyama Barnaba yɛ Seus. Wɔhuu tete ntwerɛeɛ bi wɔ Listra mpɔtamu. Deɛ wɔatwerɛ no, ebi ne “Seus asɔfoɔ” ne “awia nyame Seus.” Ɛpo so hyɛn a Paul de tuu kwan firii Malta supɔ so no, na n’ahyɛnsodeɛ ne “Seus Mma.” Seus mma a wɔreka wɔn ho asɛm ne Castor ne Pollux a wɔyɛ ntaafoɔ no.—Aso 14:12; 28:11.

  • Sɛnkyerɛnne.

    Ɛyɛ biribi anaa tebea bi a ɛyɛ nwanwa a ɛkyerɛ sɛ biribi rekɔ so anaasɛ biribi bɛsi daakye.—Ge 9:12, 13; 2Ah 20:9; Mt 24:3; Adi 1:1.

  • Sheol.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua, na ɛno ara na wɔka no “Hades” wɔ Greek kasa mu no. Wɔrekyerɛ aseɛ a, wɔde ntwerɛdeɛ kɛseɛ ‘A’ di animu, na wɔtwerɛ no “Adamena.” Ɛno ma yɛhunu sɛ wɔreka adasamma damena ho asɛm, na ɛnyɛ amena a wɔsie obi wom kɛkɛ.—Ge 37:35 aseɛ hɔ asɛm no; Dw 16:10 aseɛ hɔ asɛm no; Aso 2:31 aseɛ hɔ asɛm no.—Hwɛ ADAMENA.

  • Sion; Sion Bepɔ.

    Ɛyɛ Yebusifoɔ kuro a wɔabɔ ho ban a na wɔfrɛ no Yebus. Ná ɛwɔ bepɔ a akyire yi wɔkyekyeree Yerusalem kuro no wɔ so no anaafoɔ apueeɛ. Berɛ a Dawid ko faa kuro no, ɔsii n’ahemfie wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛɛ hɔ “Dawid Kuro.” (2Sa 5:7, 9) Ná Yehowa bu Sion Bepɔ no sɛ ɛyɛ kronkron, ne titire no berɛ a Dawid maa wɔde Apam Adaka no kɔɔ hɔ no. Akyire yi, baabi a na asɔrefie no si wɔ Moria Bepɔ so no, ɛno nso bɛkaa baabi a wɔfrɛ hɔ Sion Bepɔ no ho. Ɛtɔ da nso a, na wɔfrɛ Yerusalem kuro no nyinaa Sion Bepɔ. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, wɔtaa de Sion ne Sion Bepɔ yɛ adwuma de kyerɛ biribi foforɔ.—Dw 2:6; 1Pe 2:6; Adi 14:1.

  • Siria; Siriafoɔ.—

    Hwɛ ARAM; ARAMFOƆ.

  • Sirti.

    Mmeaeɛ akɛseɛ mmienu bi a ɛwɔ Libia mpoano wɔ Afrika atifi fam na wɔfrɛ no Sirti. Saa mmeaeɛ no, ɛpo no adidi kɔ asaase mu, nanso emu nnɔ. Sɛ ɛpo no yiri na ɛtwe a, ɛboaboa anwea ano. Saa anwea no, sɛ ɛkɔgu ha nnɛ a, ɔkyena na akɔgu baabi foforɔ, enti na ɛhɔ yɛ hu. Ɛno nti, na tete po so akwantufoɔ suro hɔ paa. (Aso 27:17)—Hwɛ Nkh. B13.

  • Siw.

    Ɛyɛ edin a mfitiaseɛ no na wɔde frɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ April bosome no mpaemu kɔsi May bosome no mpaemu. Wɔfrɛ no Iyyar wɔ Yudafoɔ Talmud no ne nwoma a wɔtwerɛeɛ berɛ a Yudafoɔ no firii Babilon baeɛ no mu. (1Ah 6:37)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Siwan.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ May bosome no mpaemu kɔsi June bosome no mpaemu. (Est 8:9)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Solomon abrannaa.

    Ɛyɛ ɛkwan bi a wɔakuri so a na nkurɔfoɔ fa so. Ná ɛwɔ asɔrefie a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu berɛ so no adihɔ wɔ apueeɛ fam. Nkurɔfoɔ gye di sɛ berɛ a Solomon asɔrefie no sɛeeɛ no, Solomon abrannaa no deɛ, ansɛe bi. Ná nkurɔfoɔ gye di sɛ ɛno na ɛkaeɛ berɛ a wɔsɛee Solomon asɔrefie no. Yesu nante faa hɔ wɔ “awɔ berɛ” mu, na tete Kristofoɔ no nso hyiaam wɔ hɔ som Onyankopɔn. (Yoh 10:22, 23; Aso 5:12)—Hwɛ Nkh. B11.

  • Sommɛ.

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛyiyi nkorabata nketenkete. Ná wɔde bɔ mogya anaa nsuo mu de pete nnipa ne mmoa ne nneɛma ho de dwira ho. Sommɛ a Bible ka ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ deɛ wɔfrɛ no marjoram (Origanum maru; Origanum syriacum) no. Sommɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 19:29 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ marjoram no bi na na wɔde atua durra abaa so. Durra ka soogum (Sorghum vulgare) abusua ho. Deɛ enti a wɔsusu sɛ ɛyɛ durra ne sɛ, ne dua no tumi yɛ tenten ma enti na wɔbɛtumi de sapɔ a nsã a emu ka wom ahyɛ ano de akɔ Yesu ano.—Ex 12:22; Dw 51:7.

  • Sorɔnsorɔmmea.

    Ɛyɛ baabi a nkurɔfoɔ som. Ɛtaa yɛ kokoɔ so, bepɔ so, anaa bamma bi a nnipa ayɛ so. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a, na wɔsom Onyankopɔn wɔ sorɔnsorɔmmea, nanso sorɔnsorɔmmea dodoɔ no ara deɛ, na ɛyɛ baabi a abosonsomfo som abosom.—Nu 33:52; 1Ah 3:2; Yer 19:5.

  • Sra.

    Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “sra” no, deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ “wɔde biribi a ɛyɛ nsuonsuo bɛsrasra obi anaa biribi ho.” Ná wɔde ngo gu obi anaa biribi so de kyerɛ sɛ wɔahyira saa onipa no so anaa saa adeɛ no so ama adwuma titire bi. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu no, wɔsan de asɛmfua yi yɛ adwuma de kyerɛ honhom kronkron a wɔhwie gu wɔn a wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛkɔ soro no so no.—Ex 28:41; 1Sa 16:13; 2Ko 1:21.

  • Stoafoɔ nyansapɛfoɔ.

    Ɛyɛ Greecefoɔ nyansapɛfoɔ kuo bi a na wɔgye di sɛ, sɛ onipa ani bɛgye a, gye sɛ ɔtumi susu nsɛm ho na ɔdi abɔdeɛ mu mmara so. Ná wɔn adwene ne sɛ, onipa a ɛyea anaa anigyeɛ ntumi mpusu no no, ɔno paa na ɔyɛ nyansafoɔ.—Aso 17:18.

T

  • Tamus.

    (1) Ɛyɛ onyame bi din, onyame a na Hebrifoɔ mmaa awaefoɔ bi a wɔwɔ Yerusalem su no no. Ebinom kyerɛ sɛ, na Tamus yɛ ɔhene, ɛnna ɔwuiɛ, na ne wuo akyi na wɔyɛɛ no onyame. Sumerfoɔ ntwerɛeɛ mu no, edin a wɔde frɛ Tamus ne Dumuzi. Ntwerɛeɛ no ka sɛ, Dumuzi yɛ onyamebaa a ɔma awoɔ a wɔfrɛ no Inanna (Babilonfoɔ nyamebaa Ishtar) no kunu anaa ne dɔfo. (Hes 8:14) (2) Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnan wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so du wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ June bosome no mpaemu kɔsi July bosome no mpaemu.—Hwɛ Nkh. B15.

  • Tarsis ahyɛn.

    Mfitiaseɛ no, ɛyɛ din a na wɔde frɛ ahyɛn a na ɛkɔ tete Tarsis (a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Spain) no. Akyire yi sɛ wɔka Tarsis ahyɛn a, na ɛkyerɛ ahyɛn akɛseɛ a ɛtumi twa kwantenten. Ná Solomon ne Yehosafat nyinaa wɔ saa ahyɛn no bi a wɔde di dwa.—1Ah 9:26; 10:22; 22:48.

  • Tartarus.

    Ɛpue wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu. Ɛyɛ tebea bi a wɔde abɔfoɔ a wɔyɛɛ asoɔden wɔ Noa berɛ so no kɔɔ mu. Tebea a wɔwom no, wɔabrɛ wɔn ase, na ɛte sɛ deɛ wɔde wɔn agu afiase. Wohwɛ 2 Petro 2:4 a, wɔde adeyɛ asɛm tar·ta·roʹo (a ɛkyerɛ “to biribi to Tartarus”) na ɛyɛɛ adwuma. Saa asɛm no nkyerɛ sɛ wɔtoo “abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no” kɔguu Tartarus a wɔka ho asɛm wɔ anansesɛm mu no (saa Tartarus no, wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ afiase a ɛwɔ asaase ase a wɔde anyame nketewa no gu, na ɛhɔ yɛ sum kabii). Mmom, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn brɛɛ wɔn ase, anaa ɔyii wɔn firii baabi a na wɔte wɔ soro no, na ɔgyee dwumadie a na ɛhyɛ wɔn nsa no nso firii wɔn nsam, na ɔde wɔn kɔɔ tebea bi mu maa wɔn adwene duruu sum kabii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenhunu Onyankopɔn atirimpɔ a ɛhyerɛn no. Esum kabii a wɔwom no nso ma yɛhunu sɛ, wɔn awieeɛ renyɛ fɛ, ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka sɛ wɔbɛsɛe wɔne Satan Ɔbonsam a ɔdi wɔn so no afiri hɔ koraa. Enti Tartarus kyerɛ sɛ, abɔfoɔ a wɔtee atua no, wɔabrɛ wɔn ase koraa. Ɛsono ɛno, ɛnna ɛsono “amena donkodonko” a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:1-3 no.

  • Tebet.

    Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so du wɔ kalenda a na Yudafoɔ de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnan wɔ Yudafoɔ kuayɛ kalenda so. Ɛfiri aseɛ December bosome no mpaemu kɔsi January bosome no mpaemu. Wɔtaa frɛ Tebet sɛ “bosome a ɛtɔ so du.” (Est 2:16)—Hwɛ Nkh. B15.

  • Tenabea kronkron.

    Ɛyɛ baabi a na wɔayi sɛ wɔnsom wɔ hɔ. Ɛhɔ yɛ kronkron. Nanso mprɛ pii no, ɛkyerɛ ɔsom ntomadan no anaa asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no. Wɔsan de kyerɛ Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea anaa Onyankopɔn tenabea wɔ soro.—Ex 25:8, 9; 2Ah 10:25; 1Be 28:10; Adi 11:19.

  • Tenenee; Ɔteneneeni.

    Onyankopɔn na ɔkyerɛ deɛ ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ bɔne. Enti biribiara a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɛno ne adetenenee. Enti sɛ obi yɛ deɛ ɛyɛ papa wɔ Onyankopɔn ani so a, Bible ka sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.—Ge 15:6; De 6:25; Mme 11:4; Sef 2:3; Mt 6:33.

  • Terafim.

    Ɛyɛ abusua anyame anaa abusua ahoni a ɛtɔ da a na nkurɔfoɔ kɔ wɔn hɔ abisa. (Hes 21:21) Ná terafim ahoni bi tenten ne wɔn kɛseɛ te sɛ onipa. Ebinom nso deɛ, na ɛsusua koraa. (Ge 31:34; 1Sa 19:13, 16) Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefoɔ nneɛma mu no huu nneɛma bi wɔ Mesopotamia a ɛdi adanseɛ sɛ, onipa a terafim honi wɔ ne nkyɛn no, ɔno na na abusua agyapadeɛ no bɛba abɛdi ne nsam. (Ɛbɛtumi aba sɛ ɛno nti na Rahel faa ne papa terafim honi no.) Ɛwom sɛ na Israelfoɔ binom som terafim ahoni wɔ atemmufoɔ no ne ahemfo no berɛ so deɛ, nanso ɛnyɛ deɛ terafim honi wɔ ne hɔ na na wɔde abusua agyapadeɛ ma no wɔ Israel. Nneɛma a Ɔhene Yosia a ɔsom Onyankopɔn yie no sɛee no no, na Terafim ahoni ka ho.—Ate 17:5; 2Ah 23:24; Ho 3:4.

  • Tisri.—

    Hwɛ ETANIM ne Nkh. B15.

  • Toɔ.

    Ɛyɛ sika anaa nneɛma a ɔman bi anaa ɔhene bi tua ma ɔman foforɔ anaa ɔhene foforɔ de kyerɛ sɛ ɔhyɛ n’ase. Wɔtua saa sika no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba wɔn ntam anaa wɔbɛnya ahobammɔ. (2Ah 3:4; 18:14-16; 2Be 17:11) Wɔsan de kyerɛ toɔ a ankorankoro tua.—Ne 5:4; Ro 13:7.

  • Totorobɛnto.

    Ɛyɛ abɛn kɛseɛ bi a wɔde dadeɛ ayɛ. Wɔhyɛn de ma akwankyerɛ anaa wɔde bɔ nnwom. Numeri ti 10, nkyekyɛmu 2 ma yɛhunu sɛ Yehowa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔde dwetɛ bɛyɛ ntotorobɛnto mmienu bi. Ná wɔde ntotorobɛnto no frɛ asafo no bɛhyia, wɔde ma wɔtu kɔ baabi foforɔ, anaa wɔde frɛ ɔman no kɔ ɛko. Saa ntotorobɛnto no, na emu nkoae te sɛ “mmɛn” a na wɔde mmoa mmɛn ankasa ayɛ no. Nneɛma a na wɔde bɔ nnwom wɔ asɔrefie hɔ no, na totorobɛnto ka ho. Nanso saa ntotorobɛnto no deɛ, wɔankyerɛ sɛdeɛ wɔnyɛ no. Sɛ wɔreka atemmuo a Yehowa de bɛba anaasɛ wɔrebɔ n’asɛm dawuro a, mprɛ pii no wɔbɔ sɛnkyerɛnne kwan so ntotorobɛnto ka ho.—2Be 29:26; Esr 3:10; 1Ko 15:52; Adi 8:7–11:15.

  • Tuutuuni.

    Ɔyɛ obi a ɔne nkurɔfoɔ a ɔnwaree wɔn da, ɛnkanka obi a ɔyɛ saa de pɛ sika. (Greek asɛmfua porʹne na wɔkyerɛ aseɛ “tuutuuni,” na ɛfiri asɛm bi a ɛkyerɛ “tɔn biribi” mu.) Wɔka tuutuuni a, ɛtaa yɛ ɔbaa, nanso wokan Bible a, wohunu sɛ na mmarima bi nso yɛ tuutuufoɔ. Mose Mmara no baraa tuutuusie. Ná wɔn a wɔsom abosom no gye ntoboa firi asɔrefie tuutuufoɔ nkyɛn, nanso na Yehowa mpene so sɛ wɔde tuutuuni akatua bɛba abɛyi ntoboa wɔ Yehowa kronkronbea hɔ. (De 23:17, 18; 1Ah 14:24) Bible ka tuutuuni a, ɛtɔ da a ɛnyɛ tuutuuni ankasa. Mmom ɛkyerɛ nkurɔfoɔ, aman, ne akuo ahodoɔ a wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn nanso wɔde wɔn ho fɔrefɔre abosonsom. Nyamesom ahyehyɛdeɛ a wɔfrɛ no “Babilon Kɛseɛ” no sei, Adiyisɛm nwoma no ka sɛ ɛyɛ tuutuuni ɛfiri sɛ tumi ne ahonyadeɛ a ɔpɛ nti, ɔde ne ntoma akɔbɔ wiase atumfoɔ ntoma ano.—Adi 17:1-5; 18:3; 1Be 5:25.

  • Twam.

    Ɛyɛ afe afe afahyɛ a na wɔdi no bosome Abib (akyire yi, wɔfrɛɛ no Nisan) no da a ɛtɔ so 14. Ná wɔdi saa afahyɛ no de kae sɛdeɛ wɔgyee Israelfoɔ firii Egypt no. Wɔrehyɛ fã no a, na wɔkum odwan ba (anaa apɔnkye) tõtõ, na na wɔde nhaban a ɛyɛ nwono ne paanoo a mmɔka nnim ka ho di.—Ex 12:27; Yoh 6:4; 1Ko 5:7.

  • Twerɛnsɛm.

    Ɛyɛ ntwerɛeɛ kronkron a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no mu nko ara na saa asɛm no pue.—Lu 24:27; 2Ti 3:16.

  • Twetiatwa.

    Sɛ wɔyi ɔbarima dua ano wedeɛ anaa wɔtwa ɔbarima dua a, ɛno na wɔfrɛ no twetiatwa. Ná ɛyɛ mmara ma Abraham ne n’asefoɔ sɛ wɔtwa twetia. Nanso Kristofoɔ deɛ, mmara biara nkyekyere wɔn sɛ wɔtwa twetia. Ɛtɔ da nso a, wɔde twetiatwa kyerɛ nneɛma foforɔ wɔ Bible mu.—Ge 17:10; 1Ko 7:19; Flp 3:3.

U

  • Urim ne Tumim.

    Sɛ Israel man no wɔ asɛnhia bi na wɔpɛ sɛ wɔhunu deɛ Yehowa bɛka wɔ ho a, Urim ne Tumim no na na ɔsɔfo panin no de yɛ adwuma hwehwɛ deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔman no yɛ. Ná wɔde Urim ne Tumim yɛ adwuma te sɛ deɛ na wɔbɔ ntoto de si gyinaeɛ no. Sɛ ɔsɔfo panin no rekɔ ɔsom ntomadan no mu a, na wɔde Urim ne Tumim hyehyɛ ne nkataboɔ no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri berɛ a Babilonfoɔ sɛee Yerusalem no, wɔamfa Urim ne Tumim no anyɛ adwuma bio.—Ex 28:30; Ne 7:65.

W

  • Wiase awieeɛ berɛ.

    Ɛyɛ berɛ kakra a aka ama wiase anaa nneɛma a Satan ama no aba wiase no asɛe. Ɛne Kristo mmaeɛ no nyinaa firi aseɛ berɛ korɔ. Yesu bɛma abɔfoɔ no akwankyerɛ ama wɔakɔ “akɔyiyi abɔnefoɔ afiri ateneneefoɔ mu” na wɔasɛe wɔn. (Mt 13:40-42, 49) Ná Yesu asuafoɔ no pɛ sɛ wɔhunu berɛ a ‘wiase yi bɛba awieeɛ.’ (Mt 24:3) Ansa na Yesu resan akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’asuafoɔ no bɔ sɛ ɔne wɔn bɛwɔ hɔ akɔsi wiase yi awieeɛ berɛ.—Mt 28:20.

  • Wiase yi; Mmerɛ yi.

    Sɛ wɔde Greek asɛmfua ai·onʹ ka nneɛma a ɛrekɔ so ho asɛm, anaa wɔde kyerɛ nneɛma bi a ɛbɛkɔ so ama yɛahunu sɛ berɛ pɔtee bi mu na yɛwɔ a, ɛno na wɔkyerɛ aseɛ “wiase yi” no. Bible ka “wiase a ɛwɔ hɔ yi” a, ɛkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne abrabɔ a ɛrekɔ so wɔ wiase. (2Ti 4:10) Berɛ a Onyankopɔn ne Israelfoɔ yɛɛ Mmara apam no, “mmerɛ” bi firii aseɛ. Saa “mmerɛ” no, ebinom frɛ no Israelfoɔ mmerɛ anaa Yudafoɔ mmerɛ. Onyankopɔn nam Yesu Kristo agyedeɛ afɔrebɔ no so de wiase foforɔ bi bae. Saa wiase no deɛ, Kristofoɔ a wɔasra wɔn asafo no na ɛdi mu akoten. Ɛno na ɛkɔfaa berɛ bi a Mmara apam no kaa ho asɛm too hɔ no baeɛ. Sɛ wɔka “mmerɛ yi” a, ɛkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so, nneɛma a akɔ so, ne nneɛma a ɛbɛba.—Mt 24:3; Mr 4:19; Ro 12:2; 1Ko 10:11.

Y

  • Yakob.

    Ɔyɛ Isak ne Rebeka babarima. Akyire yi, Onyankopɔn too ne din Israel, na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ (a akyire yi wɔbɛfrɛɛ wɔn Yudafoɔ no) agya. Ɔno na ɔwoo mmarima 12 a wɔne wɔn asefoɔ bɛyɛɛ Israel man no mmusuakuo 12 no. Wɔkɔɔ so de din Yakob no frɛɛ ɔman no anaa Israelfoɔ no.—Ge 32:28; Mt 22:32.

  • Yareɛ a ɛsi mfuo so.

    Ɛyɛ nyarewa a mmoawammoawa bi de ba afifideɛ ne nnua so. Ebinom kyerɛ sɛ, yareɛ a ɛsi mfuo so a Bible ka ho asɛm no yɛ deɛ wɔfrɛ no “black stem rust” (Puccinia graminis) no.—1Ah 8:37.

  • Yedutan.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Nnwom 39, 62, ne 77 atifi nsɛm mu. Yɛnnim deɛ asɛmfua no kyerɛ pɔtee. Ɛbɛyɛ sɛ saa atifi nsɛm no yɛ akwankyerɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔnto nnwom no. Ɛbɛtumi ayɛ ɛkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔto nnwom no anaa afidie korɔ a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ nnwom no. Ná Lewini dwontofoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yedutan, enti ɛbɛyɛ sɛ sɛdeɛ na ɔno anaa ne mma mmarima to nnwom ne afidie korɔ a na wɔde bɔ nnwom no na wɔfrɛ no Yedutan.

  • Yehowa.

    Saa na wɔtaa kyerɛ Tetragrammaton no ase wɔ Twi kasa mu. Tetragrammaton no yɛ Onyankopɔn din a wɔde Hebri ntwerɛdeɛ nnan atwerɛ. Ɛpue bɛboro mprɛ 7,000 wɔ Bible nkyerɛaseɛ yi mu.—Hwɛ Nkh. A4 ne A5.

  • Yuda.

    Ɛyɛ Yakob ne ne yere Lea babarima a ɔtɔ so nnan. Berɛ a Yakob rebɛwu a ɔhyɛɛ nkɔm no, ɔkaa sɛ ɔhene kɛseɛ bi a ɔbɛdi tumi daa bɛfiri Yuda abusua mu aba. Berɛ a Yesu baa asaase so sɛ onipa no, Yuda abusua mu na wɔwoo no. Ná wɔfrɛ Yuda abusuakuo no ankasa nso Yuda, na akyire yi, wɔfrɛɛ Yuda ahemman no nso Yuda. Yuda ahemman no, na wɔfrɛ no anaafoɔ fam ahemman. Yuda abusuakuo no ne Benyamin abusuakuo no na na wɔka bom yɛ saa ahemman no, na na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ka ho. Ná Yuda wɔ ɔman no anaafoɔ fam, na ɛhɔ na na Yerusalem ne asɔrefie no wɔ.—Ge 29:35; 49:10; 1Ah 4:20; Heb 7:14.

  • Yudani; Yudafoɔ.

    Berɛ a Israel mmusuakuo du ahemman no guiɛ akyi no, na wɔfrɛ obiara a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no Yudani. (2Ah 16:6) Berɛ a Yudafoɔ no firi Babilon baeɛ no, wɔfrɛɛ wɔn a wɔfiri Israel mmusuakuo ahodoɔ no mu a wɔsan baa Israel no nyinaa Yudafoɔ. (Esr 4:12) Akyire yi, na wɔfrɛ Israelfoɔ a wɔwɔ wiase baabiara no Yudafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔada nso afiri Amanaman mufoɔ ho. (Est 3:6) Berɛ a ɔsomafoɔ Paul reka Kristofoɔ asafo no ho asɛm no, ɔkaa sɛ, sɛ obi yɛ Yudani oo, sɛ ɔfiri ɔman foforɔ so oo, ɛnyɛ ɛno na ɛhia.—Ro 2:28, 29; Ga 3:28.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane