Leviticus
5 “‘Sɛ obi* yɛ bɔne bi ho dansefoɔ anaasɛ ɔnim ho biribi, na sɛ wɔrepɛ nkurɔfoɔ abɛdi asɛm no ho adanseɛ,*+ nanso wammɛka ho hwee a, wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.
2 “‘Anaa sɛ obi* ho ka biribi a ɛho nte, te sɛ wuram aboa a ne ho nte funu, afieboa a ne ho nte funu, mmoa nketenkete* no biara a ne ho nte funu,+ na sɛ ɔnnim mpo a, ne ho agu fĩ na ɔdi fɔ. 3 Anaa sɛ obi ani nna ne ho so na ne ho kɔka obi a ne ho agu fĩ+ anaa biribiara a ɛbɛtumi ama onipa ho agu fĩ, na sɛ akyire yi ɔbɛhunu a, ɔdi fɔ.
4 “‘Anaa sɛ obi* pere ne ho ka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a, deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛ na ɔnnim na akyire yi ɔbɛhu sɛ wapere ne ho aka ntam a, ɔdi fɔ.*+
5 “‘Ɛba sɛ ɔdi fɔ wɔ asɛm yi biara mu a, ma no nka ne bɔne.+ 6 Afei nso, bɔne a wayɛ nti, ɔmfa odwan ba a ɔyɛ ɔbedeɛ anaa apɔnkyebedeɛ kumaa mmra Yehowa anim, na ɔsɔfoɔ no mfa mmɔ afɔdie afɔreɛ+ mpata mma ne bɔne.
7 “‘Na sɛ ne nsa nso odwan so a, bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ wɔ Yehowa anim. Ɔmfa baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.+ 8 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nni kan mfa deɛ ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no mmra na ɔnte ne mene, nanso mma no nnte ne ti mmfiri so. 9 Ma no mfa aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na ɔnsɔne mogya a aka no ngu afɔrebukyia no ase.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 10 Ɔsɔfoɔ no de baako a aka no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ sɛdeɛ daa wɔbɔ no,+ na ɔde apata ama ne bɔne, na wɔde bɛkyɛ no.+
11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. Mma no mmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 12 Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma nhye wɔ afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.* Ɔnhye no afɔrebukyia no so wɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no so. Ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ. 13 Ma ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ bɔne yi mu biara a wayɛ ho, na wɔde bɛkyɛ no.+ Deɛ ɛbɛka biara yɛ ɔsɔfoɔ no dea+ te sɛ aduane afɔreɛ no.’”+
14 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 15 “Sɛ obi* fom yɛ* bɔne tia Yehowa nneɛma a ɛyɛ kronkron+ no berɛ a n’ani nna ne ho so a, ma no mfa odwennini a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ mma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ aboa no boɔ yɛ nnwetɛbena* a wɔatwa ato hɔ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ 16 Ɔbɛtua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpata, na ɔde nkyɛmu nnum mu baako bɛka ho abrɛ ɔsɔfoɔ no.+ Na ɔsɔfoɔ no de odwennini a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no bɛpata ama no,+ na wɔde bɛkyɛ no.+
17 “Sɛ obi* fom kɔyɛ nneɛma a Yehowa aka sɛ mma obiara nnyɛ no bi a, sɛ ɔnnim mpo a, ɔbɛdi fɔ, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.+ 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔ a ɔsom bo te sɛ ɛboɔ a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfoɔ no na ɔde bɔ afɔdie afɔreɛ.+ Ɔsɔfoɔ no de bɛpata ama bɔne a ɔnnim sɛ wayɛ berɛ a na n’ani nna ne ho so no, na wɔde bɛkyɛ no. 19 Ɛyɛ afɔdie afɔreɛ. Wafom Yehowa, enti ɔdi fɔ.”