-
Leviticus 11:21-24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 “‘Mmoa nketenkete a wɔtu na wɔwɔ nan nnan yi na mobɛtumi awe; wɔn a wɔwɔ nan a wɔtumi de hurihuri. 22 Wɔn mu deɛ mobɛtumi awe nie: Ntutummɛ ahodoɔ a wɔtumi tu ne ntutummɛ foforɔ a nnipa di, aketekyire, ne mmɛbɛ.+ 23 Mmoa nketenkete foforɔ a wɔtu na wɔwɔ nan nnan a aka nyinaa yɛ mo akyiwadeɛ. 24 Weinom ne nneɛma a ɛbɛgu mo ho fĩ. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no, ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+
-
-
Deuteronomium 14:8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Bio nso, monnwe prako, ɛfiri sɛ ne nan mu apae mmienu deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn afunu mu.
-