Leviticus
17 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:
3 “‘“Ɛnsɛ sɛ Israelni biara kum nantwie anaa odwennini kumaa anaa apɔnkye wɔ asoɛeɛ hɔ anaa asoɛeɛ no akyi. 4 Mmom ɛsɛ sɛ ɔde ba Yehowa ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano bɛbɔ afɔreɛ wɔ Yehowa anim, kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no kwan ano. Anyɛ saa a, wɔbɛbu no sɛ wadi mogya ho fɔ. Wahwie mogya agu, enti wɔbɛku no.* 5 Wei bɛma Israelfoɔ de mmoa a anka wɔbɛkum wɔn wɔ wuram no aba Yehowa anim de abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa.+ 6 Afei ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de mogya no pete Yehowa afɔrebukyia no so wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɔhye sradeɛ no ma no yɛ afɔreɛ hwamhwam* ma Yehowa.+ 7 Enti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔreɛ ma abosom a wɔte sɛ mpɔnkye*+ a wɔne wɔn bɔ adwaman no bio.+ Wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”’
8 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔpɛ sɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ bi no, 9 ɔmfa mmrɛ Yehowa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, anyɛ saa a, wɔbɛku no.*+
10 “‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu a ɔbɛdi mogya+ biara no, mɛma m’ani asa deɛ* ɔdi mogya no, na mɛku no.* 11 Na ɔhonam biara nkwa* wɔ ne mogya mu,+ na me na mede ama mo sɛ momfa mpata mma mo ho* wɔ afɔrebukyia no+ so, ɛfiri sɛ nkwa* a ɛwɔ mogya mu nti, wɔde pata ma bɔne.+ 12 Wei nti maka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mo mu biara* di mogya, na ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu+ nso di mogya.”+
13 “‘Sɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a wabɛsoɛ mo mu kɔ ahayɔ na ɔkye aboa anaa anomaa bi a ɔpɛ sɛ ɔdi a, ɔnhwie ne mogya ngu+ mfa dɔteɛ nkata so. 14 Na ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya, ɛfiri sɛ nkwa* wɔ mogya no mu. Enti meka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Monnni ɔhonam biara mogya, ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa* ne ne mogya. Obiara a ɔbɛdi no, wɔbɛku no.”*+ 15 Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa deɛ aboa bi atete ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ;+ anwummerɛ na ne ho bɛte. 16 Na sɛ wansi ne ntaadeɛ annware* a, ɛnneɛ wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.’”+