Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mateo 26:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 na wei gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam+ no,’ deɛ wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree+ anya bɔnefakyɛ+ no.

  • Romafoɔ 3:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Onyankopɔn de no maeɛ sɛ afɔreɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ne mogya mu gyidie+ na ama asomdwoeɛ aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne tenenee adi, ɛfiri sɛ n’aboterɛ nti, ɔde bɔne a wɔyɛɛ no tete no kyɛe.

  • Romafoɔ 5:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Ɛnneɛ seesei a wɔnam ne mogya so abu yɛn ateneneefoɔ+ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri abufuo mu.+

  • Efesofoɔ 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɛnam deɛ ɔdɔ no no mogya so+ na yɛanya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ,+ sɛdeɛ n’adom bebrebe no teɛ.

  • Hebrifoɔ 9:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Aane, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya na ɛte nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ wɔanhwie mogya angu a, bɔnefakyɛ rentumi mma.+

  • Hebrifoɔ 13:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Enti Yesu nso hunuu amane wɔ kuro no pono akyi,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde ɔno ara ne mogya bɛte nnipa ho.+

  • 1 Petro 1:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Mo na Agya Nyankopɔn ayi mo sɛdeɛ ɔbɔɔ ne tirim no.+ Ɔde honhom no ate mo ho+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ ɔsetie na wɔde Yesu Kristo mogya apete mo so:+

      Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo.

  • 1 Yohane 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Na sɛ yɛnam hann no mu sɛdeɛ ɔno ankasa wɔ hann no mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.+

  • Adiyisɛm 1:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 ne Yesu Kristo, “Ɔdansefoɔ Nokwafoɔ no,”+ “deɛ ɔdi kan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu,”+ ne “asaase so ahemfo Sodifoɔ”+ no hɔ nka mo.

      Deɛ ɔdɔ yɛn+ na ɔnam ɔno ara ne mogya so gyee yɛn firii yɛn bɔne mu,+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane