Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
3 Ɛnneɛ, sɛ obi yɛ Yudani a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so? Anaa mfasoɔ bɛn na ɛwɔ twetiatwa* so? 2 Ɛso mfasoɔ dɔɔso. Deɛ ɛdi kan no, Yudafoɔ na wɔde Onyankopɔn nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.+ 3 Enti asɛm no ne sɛn? Sɛ ebinom annya gyidie a, gyidie a wɔannya nti, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn renni nokorɛ anaa? 4 Daabida! Sɛ onipa biara bɛyɛ ɔtorofoɔ+ mpo a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛdi bem wɔ wo kasa mu, na sɛ wɔbu wo atɛn a, woadi nkonim.”+ 5 Sɛ nneɛma a ɛntene a yɛyɛ ma Onyankopɔn tenenee da adi a, deɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn yi n’abufuo adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔntene anaa? (Merekasa sɛdeɛ nnipa kasa.) 6 Daabida! Anyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn abu wiase atɛn?+
7 Na sɛ medi atorɔ, na ɛma Onyankopɔn nokorɛ da adi yie ma ɛhyɛ no animuonyam a, ɛnneɛ adɛn nti na Onyankopɔn rebu me atɛn sɛ ɔbɔnefoɔ? 8 Ɛnneɛ nsɛm a nnipa bi twa atorɔ to yɛn so sɛ yɛka no, momma yɛnka bi ɛ! Wɔse yɛka sɛ: “Momma yɛnyɛ nneɛma bɔne, na nneɛma pa aba.” Atɛn a wɔbu nnipa a wɔte saa no tene.+
9 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka? Yɛkyɛn afoforɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Ɛfiri sɛ yɛadi kan aka sɛ, Yudafoɔ ne Greecefoɔ nyinaa hyɛ bɔne ase;+ 10 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔteneneeni biara nni hɔ, baako mpo nni hɔ;+ 11 obiara nni hɔ a ɔwɔ nhunumu biara; obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn. 12 Nnipa nyinaa afom kwan,* wɔn nyinaa adane adeɛ a mfasoɔ biara nni so; obiara nni hɔ a ɔda ayamyɛ adi, baako pɛ mpo nni hɔ.”+ 13 “Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue; wɔde wɔn kɛtrɛma keka nnaadaasɛm.”+ “Awɔ* borɔ wɔ wɔn anom.”+ 14 “Nnome ne nsɛm a ɛyɛ ya* ayɛ wɔn anom ma.”+ 15 “Wɔn nan tu mmirika kɔhwie mogya gu.”+ 16 “Ɔsɛeɛ ne ahoyera wɔ wɔn akwan so, 17 na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”+ 18 “Onyankopɔn ho suro nni wɔn ani so.”+
19 Yɛnim sɛ biribiara a Mmara no ka no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔhyɛ Mmara no ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛma obiara aka n’ano atom, na wiase nyinaa abɛyɛ wɔn a wɔfata Onyankopɔn asotwe.+ 20 Enti ɔremfa mmara nnwuma so mmu obiara* bem wɔ n’anim,+ ɛfiri sɛ mmara na ɛma yɛhunu bɔne yie.+
21 Nanso seesei sɛ obi anni Mmara no so mpo a, Onyankopɔn bɛtumi abu no ɔteneneeni,+ sɛdeɛ Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ no.+ 22 Aane, wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa, ɛsiane sɛ wɔwɔ Yesu Kristo mu gyidie nti, wɔbɛtumi abɛyɛ ateneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim. Ɛfiri sɛ nsonsonoeɛ biara nna wɔn ntam.+ 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na wɔntumi nna Onyankopɔn animuonyam adi,+ 24 na ɛyɛ akyɛdeɛ ara kwa+ sɛ Onyankopɔn adom nti,+ ɔnam agyedeɛ a Kristo Yesu tuaeɛ no so abu wɔn bem.+ 25 Onyankopɔn de no maeɛ sɛ afɔreɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ne mogya mu gyidie+ na ama asomdwoeɛ aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne tenenee adi, ɛfiri sɛ n’aboterɛ nti, ɔde bɔne a wɔyɛɛ no tete no kyɛe. 26 Ɔyɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne tenenee adi+ wɔ saa berɛ yi mu, na ama wayɛ ɔteneneeni berɛ a ɔbu onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidie bem no.+
27 Ɛnneɛ ahohoahoa no wɔ he? Wɔayi afiri hɔ. Mmara bɛn na wɔnam so yi firii hɔ? Nnwuma mmara+ anaa? Daabida, na mmom ɛnam gyidie mmara so. 28 Yɛhunu sɛ wɔnam gyidie so na ɛbu onipa bem, na ɛnyɛ nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ so.+ 29 Adɛn, ɔyɛ Yudafoɔ nko ara Nyankopɔn?+ Ɔnyɛ amanaman mufoɔ nso Nyankopɔn anaa?+ Aane, ɔyɛ amanaman mufoɔ nso Nyankopɔn.+ 30 Ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ baako+ nti, ɔbɛgyina gyidie so abu nnipa a wɔatwa twetia bem,+ na wɔn a wɔntwaa twetia no nso, ɔbɛgyina wɔn gyidie so abu wɔn bem.+ 31 Ɛnneɛ yɛn gyidie nti, yɛtu mmara gu anaa? Ɛnte saa koraa! Mmom, yɛma mmara gyina.+