15 Hwɛ yie na wo ne nnipa a wɔwɔ asaase no so anyɛ apam, ɛfiri sɛ sɛ wɔne wɔn anyame bɔ adwaman na wɔbɔ afɔreɛ ma wɔn anyame a,+ obi bɛfrɛ wo ama woakɔdi wɔn abosonnuane no bi.+
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi duru asaase a wɔrekɔ so no so a, wɔbɛfiri aseɛ ne anyame foforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ adwaman.*+ Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+