15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔreɛ wɔ so de apata bɔne.
18 “Afei ɔmmra afɔrebukyia+ a ɛwɔ Yehowa anim no ho na ɔmpata mma afɔrebukyia no. Ɔmfa nantwinini ne apɔnkyenini mogya no bi nyɛ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho.