Leviticus
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Fa Aaron ne ne mma+ no bra, na fa ntaadeɛ no,+ ɔsrango,+ nantwinini a mode bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, adwennini mmienu no, ne paanoo a mmɔka* nnim+ a ɛgu kɛntɛn mu bra, 3 na ma asafo no nyinaa mmɛhyia wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.”
4 Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ, na asafo no bɛhyiaam wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano. 5 Afei Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Wei ne deɛ Yehowa aka sɛ yɛnyɛ.” 6 Enti Mose de Aaron ne ne mma baeɛ, na ɔde nsuo dwaree wɔn.+ 7 Ɛno akyi no, ɔde ataade tenten no+ hyɛɛ no, na ɔde deɛ ɔde bɛbɔ ne mu+ no bɔɔ so, na ɔde nsasini+ no nso hyɛɛ no. Afei ɔde efɔd*+ no hyɛɛ no de abɔsoɔ*+ a wɔanwene no sɔɔ mu. 8 Na ɔde nkataboɔ no+ nso hyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim*+ no hyɛɛ nkataboɔ no mu. 9 Ɛnna ɔde abotire no+ bɔɔ ne ti, na ɔde ade tratra hyɛnn a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛno ne ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron*+ no bɔɔ abotire no anim. Sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, saa ara na Mose yɛeɛ.
10 Ɛnna Mose faa ɔsrango no, na ɔsraa ɔsom ntomadan no ne biribiara a ɛwom+ de dwiraa ho. 11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛ nson, na ɔsraa afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ de tee ho. 12 Ɔwieeɛ no, ɔhwiee ɔsrango no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no dwiraa ne ho.+
13 Ɛnna Mose de Aaron mma no nso baeɛ, na ɔde ntaade tenten no hyɛɛ wɔn de deɛ wɔde bɛbɔ wɔn mu no bɔɔ so. Na ɔde abotire no bobɔɔ* wɔn ti,+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
14 Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no baeɛ, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwie no apampam.+ 15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔrebukyia no ho.* Afei ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔreɛ wɔ so de apata bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii sradeɛ a ɛwɔ aboa no nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.+ 17 Afei deɛ aka wɔ nantwie no ho nyinaa, ne nwoma, ne nam, ne ne bini no, ɔde gya hyee wɔ asoɛeɛ no akyi+ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔrebukyia no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasini, na ɔde ne ti, ne nam asinasini no, ne ne sradeɛ* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsuo hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee odwennini no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ná ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
22 Afei ɔde odwan a ɔtɔ so mmienu no, odwennini a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ wɔn asɔfoɔ no bae,+ na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 23 Mose kum aboa no de ne mogya no bi yɛɛ Aaron aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. 24 Afei Mose de Aaron mma no nso bae na ɔde mogya no bi yɛɛ wɔn aso nifa ne wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho. Na Mose de mogya a aka no petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+
25 Ɛnna ɔyii ne sradeɛ, ne dua a adɔre sradeɛ no, ne sradeɛ a ɛwɔ ne nsono ne ne berɛboɔ ho no nyinaa ne n’asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ ne ne nan nifa a ɛwɔ akyire no.+ 26 Ɔyii paanoo baako a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo baako a mmɔka nnim a wɔde ngo afa ho a ɛte sɛ kawa,+ ne paanoo a mmɔka nnim tratra baako firii kɛntɛn a ɛwɔ Yehowa anim no mu. Ɛnna ɔde guu aboa no sradeɛ no ne ne nan nifa a ɛwɔ akyire no so. 27 Afei ɔde ne nyinaa guu Aaron ne ne mma no nsam, na wɔhim no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim. 28 Akyire yi Mose gye firii wɔn nsam hyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔreɛ no ho. Ná ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔbɔ de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ, afɔreɛ a wɔde gya hye maa Yehowa.
29 Mose faa aboa no koko him no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ Wei ne Mose kyɛfa a ɔnya firii afɔreɛ a ɔbɔ maa asɔfoɔ* no mu, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
30 Afei Mose faa ɔsrango+ ne mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mma ho ne wɔn ntaadeɛ mu. Ɔyɛɛ saa de dwiraa Aaron ne ne ntaadeɛ ho ne ne mma+ a wɔka ne ho ne wɔn ntaadeɛ ho.+
31 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma sɛ: “Monnoa+ nam no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na momfa nka paanoo a ɛwɔ kɛntɛn* mu no ho na monni wɔ hɔ. Deɛ wɔka kyerɛɛ me wɔ ho ne sɛ, ‘Aaron ne ne mma na wɔbɛdi.’+ 32 Ɛnam ne paanoo a ɛbɛka no, momfa gya nhye.+ 33 Montena mmɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano nnanson; mommfiri hɔ kɔsi sɛ nna a wɔde bɛhyɛ mo asɔfoɔ no bɛso, ɛfiri sɛ nnanson na yɛde bɛhyɛ mo asɔfoɔ.*+ 34 Deɛ ɛnnɛ yɛayɛ yi, Yehowa na aka sɛ yɛnyɛ mfa mpata mma mo.+ 35 Montena ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano nnanson,+ awia ne anadwo, na monhwɛ nyɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ mo no nyinaa,+ na moanwuwu; ɛno ne ahyɛdeɛ a wɔde ama me.”
36 Na Aaron ne ne mma yɛɛ deɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no nyinaa.