Leviticus
9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no,+ Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanimfoɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa nantwie ba ne odwennini a wɔte apɔ bra Yehowa anim. Wode nantwie ba no bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ+ na wode odwennini no abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ. 3 Na Israelfoɔ no nso, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa apɔnkyenini mmɛbɔ bɔne ho afɔreɛ, na momfa nantwie ba ne odwennini kumaa a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ. 4 Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduane afɔreɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa bɛyi ne ho adi akyerɛ mo nnɛ.’”+
5 Ɛnna wɔde deɛ Mose kaa sɛ wɔmfa mmra no baa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Afei asafo no nyinaa bɛgyinaa Yehowa anim. 6 Mose kaa sɛ: “Wei na Yehowa aka sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’animuonyam adi akyerɛ mo.”+ 7 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔrebukyia no ho kɔbɔ bɔne ho afɔreɛ+ ne ɔhyeɛ afɔreɛ fa pata ma wo ho+ ne wo fiefoɔ. Afei fa ɔman no afɔrebɔdeɛ no+ bɔ afɔreɛ pata ma wɔn+ sɛdeɛ Yehowa de ahyɛdeɛ ama yɛn no.”
8 Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔrebukyia no ho kɔkum nantwie ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ no.+ 9 Ɛnna Aaron mma no de mogya+ no brɛɛ no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu sosɔɔ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya a aka no guu afɔrebukyia no ase.+ 10 Ɔyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔreɛ no sradeɛ ne n’asaabo ne ne berɛboɔ ho sradeɛ, na ɔhyee no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ 11 Na ɔde gya hyee aboa no nam ne ne nwoma wɔ asoɛeɛ no akyi.+
12 Afei ɔkum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 13 Wɔtwitwaa aboa no mu asinasini de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so. 14 Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyee no afɔrebukyia no so kaa ɔhyeɛ afɔreɛ no ho.
15 Ɛno akyi no, ɔde deɛ ɔman no de baeɛ no nso bɔɔ afɔreɛ. Ɔkum apɔnkyenini a ɔman no de baeɛ no de bɔɔ bɔne ho afɔreɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ afɔreɛ a ɛdi kan no. 16 Afei ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ no no.+
17 Ɔhyeɛ afɔreɛ a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde deɛ ɔde bɛbɔ aduane afɔreɛ+ nso baeɛ, na ɔsaa bi guu ne nsam de guu afɔrebukyia no so maa no hyeeɛ.
18 Ɛno akyi no, ɔkum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔrebukyia no so hyiaeɛ.+ 19 Na nantwinini no sradeɛ+ ne odwennini no dua a adɔre sradeɛ no ne wɔn nsono ho sradeɛ, wɔn asaabo, ne wɔn berɛboɔ ho sradeɛ no deɛ,+ 20 wɔyii sradeɛ yi nyinaa de kaa mmoa no koko ho, na ɔhyee sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ 21 Mmoa no koko ne wɔn nan nifa a ɛwɔ akyire no deɛ, Aaron him no sɛ ohim afɔreɛ wɔ Yehowa anim, sɛdeɛ Mose kaeɛ no.+
22 Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no so, na ɔhyiraa wɔn,+ na berɛ a ɔwiee bɔne ho afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔsii fam. 23 Ɛno akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na wɔpue bɛhyiraa ɔman no.+
Afei Yehowa maa nnipa no nyinaa huu n’animuonyam,+ 24 na egya firi Yehowa hɔ+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Berɛ a nnipa no nyinaa hunuiɛ no, wɔteateaam na wɔde wɔn anim butubutuu fam.+