-
Leviticus 7:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ara mfa sradeɛ+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na ɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim. 31 Ma ɔsɔfoɔ no nhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Aboa no koko no deɛ, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+
-