Leviticus
7 “‘Afɔdie afɔreɛ no ho mmara nie:+ Ɛyɛ ade kronkron paa. 2 Baabi a wɔkum aboa a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na wɔbɛkum aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no, na wɔde ne mogya+ bɛpete afɔrebukyia no so ahyia.+ 3 Ma ɔsɔfoɔ no* nyi ne sradeɛ nyinaa,+ ne dua a adɔre sradeɛ no, ne ne nsono ho sradeɛ, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Ma ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔdie afɔreɛ. 6 Mmarima a wɔyɛ asɔfoɔ no nyinaa tumi we bi.+ Ɛsɛ sɛ wɔwe no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ ade kronkron paa.+ 7 Afɔdie afɔreɛ no, ɛho mmara te sɛ bɔne ho afɔreɛ deɛ no. Ɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɛbɔ afɔreɛ de apata bɔne no dea.+
8 “‘Sɛ obi de aboa brɛ ɔsɔfoɔ no sɛ ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a, aboa no nwoma+ bɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.
9 “‘Aduane biara a wɔbɛtõ no fononoo mu anaa wɔbɛkye no ɛsɛn mu anaa wɔbɛtõ no apampaa so+ de abɔ afɔreɛ no, ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɔɔ afɔreɛ no kyɛfa; ɛyɛ ne dea.+ 10 Nanso sɛ wɔde esiam a wɔde ngo afra+ anaa deɛ hwee mfra mu+ ba sɛ wɔmfa mmɔ aduane afɔreɛ a, ɛbɛyɛ Aaron mma no dea; wɔbɛkyɛ no pɛ.
11 “‘Afei sɛ obi de biribi rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a, ɛho mmara nie:+ 12 Sɛ ɔde rebɛda ase a,+ ɔmfa ngo mfete esiam nyɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim mfa ngo nsra ho. Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfete no yie mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa weinom nka n’aseda afɔreɛ no ho. 13 Ɔmfa paanoo a mmɔka wom a ɛte sɛ kawa nka n’afɔrebɔdeɛ no ne deɛ ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no ho mmra sɛ aseda afɔreɛ. 14 Ɔde emu biara bi bɛma Yehowa sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron. Ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya bɛpete afɔrebukyia no so no dea.+ 15 Ɛda a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a wɔde yɛ aseda afɔreɛ no, saa da no ara na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛho nam no. Ɛnsɛ sɛ ɔgya bi ma adeɛ kye so.+
16 “‘Sɛ bɔhyɛ afɔreɛ+ anaa ayamyɛ afɔreɛ+ na ɔde aboa no rebɛbɔ a, ma no nwe no da a ɔde no bɛbɔ afɔreɛ no, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, ɛno nso ɔbɛtumi awe. 17 Nanso sɛ ɛdi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa gya nhye.+ 18 Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no nam no bi ka ma no di nnansa na obi we a, deɛ ɔde baeɛ no rennya nhyira biara; wabrɛ agu. Ɛyɛ atantanneɛ, na obiara* a ɔbɛwe bi no bɛnya ne bɔne so akatua.+ 19 Sɛ nam ka biribi a ɛho nte a, ɛnsɛ sɛ obiara we. Wɔmfa gya nhye. Ɛnam a ɛho te deɛ, obiara a ne ho te bɛtumi awe bi.
20 “‘Aboa a wɔde bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa no, sɛ obi* a ne ho agu fĩ we ne nam no bi a, wɔnku saa onipa no.*+ 21 Sɛ obi* ho ka biribi a ɛho nte, te sɛ onipa a ne ho nte,+ aboa a ne ho nte,+ anaa biribiara a ɛho nte a ɛyɛ akyiwadeɛ,+ na sɛ ɔwe aboa a wɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no nam no bi a, wɔnku saa onipa no.’”*
22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monnni nantwie anaa odwan ba anaa apɔnkye sradeɛ+ biara. 24 Sɛ mokɔto sɛ aboa bi awu anaasɛ aboa foforɔ aku no a, mobɛtumi de ne sradeɛ ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni bi da.+ 25 Sɛ obi de aboa reba ama wɔde gya ahye abɔ afɔreɛ ama Yehowa, na sɛ ɔdi ne sradeɛ a, wɔnku saa onipa no.*
26 “‘Baabiara a mobɛtena no, monnni mogya+ biara. Monnni anomaa anaa aboa foforɔ biara mogya. 27 Obiara* a ɔbɛdi mogya no, wɔnku saa onipa no.’”*+
28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ara mfa sradeɛ+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na ɔnhim no sɛ ohim afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim. 31 Ma ɔsɔfoɔ no nhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so.+ Aboa no koko no deɛ, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+
32 “‘Momfa aboa a mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no nan nifa a ɛwɔ akyire no mma ɔsɔfoɔ no sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron.+ 33 Aaron mma no mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mogya ne ne sradeɛ bɛbɔ afɔreɛ no, ɔno na aboa no nan nifa no bɛyɛ ne kyɛfa.+ 34 Sɛ Israelfoɔ no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, mɛgye aboa no koko a wɔhimiiɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfoɔ.+
35 “‘Ɛda a wɔde Aaron ne ne mma baeɛ sɛ wɔmmɛyɛ Yehowa asɔfoɔ no,+ wei na wɔyi firii afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu sɛ ɛnyɛ wɔn kyɛfa. 36 Ɛda a wɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu sraa wɔn ngo+ no, wei na Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔmfa mma wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a wɔbɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.’”
37 Wei ne afɔreɛ a ɛdidi so yi ho mmara: ɔhyeɛ afɔreɛ,+ aduane afɔreɛ,+ bɔne ho afɔreɛ,+ afɔdie afɔreɛ,+ afɔreɛ a wɔbɔ de hyɛ obi sɔfoɔ,+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 38 Wei ne ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so,+ ɛda a ɔkaa sɛ Israelfoɔ mfa wɔn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Yehowa wɔ Sinai serɛ so no.+