11 “‘Nanso sɛ ɔrennya mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a, ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako*+ mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔreɛ. Mma no mmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ɛhyɛ* nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔreɛ.
15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyɛmu du mu baako* nka ho sɛ ɔbaa no afɔreɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, ɛfiri sɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔreɛ, aduane afɔreɛ a ɛma wɔkae afɔdie.