Numeri
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, obiara a ɔyare kwata, obiara a ne ho nsuo sene, ne obiara a efunu* ama ne ho agu fĩ a ɔwɔ wɔn mu no, wɔnyi no mfiri asoɛeɛ hɔ.+ 3 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, monyi no mfiri mo mu. Monyi no nkɔ asoɛeɛ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛeɛ ho fĩ.”+ 4 Enti Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔyii wɔn kɔɔ asoɛeɛ no akyi. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfoɔ no yɛeɛ.
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi, na wanni Yehowa nokorɛ a, saa onipa* no di fɔ.+ 7 Ɔnka* ne* bɔne,+ na ɔntua adeɛ no boɔ pɛpɛɛpɛ mfa mpata mma ne bɔne no, na ɔnsan nkyɛ boɔ no mu nnum mfa baako nka ho;+ ɔmfa mma deɛ ɔyɛɛ no bɔne no. 8 Na sɛ deɛ wɔayɛ no bɔne no nni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua mpata adeɛ no ama no a, ɛnneɛ ɔmfa nkɔma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea; ɔde bɛka odwennini a ɔsɔfoɔ no de bɛbɔ afɔdie afɔreɛ de apata ama no no ho.+
9 “‘Ntoboa kronkron+ biara a Israelfoɔ no de bɛma ɔsɔfoɔ no, ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.+ 10 Ade kronkron a obiara wɔ no yɛ ne dea. Na adeɛ biara a obi de bɛma ɔsɔfoɔ no, ɛno na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.’”
11 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Wo ne Israelfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi yere anni ne kunu nokorɛ, na ɔfiri ne kunu akyi 13 ma ɔbarima foforɔ ne no da,+ na ne kunu no nnim ho hwee anaa ɔbaa no mmɔɔ so nkyerɛɛ obiara, ma enti ne ho agu fĩ, nanso ɛho danseni biara nni hɔ, na wɔnkyee no nso a, deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: 14 Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbaa no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afiri n’akyi oo, sɛ nso ɔbaa no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbaa no afiri n’akyi oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyɛmu du mu baako* nka ho sɛ ɔbaa no afɔreɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, ɛfiri sɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔreɛ, aduane afɔreɛ a ɛma wɔkae afɔdie.
16 “Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no mmra mmɛgyina Yehowa anim.+ 17 Ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo mu, na ɔsɔfoɔ no mfa mfuturo a ɛwɔ fam hɔ wɔ ɔsom ntomadan no mu no bi ngu nsuo no mu. 18 Ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nnyina Yehowa anim na ɔnsane ɔbaa no tiri nwi. Afei ɔsɔfoɔ no mfa nkaeɛ aduane afɔreɛ no, kyerɛ sɛ, ninkuntwe ho aduane afɔreɛ no nhyɛ ɔbaa no nsam,+ na ɔsɔfoɔ no mfa nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba no nkura.+
19 “‘Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnae berɛ a wohyɛ wo kunu ase yi,+ na womfirii wo kunu akyi nkɔguu wo ho fĩ a, ɛnneɛ mma nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba yi nnyɛ wo hwee. 20 Nanso sɛ woafiri wo kunu akyi berɛ a wohyɛ n’ase akɔgu wo ho fĩ, na wo ne ɔbarima foforɔ a ɔnyɛ wo kunu akɔda a,—”+ 21 Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam a nnome wom, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: “Yehowa mma wonnane biribi a nkurɔfoɔ de dome na wɔde ka ntam wɔ wo man mu, na Yehowa mma wo srɛ* nhi* na w’afuru nhono. 22 Nsuo a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahono na ama wo srɛ* ahi.”* Ɔwie a, ɔbaa no nka sɛ: “Amen! Amen!”*
23 “‘Afei ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma mu na ɔnhohoro ngu nsuo nwonwoonwono no mu. 24 Ɔwie a, ɔmfa nsuo nwonwoonwono a ɛde nnome ba no mma ɔbaa no nnom. Na nsuo a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbaa no mu, na ɛbɛyɛ nwonwoonwono wɔ ne mu. 25 Afei ɔsɔfoɔ no nnye ninkuntwe ho aduane afɔreɛ no+ mfiri ɔbaa no nsam, na ɔnhim aduane afɔreɛ no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔrebukyia no ho. 26 Aduane afɔreɛ no, ɔsɔfoɔ no nsa ne nsa ma, na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so.+ Ɔwie a, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no. 27 Sɛ ɔma ɔbaa no nom nsuo no, na sɛ ampa ɔbaa no agu ne ho fĩ na wafiri ne kunu akyi a, nsuo a ɛde nnome ba no bɛkɔ ɔbaa no mu, na ɛbɛyɛ nwonwoonwono wɔ ne mu, na n’afuru bɛhono na ne srɛ* ahi,* na ɔbaa no bɛdane biribi a nkurɔfoɔ de dome wɔ ne man mu. 28 Nanso sɛ ɔbaa no nguu ne ho fĩ, na ne ho te a, ɛnneɛ saa asotwe no remma no so, na ɔbɛtumi anyinsɛn awo.
29 “‘Wei ne ninkuntwe ho mmara a ɛwɔ hɔ.+ Sɛ ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu ase firi ne kunu akyi na ɔkɔgu ne ho fĩ, 30 anaasɛ ɔbarima bi twe ninkunu, na n’adwene yɛ no sɛ ne yere afiri n’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔde ne yere no bɛgyina Yehowa anim, na ɔsɔfoɔ no de deɛ mmara yi ka nyinaa yɛ no. 31 Ɔbarima no deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara, na ne yere no deɛ, ɔbɛsoa ne bɔne.’”