Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 29:27, 28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Odwan a wɔde bɛbɔ afɔreɛ de ahyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ no,+ fa ne koko a wɔde bɛbɔ ohim afɔreɛ no ne ne nan a ɛka afɔrebɔdeɛ kronkron no ho no, na dwira ho. 28 Wei bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛma wɔn.+ Sɛ wɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, wɔde afɔrebɔdeɛ+ kronkron yi bɛma Yehowa.

  • Numeri 18:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+

  • Deuteronomium 18:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 “Deɛ ɔman no de bɛma asɔfoɔ no nie: Obiara a ɔde aboa bɛbɔ afɔreɛ no, nantwie oo, odwan oo, ɔmfa n’abasa, n’abɔdwe, ne n’afuru mma asɔfoɔ no.

  • Hesekiel 44:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Aduane afɔreɛ,+ bɔne ho afɔreɛ, ne afɔdie afɔreɛ no,+ wɔn na wɔbɛdie. Na biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.+

  • 1 Korintofoɔ 9:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di asɔrefie nneɛma no bi anaa? Na monnim sɛ wɔn a wɔsom wɔ afɔrebukyia ho daa no nso nya wɔn kyɛfa firi afɔrebukyia no so anaa?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane