34 Sɛ Israelfoɔ no bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ a, mɛgye aboa no koko a wɔhimiiɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no ama ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfoɔ.+
14 Wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho+ no bɛwe aboa no koko a wɔhim de bɔɔ afɔreɛ no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron+ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo ne wo mma kyɛfa a ɛfiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔreɛ mu.