Numeri
18 Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia tenabea kronkron no, wo ne wo mma ne w’agyanom abusuafie a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so,*+ na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodie no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so.+ 2 Afei nso, fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, w’abusuakuo no bra, na wɔmmɛka wo ho, na wɔmmoa wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo, ne adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntomadan no ho nyinaa wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔrebukyia no deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔbɛn ho, na wɔne mo nyinaa anwuwu.+ 4 Wɔnka wo ho na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan hɔ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa, ne ntomadan no ho adwuma foforɔ biara, na ɛnsɛ sɛ onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔyɛ bi* no bɛn mo.+ 5 Monhwɛ nyɛ adwuma a wɔde ama mo wɔ kronkronbea hɔ+ ne afɔrebukyia no ho no,+ na abufuo biara amma Israelfoɔ no so bio.+ 6 Me ara na mayi mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu de wɔn akyɛ mo.+ Wɔde wɔn ama Yehowa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma.+ 7 Asɔfodwuma a moyɛ wɔ afɔrebukyia no ho ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no akyi no, wo ne wo mma na ɛhyɛ mo nsa;+ mo na ɛsɛ sɛ moyɛ saa nnwuma no.+ Mede asɔfodie adwuma no akyɛ mo. Onipa biara a wɔmmaa no kwan sɛ ɔnyɛ bi* a ɔbɛbɛn ho no, monku no.”+
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Afɔreɛ kronkron paa a wɔde egya hye a ɛbɛyɛ mo kyɛfa nie: Afɔreɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduane afɔreɛ,+ wɔn bɔne ho afɔreɛ,+ ne wɔn afɔdie afɔreɛ.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma. 10 Monni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɔbarima biara bɛtumi adi bi. Ɛbɛyɛ ade kronkron ama wo.+ 11 Weinom nso yɛ mo dea: Akyɛdeɛ a wɔde ba,+ ne Israelfoɔ ohim afɔreɛ+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wɔka wo ho no sɛ mo kyɛfa daa.+ Obiara a ne ho te wɔ wo fie bɛtumi adi bi.+
12 “Ngo a ɛyɛ paa no nyinaa, ne bobesa foforɔ a ɛyɛ paa ne hwiit* a ɛyɛ paa no nyinaa, wɔn aba a ɛdi kan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, mede ama wo.+ 13 Wɔn asaase so nnɔbaeɛ aba a ɛbɛdi kan abere nyinaa, deɛ wɔde bɛbrɛ Yehowa no, ɛbɛyɛ wo dea.+ Obiara a ne ho te wɔ wo fie bɛtumi adi bi.
14 “Biribiara a wɔahyira so* wɔ Israel no bɛyɛ wo dea.+
15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan deɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho nte mmakan nso, tua sika gye wɔn.+ 16 Wɔn a wɔadi bosome baako rekɔ no, tua nnwetɛbena nnum* a wɔatwa ato hɔ no fa gye wɔn,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Dwetɛbena baako biara yɛ gerah* 20. 17 Nanso nantwinini a ɔyɛ abakan anaa odwennini kumaa a ɔyɛ abakan anaa apɔnkye a ɔyɛ abakan deɛ, ntua sika nnye wɔn.+ Wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya petepete afɔrebukyia no so,+ na fa egya hye wɔn sradeɛ ma ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.+ 18 Na wɔn nam no bɛyɛ wo dea. Sɛdeɛ ne koko a wɔde bɔ ohim afɔreɛ ne ne nan nifa yɛ wo dea no, saa ara na ɛnam no nso yɛ wo dea.+ 19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ Yehowa nyinaa,+ mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam* a ɛwɔ hɔ daa wɔ Yehowa anim ma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.”
20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapadeɛ wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ wɔ Israelfoɔ mu.+
21 “Hwɛ, Lewifoɔ no deɛ, adwuma a wɔyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nti, mede Israel biribiara mu nkyɛmu du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ. 22 Israelfoɔ no mmma ahyiaeɛ ntomadan no ho bio. Wɔba hɔ a, wɔayɛ bɔne na wɔbɛwuwu. 23 Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na ɛho asodie da wɔn so.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu.+ 24 Ɛfiri sɛ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a Israelfoɔ de yi ntoboa, deɛ wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifoɔ no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu’ no.”+
25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso, monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+ 27 Wɔbɛbu no sɛ mo ntoboa, te sɛ hwiit* a ɛfiri ayuporobea,+ anaa nsã* pii a ɛfiri amena a wɔkyĩ nsã wom mu, anaa ngo bebree a ɛfiri baabi a wɔkyĩ ngo. 28 Ɛbɛma mo nso moayi ntoboa ama Yehowa afiri Israelfoɔ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mobɛnya no nyinaa mu. Ɛno mu na monyi ntoboa mma Yehowa na ɛnkɔ ɔsɔfoɔ Aaron hɔ. 29 Ade kronkron biara a wɔde kyɛ mo no, emu deɛ ɛyɛ papa paa no, ɛno na sɛ moreyi ntoboa biara ama Yehowa a, momfa nyi.’+
30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mode deɛ ɛyɛ papa paa no yi ntoboa a, deɛ aka no bɛyɛ mo, Lewifoɔ no dea. Ɛbɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri mo ankasa amena a mokyĩ nsã wom mu, anaa ngo a ɛfiri baabi a mo ara mokyĩ ngo. 31 Mo ne mo fiefoɔ bɛtumi adi wɔ baabiara, ɛfiri sɛ adwuma a moyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho no, ɛyɛ ho akatua.+ 32 Sɛ mode deɛ ɛyɛ papa paa no yi ntoboa deɛ a, ɛnneɛ bɔne ho afɔdie biara remma mo so. Monhwɛ na moangu Israelfoɔ nneɛma kronkron no ho fĩ, anyɛ saa a mobɛwu.’”+