Numeri
18 Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia kronkronbea+ no, wo ne wo mma ne w’agyanom fiefoɔ bɛsoa, na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodie no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no bɛsoa.+ 2 Afei fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, a wɔyɛ w’agya fiefoɔ no ka wo ho na wɔnsom wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma woɔ no wɔnyɛ, na adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntomadan no ho nso wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔrebukyia no deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔba ho na wɔne mo nyinaa anwuwu.+ 4 Wɔnka wo ho nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na ɛnsɛ sɛ onipahunu biara bɛn mo.+ 5 Na monhwɛ nyɛ asɛdeɛ a wɔde ama mo wɔ kronkronbea hɔ+ ne afɔrebukyia no ho+ nyinaa na abufuhyeɛ+ amma Israelfoɔ no so bio. 6 Me nso mayi mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ mu+ ama mo sɛ akyɛdeɛ.+ Yeinom na wɔde wɔn ama Yehowa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma.+ 7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔrebukyia no ne deɛ ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodie adwuma no ama mo sɛ akyɛdeɛ, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wɔnku no.”+
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Tie, mede afɔrebɔdeɛ a wɔde ama me no ahyɛ wo nsa.+ Akronkronneɛ a Israelfoɔ de ama me nyinaa mede ama wo ne wo mma. Ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Akronkronneɛ mu adekronkron a ɛfiri egya afɔdeɛ mu bɛyɛ mo kyɛfa. Afɔdeɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me te sɛ aduane afɔdeɛ,+ bɔne ho afɔdeɛ,+ ne asodie afɔdeɛ+ bɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron ama wo ne wo mma. 10 Na monni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara di bie,+ na ɛnyɛ ade kronkron mma mo.+ 11 Deɛ ɛbɛyɛ mo dea nie: Wɔn akyɛdeɛ no mu bi a wɔbɛyi asi hɔ+ ne nneɛma a Israelfoɔ de bɛbɔ ohim afɔdeɛ+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ sɛ mo kyɛfa daa. Obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie bɛtumi adi bi.+
12 “Ngo ne nsã foforɔ ne ayuo ne aba a ɛdi kan+ mu deɛ ɛyɛ a wɔde bɛbrɛ Yehowa nyinaa, mede ama wo.+ 13 Asase no so aba a ɛbɛdi kan abere a wɔde bɛbrɛ Yehowa nyinaa bɛyɛ mo dea.+ Obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie bɛtumi adi bi.
14 “Biribiara a wɔahyira soɔ wɔ Israel no bɛyɛ wo dea.+
15 “Onipa anaa aboa a ɔbue yafunu ano+ biara a wɔde no bɛma Yehowa no bɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mu mmakan+ deɛ, ma wɔntua sika nnye wɔn. Saa ara na aboa a ne ho akum abakan nso ma wɔntua sika nnye no.+ 16 Wɔn a wɔadi bosome baako rekorɔ no, wɔntua nnwetɛbena nnum a wɔatwa ato hɔ no mfa nnye wɔn. Dwetɛbena baako biara yɛ gerah aduonu,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 17 Nanso nantwinini anaa odwennini anaa abirekyie a ɔyɛ abakan deɛ, mfa sika nsesa,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron. Fa ne mogya+ petepete afɔrebukyia no so, na hye ne sradeɛ sɛ egya afɔdeɛ hwamhwam ma Yehowa.+ 18 Afei ne nam no bɛyɛ mo kyɛfa te sɛ aboa nan nifa ne ne koko a wɔde bɔ ohim afɔdeɛ no.+ 19 Ntoboa kronkron a Israelfoɔ de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefoɔ wɔ Yehowa anim daa.”+
20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya wɔn asase no bi sɛ agyapadeɛ, na worennya kyɛfa biara wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ wɔ Israelfoɔ mu.+
21 “Lewifoɔ no deɛ, mede Israel biribiara mu nkyɛmu du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma daa. 22 Enti mma Israelfoɔ mmmɛn ahyiaeɛ ntomadan no ho bio na bɔne biara anka wɔn amma wɔanwuwu.+ 23 Lewifoɔ no nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na wɔbɛsoa.+ Na wɔrennya agyapadeɛ+ biara Israelfoɔ mu. Yei yɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo nkyirimma nyinaa bɛdi soɔ daa. 24 Sɛ Israelfoɔ kyɛ wɔn agyapadeɛ mu du de baako brɛ Yehowa a, ɛbɛyɛ Lewifoɔ no agyapadeɛ. Yei nti na maka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Wɔrennya agyapadeɛ+ biara Israelfoɔ mu’ no.”
25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du na momfa baako mma Yehowa.+ 27 Na wɔbɛbu no sɛ mo ntoboa, te sɛ ayuo a ɛfiri ayuporobea+ ne ngo anaa nsã a ɛfiri nsã-kyi-amena mu. 28 Enti mo nso mobɛyi ntoboa ama Yehowa afiri Israelfoɔ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mobɛnya no nyinaa mu. Yei mu na monyi ntoboa mma Yehowa na ɛnkɔ ɔsɔfoɔ Aaron hɔ. 29 Akyɛdeɛ biara a mobɛnya no, monyi mu deɛ ɛyɛ paa+ mma Yehowa. Ɛnyɛ wɔn akronkronneɛ.’
30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ moyi nneɛma no mu deɛ ɛyɛ sɛ mo ntoboa+ a, wɔbɛbu deɛ aka no ama Lewifoɔ no te sɛ ayuo a ɛfiri ayuporobea ne ngo anaa nsã a ɛfiri nsã-kyi-amena mu. 31 Na wo ne wo fiefoɔ bɛtumi adi no baabiara, ɛfiri sɛ ɛyɛ adwuma a moyɛ no ahyiaeɛ ntomadan no ho no ho akatua.+ 32 Monyi nneɛma no mu deɛ ɛyɛ sɛ mo ntoboa na bɔne biara amma mo so, na monhwɛ na moangu Israelfoɔ akronkronneɛ no ho fĩ na moanwuwu.’”+