Numeri
19 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Mmara a Yehowa ahyɛ no mu ahyɛdeɛ bi ne sɛ, ‘Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ wɔnhwehwɛ nantwie kɔkɔɔ a ɔte apɔ a dɛm biara nni ne ho+ a wɔmfaa kɔndua ntoo ne kɔn mu+ da mmra. 3 Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasar na ɔmfa no nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim. 4 Na ɔsɔfoɔ Eleasar mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mpete ahyiaeɛ ntomadan no anim mprɛ nson.+ 5 Afei wɔnhye nantwi mũ no nyinaa n’anim. Ne nwoma, ne ne nam ne ne mogya ne ne bini nyinaa, wɔnhye.+ 6 Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro+ ne sommɛ+ ne koogyan+ na ɔnto ngu gya a wɔde rehye nantwie no mu. 7 Afei ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ansa na waba nsraban no mu, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.
8 “‘Na deɛ ɔbɛhye aboa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,+ nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.
9 “‘Afei obi a ne ho teɛ nsesa nantwie no nsõ+ nkɔgu baabi a ɛhɔ teɛ wɔ nsraban no akyi. Sɛ ɛho bɛhia sɛ Israel asafo no dwira wɔn ho a, nsõ yi bi na wɔde bɛgu nsuo mu adwira wɔn ho.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. 10 Na deɛ ɔbɛsesa nantwie no nsõ no nsi ne ntadeɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+
“‘Yei yɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn no bɛdi so daa.+ 11 Afei obiara a ɔbɛsɔ onipa bi funu* mu+ no, ne ho bɛgu fĩ nnanson.+ 12 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔmfa nsuo no bi nnwira ne ho,+ na da a ɛtɔ so nson no ne ho bɛte. Na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛnneɛ da a ɛtɔ so nson no ne ho rente. 13 Sɛ ɔkra bi wu na obi sɔ funu no mu na wannwira ne ho a, wagu Yehowa ntomadan ho fĩ+ na ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔkra a ɔte saa no firi Israel man mu.+ Ɛsiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo+ no bi ampete ne ho nti, ne ho nte ara. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.+
14 “‘Sɛ obi wu wɔ ntomadan bi mu a, mmara a ɛwɔ hɔ nie: Obiara a ɔwɔ ntomadan no mu anaa obiara a ɔbɛba mu no ho bɛgu fĩ nnanson. 15 Na adeɛ biara a ano da hɔ+ a mmuasoɔ nni soɔ no ho nte. 16 Afei nso sɛ obi wɔ wuram na ɔde ne nsa ka deɛ wawu nkrantɛ ano+ anaa efunu anaa onipa dompe+ anaa ɛda bi a, ne ho bɛgu fĩ nnanson. 17 Ɛba saa a, wɔmfa nsõ a wɔsesa firii baabi a wɔhyee aboa no de bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no bi mmra. Wɔmfa ngu adeɛ mu mma deɛ ne ho agu fĩ no, na wɔnhwie mmasuo ngu so. 18 Afei obi a ne ho teɛ+ mfa sommɛ+ mmɔ nsuo no mu na ɔmfa mpete ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ so. Na sɛ obi ho ka dompe anaa deɛ wawu nkrantɛ ano anaa efunu anaa ɛda bi a, ɔmfa bi mpete ne ho. 19 Deɛ ne ho teɛ no mfa mpete deɛ ne ho agu fĩ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no.+ Afei ɔnsi ne ntadeɛ na ɔnnware na ne ho bɛte anwummerɛ.
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, ɛnneɛ wɔntwa ɔkra a ɔte saa no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ Yehowa kronkronbea no na wagu ho fĩ. Ɛsiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne ho nti, ne ho nte.
21 “‘Wɔbɛdi ahyɛdeɛ yi so daa: Deɛ ɔbɛpete ahodwira nsuo no nso nsi ne ntadeɛ,+ na deɛ ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsuo no nso nyɛ saa ara. Ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 22 Na biribiara a deɛ ne ho agu fĩ no bɛsɔ mu no nso ho bɛgu fĩ,+ na ɔkra biara a ɔbɛsɔ dekodeɛ no mu nso ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.’”+