Numeri
20 Afei bosome a ɛdi kan no mu no, Israel asafo mũ no nyinaa baa Sina serɛ so,+ na wɔtenaa Kades.+ Ɛhɔ na Miriam+ wu maa wɔsiee no.
2 Ná nsuo nni hɔ a asafo+ no bɛnom, enti wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Mose ne Aaron so.+ 3 Na ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkaa sɛ: “Yɛhunuiɛ mpo a, anka berɛ a yɛn nuanom wuwuu Yehowa anim+ no yɛn nso yɛwuwuu bi! 4 Adɛn nti na mode Yehowa asafo aba serɛ yi so sɛ yɛne yɛn mmoa mmɛwuwuo?+ 5 Na adɛn nti koraa na mopiaa yɛn firii Egypt baa asase bɔne yi soɔ?+ Aba biara nni ha, borɔdɔma oo, bobe oo, granate akutuo oo, biribi a ɛte saa biara nni ha.+ Na nsuo a yɛbɛnom nso abɔ yɛn.” 6 Ɛnna Mose ne Aaron firii asafo no mu baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.+ Na Yehowa yii n’animuonyam adi kyerɛɛ wɔn.+
7 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 8 “Fa poma+ no kura na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nyinaa nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan a ɛsi wɔn anim no, na nsuo bɛfiri mu aba. Na momfa nsuo a ɛbɛfiri ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn mmoa nnom.”+
9 Enti Mose faa poma no firii Yehowa anim+ sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. 10 Ɛnna Mose ne Aaron frɛɛ asafo no nyinaa baa ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie, mo atuatefoɔ!+ Ɔbotan yi mu na yɛmma nsuo mfiri mma mo anaa?”+ 11 Afei Mose maa ne poma no so de bɔɔ botan no mprenu, na nsuo pii ba maa asafo no ne wɔn mmoa nyinaa nomeeɛ.+
12 Akyire yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Ɛsiane sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron+ Israelfoɔ anim nti, moremfa asafo yi nkɔ asase a mede bɛma wɔn no so.”+ 13 Na ɛsiane sɛ Israelfoɔ ne Yehowa hameeɛ nti, wɔfrɛɛ nsuo no Meriba,+ na ɔmaa wɔhunuu sɛ ɔyɛ kronkron.
14 Afei Mose tuu nnipa firii Kades kɔɔ Edom hene+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wo nua Israel+ seɛ nie, ‘Wo ara wonim amanehunu a yɛafa mu.+ 15 Yɛn agyanom tu kɔɔ Egypt+ na yɛtenaa hɔ nna pii.+ Akyire yi Egyptfoɔ no firii aseɛ dii yɛne yɛn agyanom ani.+ 16 Afei yɛsu frɛɛ Yehowa+ na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ne bɔfoɔ+ bɛyii yɛn firii Egypt. Seesei yɛabɛduru Kades wɔ wo hyeɛ so. 17 Yɛsrɛ wo ma yɛntwam mfa w’asase so. Yɛremfa afuo anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so,+ na yɛremmane nifa anaa benkum+ kɔsi sɛ yɛbɛtwam afiri w’asase soɔ.’”
18 Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa ha; anyɛ saa a mede nkrantɛ bɛhyia wo.” 19 Ɛnna Israelfoɔ no bua see no sɛ: “Kwantempɔn no so kɛkɛ na yɛbɛfa, na sɛ yɛne yɛn mmoa nom wo nsuo mpo a yɛbɛtua ka.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan bɛtia.”+ 20 Nanso ɔsii so kaa sɛ: “Mmɛfa ha.”+ Na Edom+ boaboaa nnipa pii ano de nsa a ɛyɛ den bɛhyiaa wɔn. 21 Enti Edom amma Israel amfa n’asase so,+ na Israel dane firii ne ho kɔeɛ.+
22 Afei Israelfoɔ asafo mũ no nyinaa tu firii Kades+ baa Bepɔ Hor+ ho. 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor ho wɔ Edom hyeɛ so sɛ: 24 “Wɔbɛsie Aaron akɔka ne nkurɔfoɔ ho,+ na ne nan rensi asase a mede bɛma Israelfoɔ no so. Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, motee atua wɔ ahyɛdeɛ a mede maa mo Meriba nsuo ho+ no ho. 25 Fa Aaron ne ne ba Eleasar na wo ne wɔn mmra Bepɔ Hor so. 26 Na yi Aaron ntadeɛ+ no fa hyɛ ne ba Eleasar;+ na ɛhɔ na Aaron bɛwu akɔka n’agyanom ho.”+
27 Enti Mose yɛɛ deɛ Yehowa hyɛeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔforo kɔɔ Bepɔ Hor so, asafo no nyinaa anim. 28 Afei Mose yii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wuu bepɔ no so.+ Na Mose ne Eleasar si firii bepɔ no so baeɛ. 29 Afei asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awu, na Israel mmusua nyinaa suu Aaron adaduasa.+