Numeri
20 Bosome a ɛdi kan no mu no, Israel asafo no nyinaa baa Sina serɛ so, na ɔman no tenaa Kades.+ Ɛhɔ na Miriam+ wu maa wɔsiee no.
2 Ná nsuo nni hɔ a asafo no bɛnom,+ enti wɔboaa wɔn ano kɔɔ Mose ne Aaron so. 3 Na ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkaa sɛ: “Berɛ a yɛn nuanom wuwuu wɔ Yehowa anim no, sɛ yɛn nso yɛwuwuu bi mpo a, anka ɛyɛ! 4 Adɛn nti na mode Yehowa asafo aba serɛ yi so sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa mmɛwuwu wɔ ha?+ 5 Na adɛn nti na moayi yɛn afiri Egypt aba asaase bɔne yi so?+ Ɛha nyɛ baabi a yɛbɛtumi adua aba biara; borɔdɔma oo, bobe oo, granate akutuo* oo, wodua wɔ ha a ɛrenyɛ yie. Na nsuo biara nso nni ha a yɛbɛnom.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na Yehowa animuonyam firii aseɛ daa adi maa wɔhunui.+
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 8 “Fa poma no, na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔ wɔn anim na nsuo mfiri mu mmra. Afei momfa nsuo a ɛbɛfiri ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn nyɛmmoa nnom.”+
9 Enti Mose faa poma no firii Yehowa anim+ sɛdeɛ Ɔka kyerɛɛ no no. 10 Ɛnna Mose ne Aaron frɛɛ asafo no nyinaa baa ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie, mo atuatefoɔ! Yɛmma nsuo mfiri ɔbotan yi mu mma mo anaa?”+ 11 Ɛnna Mose maa ne nsa so, na ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firii mu bae, na asafo no ne wɔn nyɛmmoa firii aseɛ nomee.+
12 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Moannye me anni, na moanni me ni wɔ Israelfoɔ anim amma wɔanhunu sɛ meyɛ kronkron. Ɛno nti, moremfa asafo yi nkɔ asaase a mede bɛma wɔn no so.”+ 13 Wei ne Meriba* nsuo no;+ ɛhɔ na Israelfoɔ ne Yehowa hameeɛ, na ɔmaa wɔhuu sɛ ɔyɛ kronkron.
14 Afei Mose somaa nnipa firii Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Deɛ wo nua Israel+ reka nie, ‘Wo ara wonim amanehunu a yɛafa mu nyinaa. 15 Yɛn agyanom tu kɔɔ Egypt+ na yɛtenaa Egypt mfeɛ* pii,+ na Egyptfoɔ no teetee yɛne yɛn agyanom.+ 16 Ɛwiee aseɛ no, yɛsu frɛɛ Yehowa,+ na ɔtiee yɛn, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ+ bɛyii yɛn firii Egypt, ɛnna seesei yɛabɛduru Kades kuro a ɛwɔ wo hyeɛ so yi. 17 Yɛpa wo kyɛw, ma yɛntwam mfa w’asaase so. Yɛremfa afuo anaa bobefuo* biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so, na yɛremmane nkɔ nifa anaa benkum kɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asaase so.’”+
18 Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa yɛn asaase so. Sɛ wobɛfa ha a, mede sekan bɛpue aba wo so.” 19 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kwantempɔn no so na yɛbɛfa akɔ, na sɛ yɛne yɛn nyɛmmoa nom wo nsuo a, yɛbɛtua ka.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan bɛtiatia atwam.”+ 20 Nanso ɔsii so kaa sɛ: “Mmɛfa ha.”+ Na Edom de nnipa bebree ne asraafoɔ a wɔn ho yɛ den* pue kɔɔ wɔn so. 21 Enti Edom amma Israel amfa n’asaase so, enti Israel dane friii ne ho kɔe.+
22 Na Israel man no, asafo no nyinaa, tu firii Kades, na wɔbaa Hor Bepɔ ho.+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Hor Bepɔ ho wɔ Edom hyeɛ so sɛ: 24 “Wɔde Aaron bɛkɔ akɔka n’agyanom ho.*+ Ɔrenkɔ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ mo mmienu, moyɛɛ asoɔden wɔ m’ahyɛdeɛ a ɛfa Meriba nsuo ho no ho.+ 25 Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo mmra Hor Bepɔ so. 26 Na yi Aaron ntaadeɛ no+ fa hyɛ ne ba Eleasar;+ na Aaron bɛwu wɔ hɔ.”*
27 Enti Mose yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔforo kɔɔ Hor Bepɔ so wɔ asafo no nyinaa anim. 28 Na Mose yii Aaron ntaadeɛ no, na ɔde hyɛɛ ne ba Eleasar. Ɔwieeɛ no, Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam.+ Ɛnna Mose ne Eleasar siane firii bepɔ no so baeɛ. 29 Berɛ a asafo no nyinaa huu sɛ Aaron awuo no, Israelfoɔ* nyinaa suu Aaron nnafua 30.+