Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 27:12-14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim yi so,+ na kɔhwɛ asaase a mede bɛma Israelfoɔ no.+ 13 Sɛ wohunu wie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho*+ sɛdeɛ wɔyɛɛ wo nua Aaron no,+ 14 ɛfiri sɛ berɛ a asafo no ne me ham wɔ Sina serɛ so no, meka kyerɛɛ mo sɛ monni me ni wɔ asafo no anim mma wɔnhunu sɛ meyɛ kronkron na momma wɔn nsuo, nanso moyɛɛ asoɔden.+ Wei ne Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina serɛ so+ no.”

  • Deuteronomium 1:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 (Mo nti, Yehowa bo fuu me mpo, na ɔkaa sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+

  • Deuteronomium 3:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Nanso mo nti, Yehowa bo a ɛfuu me no, na ɛnnwoeɛ,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio.

  • Deuteronomium 32:51, 52
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 51 ɛfiri sɛ mo mmienu no anni me nokorɛ wɔ Israelfoɔ mu berɛ a mowɔ Meriba nsuo+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina serɛ so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfoɔ no mu.+ 52 Wode w’ani bɛhunu asaase a mede rema Israelfoɔ no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+

  • Deuteronomium 34:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefoɔ’* no.+ Mama wode w’ani ahunu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+

  • Yosua 1:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfoɔ no so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane