Deuteronomium
3 “Afei yɛdanee yɛn ho, na yɛfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og de ne nkurɔfoɔ nyinaa bɛhyiaa yɛn sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Edrei.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nsuro no, ɛfiri sɛ mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa, na sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.’ 3 Enti Yehowa yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne nkurɔfoɔ nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum wɔn nyinaa na anka ne nkurɔfoɔ no baako mpo. 4 Saa berɛ no, yɛfaa ne nkuro nyinaa. Kuro baako mpo nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Yɛfaa nkuro 60 wɔ Argob asaase so nyinaa, kyerɛ sɛ, Og ahemman a ɛwɔ Basan no.+ 5 Ná ne nyinaa yɛ nkuro akɛseɛ a ɛwɔ afasuo atenten ne apono akɛseɛ a nnadeɛ deda akyire. Weinom da nkyɛn a, na nkuro nketewa pii a ɛnni afasuo nso ka ho. 6 Ne nyinaa akyi no, yɛsɛee nkuro no pasaa+ sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no; yɛsɛee kuro biara, na yɛkunkum emu mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa.+ 7 Na wɔn nyɛmmoa ne nneɛma foforɔ a ɛwɔ nkuro no mu deɛ, yɛfaeɛ.
8 “Saa berɛ no, yɛgyee asaase no firii Amorifoɔ ahemfo mmienu+ a na wɔwɔ Yordan mantam mu no nsam, ɛfiri Arnon Bɔn* ho kɔsi Hermon Bepɔ ho.+ 9 (Ná Sidonfoɔ frɛ saa bepɔ no Sirion, na Amorifoɔ nso frɛɛ no Senir.) 10 Afei yɛfaa nkuro a ɛwowɔ bepɔ so asaase tratra so no ne Gilead ne Basan nyinaa kɔsii Saleka ne Edrei,+ nkuro a ɛwɔ Og ahemman mu wɔ Basan no. 11 Saa berɛ no, na Basan hene Og nko ara ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dadeɛ* na wɔde yɛeɛ. Mpa yi da so si Ammonfoɔ kuro Raba. Sɛ wɔsusu no basafa* mu sɛdeɛ obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa nkron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan. 12 Saa berɛ no na yɛfaa nsaase yi: ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn* ho ne Gilead mmepɔ mu no fã, na mede nkuro a ɛwowɔ hɔ no ama Rubenfoɔ ne Gadfoɔ.+ 13 Na mede Gilead asaase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa ama Manase abusuakuo no fã.+ Argob a ɛka Basan asaase ho no nyinaa, edin a na wɔde frɛ hɔ ne Refaim asaase.
14 “Manase ba Yair+ faa Argob asaase+ no nyinaa bɛsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so. Na ɔde ne din too Basan nkuraa a ɛwowɔ hɔ no so, na wɔafrɛ hɔ Hawot-Yair*+ abɛsi nnɛ. 15 Mede Gilead nso ama Makir.+ 16 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ+ nso, mede asaase a ɛfiri Gilead kɔsi Arnon Bɔn* no mfimfini ama wɔn. Ɛba ara bɛsi Yabok Bɔn ho wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so, 17 ne Araba ne Yordan asaase no ho kɔfa Kineret bɛsi Araba Po anaa Nkyene Po* no ho wɔ Pisga mmepɔ no ase, ɛrekɔ apueeɛ fam no.+
18 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ: ‘Yehowa mo Nyankopɔn de asaase yi ama mo sɛ momfa. Mo mu mmarima akantinka nyinaa bɛfa wɔn akodeɛ adi mo nuanom Israelfoɔ anim+ atwa akɔ asaase no so. 19 Mo yerenom, mo mma nkumaa, ne mo nyɛmmoa (nyɛmmoa nso deɛ, menim sɛ mowɔ pii), weinom nko ara na wɔbɛtena nkuro a mede ama mo no mu 20 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom ahome sɛdeɛ wayɛ ama mo no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de bɛma wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mobɛtumi asan aba asaase a mede ama mo no so.’+
21 “Saa berɛ no, meka kyerɛɛ Yosua+ sɛ, ‘Wo ara wode w’ani ahunu deɛ Yehowa wo Nyankopɔn de ayɛ ahemfo mmienu yi. Saa ara na Yehowa bɛyɛ ahemman a moretwa akɔ mu no nyinaa.+ 22 Monnsuro wɔn ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔreko ama mo.’+
23 “Afei mesrɛɛ Yehowa saa berɛ no sɛ, 24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, woama w’akoa rehu wo kɛseyɛ ne wo basa a ɛyɛ den no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asaase so a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma akɛseɛ yi bi?+ 25 Mesrɛ wo, ma mentwa nkɔhwɛ asaase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ so asaase fɛfɛ no ne Lebanon.’+ 26 Nanso mo nti, Yehowa bo a ɛfuu me no, na ɛnnwoeɛ,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio. 27 Foro kɔgyina Pisga+ na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anaafoɔ ne apueeɛ, na Yordan deɛ, worentwa.+ 28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifoɔ,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wohunuiɛ no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’ 29 Nsɛm yi nyinaa sisii berɛ a na yɛte bɔn no mu wɔ Bet-Peor anim no.+