22 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛseɛ ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa.
23 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo;+ wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa som wo no.+