Exodus 15:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, anyame no mu hwan na ɔte sɛ wo?+ Hwan na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+ Wo na ɛsɛ sɛ wɔsuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwanwadeɛ.+ 1 Samuel 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa;Obiara nte sɛ wo,+Na ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ 2 Samuel 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛseɛ ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa.
11 O Yehowa, anyame no mu hwan na ɔte sɛ wo?+ Hwan na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+ Wo na ɛsɛ sɛ wɔsuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwanwadeɛ.+
22 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛseɛ ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa.