33 Enti Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkuro no ho, ne nkuro a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo fã no.+
7 Berɛ a mobɛduruu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ bɛhyiaa yɛn ne yɛn koeɛ, nanso yɛdii wɔn so nkonim.+8 Ɛnna yɛgyee wɔn asaase, na yɛde maa Rubenfoɔ, Gadfoɔ, ne Manase abusuakuo fã+ no sɛ wɔn agyapadeɛ.
29 Afei Mose de Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuo fã no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntomadan nkuro a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ 60.