Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Ɔsetie ho hia (1-14)

        • Mommma mo werɛ mmfi Onyankopɔn nnwuma (9)

      • Yehowa mpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho (15-31)

      • Onyame biara nni hɔ sɛ Yehowa (32-40)

      • Guankɔbea nkuro a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam (41-43)

      • Ɔde Mmara no maa wɔn (44-49)

Deuteronomium 4:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:5

Deuteronomium 4:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:32; Mme 30:5, 6; Adi 22:18, 19

Deuteronomium 4:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:5, 9; Dw 106:28; Ho 9:10; 1Ko 10:7, 8

Deuteronomium 4:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:46; Nu 30:16; 36:13; De 6:1

Deuteronomium 4:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:3
  • +Dw 111:10
  • +Dw 119:98, 100
  • +1Ah 4:34; 10:4-7; Da 1:19, 20

Deuteronomium 4:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 25:8; Le 26:12; De 5:26; 2Sa 7:23

Deuteronomium 4:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 147:19, 20

Deuteronomium 4:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “monhwɛ mo kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:19; De 6:6, 7

Deuteronomium 4:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:9
  • +Ex 20:20; De 5:29
  • +Mme 22:6; Efe 6:4

Deuteronomium 4:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “kɔduruu ɔsoro mfimfini.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:18; Heb 12:18, 19

Deuteronomium 4:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 9:10
  • +Yes 40:18; Yoh 1:18; 4:24
  • +Ex 20:22

Deuteronomium 4:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Nsɛm Du.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:5; De 5:2; 9:9; Heb 9:19, 20
  • +Ex 20:1; 34:28; De 10:4
  • +Ex 24:12; 31:18; 32:19; 34:1

Deuteronomium 4:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “monhwɛ mo kra.”

Deuteronomium 4:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:4; De 27:15; Yes 40:18; Aso 17:29; 1Ko 10:14

Deuteronomium 4:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:8; Ro 1:22, 23

Deuteronomium 4:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 5:4

Deuteronomium 4:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:2, 3; 2Ah 17:16; Hes 8:16

Deuteronomium 4:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:5

Deuteronomium 4:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 106:32
  • +Nu 20:12; De 31:1, 2

Deuteronomium 4:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:27

Deuteronomium 4:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 24:3
  • +Ex 20:4

Deuteronomium 4:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 24:17; De 9:3; Heb 12:29
  • +Ex 20:5; 34:14; Nu 25:11; Lu 10:27

Deuteronomium 4:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 18:30; 2Ah 21:1, 7
  • +2Ah 17:16, 17

Deuteronomium 4:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:24, 28; 26:27, 32

Deuteronomium 4:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:64; Ne 1:8
  • +De 28:62

Deuteronomium 4:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15, 36; Yer 16:13; Hes 20:39

Deuteronomium 4:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 30:1-3, 8-10; 1Ah 8:48, 49; Yer 29:13; Yoe 2:12
  • +2Be 15:4, 15

Deuteronomium 4:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:13; Ne 1:9

Deuteronomium 4:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:6; De 30:3; 2Be 30:9; Ne 9:31; Yes 54:7; 55:7
  • +Le 26:42

Deuteronomium 4:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 44:1

Deuteronomium 4:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:26

Deuteronomium 4:34

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “sɔhwɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 7:3
  • +Ex 15:3
  • +Ex 13:3
  • +De 26:8; Dw 78:43-51

Deuteronomium 4:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:7
  • +Ex 15:11; De 32:39; 1Sa 2:2; Yes 45:18; Mr 12:32

Deuteronomium 4:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:18; 20:22

Deuteronomium 4:37

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:15; Dw 105:6

Deuteronomium 4:38

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:28; De 7:1; 9:1; Yos 3:10

Deuteronomium 4:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 20:6
  • +Yes 44:6

Deuteronomium 4:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 48:3, 4

Deuteronomium 4:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 35:14

Deuteronomium 4:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 35:22-24
  • +Nu 35:11, 25; De 19:4, 5

Deuteronomium 4:43

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:8, 36
  • +Yos 21:8, 38
  • +Yos 21:27
  • +Yos 20:8, 9

Deuteronomium 4:44

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:18; 27:2, 3; Ga 3:24

Deuteronomium 4:45

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:46; De 4:1

Deuteronomium 4:46

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 1:5; 3:29
  • +Nu 21:26
  • +Nu 21:23, 24

Deuteronomium 4:47

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:33; De 3:4

Deuteronomium 4:48

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Subɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 2:36; 3:12
  • +De 3:8, 9

Deuteronomium 4:49

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awuo.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:16, 17; 34:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 4:1Le 18:5
Deut. 4:2De 12:32; Mme 30:5, 6; Adi 22:18, 19
Deut. 4:3Nu 25:5, 9; Dw 106:28; Ho 9:10; 1Ko 10:7, 8
Deut. 4:5Le 26:46; Nu 30:16; 36:13; De 6:1
Deut. 4:61Ah 2:3
Deut. 4:6Dw 111:10
Deut. 4:6Dw 119:98, 100
Deut. 4:61Ah 4:34; 10:4-7; Da 1:19, 20
Deut. 4:7Ex 25:8; Le 26:12; De 5:26; 2Sa 7:23
Deut. 4:8Dw 147:19, 20
Deut. 4:9Ge 18:19; De 6:6, 7
Deut. 4:10Ex 19:9
Deut. 4:10Ex 20:20; De 5:29
Deut. 4:10Mme 22:6; Efe 6:4
Deut. 4:11Ex 19:18; Heb 12:18, 19
Deut. 4:12De 9:10
Deut. 4:12Yes 40:18; Yoh 1:18; 4:24
Deut. 4:12Ex 20:22
Deut. 4:13Ex 19:5; De 5:2; 9:9; Heb 9:19, 20
Deut. 4:13Ex 20:1; 34:28; De 10:4
Deut. 4:13Ex 24:12; 31:18; 32:19; 34:1
Deut. 4:16Ex 20:4; De 27:15; Yes 40:18; Aso 17:29; 1Ko 10:14
Deut. 4:17De 5:8; Ro 1:22, 23
Deut. 4:181Sa 5:4
Deut. 4:19De 17:2, 3; 2Ah 17:16; Hes 8:16
Deut. 4:20Ex 19:5
Deut. 4:21Dw 106:32
Deut. 4:21Nu 20:12; De 31:1, 2
Deut. 4:22De 3:27
Deut. 4:23Ex 24:3
Deut. 4:23Ex 20:4
Deut. 4:24Ex 24:17; De 9:3; Heb 12:29
Deut. 4:24Ex 20:5; 34:14; Nu 25:11; Lu 10:27
Deut. 4:25Ate 18:30; 2Ah 21:1, 7
Deut. 4:252Ah 17:16, 17
Deut. 4:26Le 18:24, 28; 26:27, 32
Deut. 4:27De 28:64; Ne 1:8
Deut. 4:27De 28:62
Deut. 4:28De 28:15, 36; Yer 16:13; Hes 20:39
Deut. 4:29De 30:1-3, 8-10; 1Ah 8:48, 49; Yer 29:13; Yoe 2:12
Deut. 4:292Be 15:4, 15
Deut. 4:302Be 33:13; Ne 1:9
Deut. 4:31Ex 34:6; De 30:3; 2Be 30:9; Ne 9:31; Yes 54:7; 55:7
Deut. 4:31Le 26:42
Deut. 4:32Dw 44:1
Deut. 4:33De 5:26
Deut. 4:34Ex 7:3
Deut. 4:34Ex 15:3
Deut. 4:34Ex 13:3
Deut. 4:34De 26:8; Dw 78:43-51
Deut. 4:35Ex 6:7
Deut. 4:35Ex 15:11; De 32:39; 1Sa 2:2; Yes 45:18; Mr 12:32
Deut. 4:36Ex 19:18; 20:22
Deut. 4:37De 10:15; Dw 105:6
Deut. 4:38Ex 23:28; De 7:1; 9:1; Yos 3:10
Deut. 4:392Be 20:6
Deut. 4:39Yes 44:6
Deut. 4:40Ge 48:3, 4
Deut. 4:41Nu 35:14
Deut. 4:42Nu 35:22-24
Deut. 4:42Nu 35:11, 25; De 19:4, 5
Deut. 4:43Yos 21:8, 36
Deut. 4:43Yos 21:8, 38
Deut. 4:43Yos 21:27
Deut. 4:43Yos 20:8, 9
Deut. 4:44De 17:18; 27:2, 3; Ga 3:24
Deut. 4:45Le 26:46; De 4:1
Deut. 4:46De 1:5; 3:29
Deut. 4:46Nu 21:26
Deut. 4:46Nu 21:23, 24
Deut. 4:47Nu 21:33; De 3:4
Deut. 4:48De 2:36; 3:12
Deut. 4:48De 3:8, 9
Deut. 4:49De 3:16, 17; 34:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 4:1-49

Deuteronomium

4 “O Israel, afei montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na monni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no. 2 Ahyɛdeɛ a mede rema mo yi, mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.

3 “Mo ara mode mo ani hunuu deɛ Yehowa yɛeɛ berɛ a ebinom kɔsom Baal-Peor no. Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a ɔkɔdii Baal-Peor akyi+ firii mo mu. 4 Nanso mo a mobataa Yehowa mo Nyankopɔn ho no nyinaa te ase nnɛ. 5 Hwɛ, ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ a Yehowa me Nyankopɔn de maa me no, makyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛdi so wɔ asaase a morekɔfa no so. 6 Monhwɛ nni so+ ɛfiri sɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne nteaseɛ,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi wɔ nyansa ne nteaseɛ+ ampa.’ 7 Ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ anyame a wɔbɛn wɔn sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn na ɔtie yɛn berɛ biara a yɛbɛsu afrɛ no no?+ 8 Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a ɛtene te sɛ Mmara a mede rema mo nnɛ yi?+

9 “Ɛno ara ne sɛ momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho* yie, na mo werɛ amfi deɛ moahu no, na amfiri mo akomam mo nkwa nna nyinaa. Afei nso, momfa nkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+ 10 Ɛda a mobɛgyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfoɔ no ano wɔ m’anim na wɔntie me nsɛm+ na wɔnsua sɛ wɔbɛsuro me,+ nna dodoɔ a wɔbɛdi wɔ asaase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+

11 “Enti mobɛgyinaa bepɔ no ase, na egya dɛree wɔ bepɔ no so kɔɔ wiem,* na esum ne mununkum kumɔnn baeɛ, na wiem yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa firi gya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na moteeɛ.+ 13 Na ɔde n’apam maa mo,+ na ɔkaa sɛ monni so; ɛno ne Mmara Nsɛm Du*+ no. Afei ɔtwerɛ guu abopono mmienu so.+ 14 Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asaase a morekɔfa no so.

15 “Enti monhwɛ mo ho* yie, ɛfiri sɛ da a Yehowa firi gya mu ne mo kasaa wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16 Monhwɛ na moanyɛ asobrakyeɛ ankɔyɛ honi a wɔasene anaa adeɛ biara nsɛsoɔ. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara nsɛsoɔ,+ 17 asaase so aboa anaa anomaa a ɔnam wiem biara nsɛsoɔ,+ 18 adeɛ biara a ɛwea wɔ asaase so anaa apataa a ɔwɔ nsuo mu wɔ asaase ase biara nsɛsoɔ.+ 19 Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wohu awia, bosome, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma no nntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa. 20 Nanso mo na Yehowa ayi mo afiri Egypt; ɔyii mo firii fononoo a wɔde nane dadeɛ mu, na moabɛyɛ ɔno ara n’agyapadeɛ+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

21 “Moyɛ maa Yehowa bo fuu me,+ na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan no na merenkɔ asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapadeɛ no so.+ 22 Mɛwu wɔ asaase yi so. Merentwa Yordan no,+ na mo deɛ, mobɛtwa akɔfa asaase pa no. 23 Monhwɛ yie na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ no,+ na monhwɛ na moankɔyɛ honi a wɔasene biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no nsɛsoɔ.+ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+

25 “Sɛ motena asaase no so kyɛ na monya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakyeɛ kɔyɛ honi a wɔasene+ anaa biribi nsɛsoɔ anaa abusudeɛ biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so de hyɛ no abufuo a,+ 26 ɛnneɛ ɛnnɛ merema ɔsoro ne asaase ayɛ m’adansefoɔ, na monhu sɛ ɛrenni da bi na mo ase ahye afiri asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtɔre mo ase koraa.+ 27 Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi na wɔbɛka+ wɔ aman a Yehowa bɛpamo mo akɔ so no so. 28 Ɛhɔ na mobɛsom anyame a onipa de ne nsa ayɛ,+ nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnidi na ɛnte hwa biara.

29 “Sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɛkwan biara so wobɛhu no.+ 30 Sɛ wokɔ ahokyerɛ mu na nsɛm yi nyinaa to wo daakye a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie no.+ 31 Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennya wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+

32 “Afei kae mmerɛ a atwam a wɔnnya nwoo wo no, ɛfiri berɛ a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asaase so, na bisa mu firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Obi ahunu adekɛseɛ a ɛte saa anaa obi ate ho asɛm pɛn?+ 33 Nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ gya mu, sɛdeɛ woteeɛ no, a wɔda so te ase anaa?+ 34 Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmuo,* nsɛnkyerɛnne, anwanwadeɛ,+ ɛko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a watene mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ bɛyi ɔman bi afiri ɔman foforɔ mu de ne din ato wɔn so sɛdeɛ woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no? 35 Mo na wama moahunu weinom nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ 36 Ɔmaa wotee ne nne firii soro na ɔde tenee wo so. Ɔmaa wohunuu ne gya kɛseɛ no nso wɔ asaase so, na wotee n’anom asɛm firii egya mu.+

37 “Ɛsiane sɛ na ɔdɔ w’agyanom na wayi wɔn asefoɔ*+ nti, ɔmaa n’ani kuu wo ho de ne tumi kɛseɛ no yii wo firii Egypt. 38 Ɔpamoo aman a ɛsoso na ɛyɛ den sene wo firii w’anim sɛ bɛtena hɔ, na ɔde wɔn nsaase ama wo sɛ agyapadeɛ sɛdeɛ ɔreyɛ nnɛ no.+ 39 Enti ma no ntena w’akomam nnɛ na hu sɛ, Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ ɔsoro ne asaase so.+ Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.+ 40 Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+

41 Saa berɛ no, Mose yii nkuro mmiɛnsa wɔ Yordan apueeɛ fam.+ 42 Saa nkuro yi baako mu na sɛ obi nsa pa na ɔku ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dada a,+ ɛsɛ sɛ ɔdwane kɔ, na wanya nkwa.+ 43 Nkuro no nie: Beser+ a ɛwɔ serɛ so a ɛda bepɔ so asaase tratra so no, ɔde maa Rubenfoɔ; Ramot+ a ɛwɔ Gilead no, ɔde maa Gadfoɔ; ɛnna Golan+ a ɛwɔ Basan no nso ɔde maa Manasefoɔ.+

44 Wei ne Mmara+ a Mose de maa Israelfoɔ no. 45 Wei ne nkaesɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Mose de maa Israelfoɔ berɛ a wɔfirii Egypt no.+ 46 Saa berɛ no, na wɔwɔ Yordan mpɔtamu hɔ wɔ ɛbɔn no mu, Bet-Peor anim.+ Ná ɛhɔ yɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon+ no asaase. Ɔno na Mose ne Israelfoɔ kuu no berɛ a wɔfiri Egypt reba no.+ 47 Wɔfaa ɔne Basan hene Og+ nsaase. Weinom ne Amorifoɔ ahemfo mmienu a na wɔwɔ Yordan apueeɛ fam no. 48 Asaase no firi Aroer+ a ɛda Arnon Bɔn* no ano kɔsi Siyon Bepɔ a wɔsan frɛ no Hermon+ no ho, 49 ne Araba mantam nyinaa wɔ Yordan apueeɛ fam kɔsi Araba Po* no ano wɔ Pisga+ mmepɔ ase.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane