7“Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asaase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo+ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ,+ Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+
10 Na Yosua kaa sɛ: “Wei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpamo Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Hiwifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ afiri mo anim.+