Exodus
23 “Nkeka nkurɔfoɔ ho nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ.+ Nkɔka ɔbɔnefoɔ ho nkɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+ 2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, na nnyina nnipa dodoɔ anom asɛm so* nkɔdi adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ. 3 Sɛ ohiani ne obi nya asɛm na woredi asɛm no a, fa asɛm no to deɛ ɛda.+
4 “Wohu wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wayera a, fa no kɔma no.+ 5 Wokɔto sɛ obi a ɔtan wo afunumu butu hɔ a n’adesoa adɛn ne so a, nsian ne ho nkɔ. Sɔ ne mu na ɔnyi adesoa no.+
6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woammu atɛnkyea.+
7 “Hwɛ na woammoa ntwatosoɔ. Nkum deɛ ne ho nni asɛm ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremma ɔbɔnefoɔ nni bem.*+
8 “Nnye adanmudeɛ,* ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+
9 “Nhyɛ ɔhɔhoɔ so, ɛfiri sɛ moayɛ ahɔhoɔ pɛn wɔ Egypt asaase so, enti monim sɛdeɛ ɛteɛ.*+
10 “Fa mfeɛ nsia dua w’asaase so aba na twa so nnɔbaeɛ.+ 11 Na afe a ɛtɔ so nson no deɛ, nnɔ so, gya ma no nna hɔ kwa na ahiafoɔ nnidi asaase no so, na deɛ wɔn nso bɛgya no, wuram mmoa bɛdi. Saa ara na monyɛ mo bobefuo* ne mo ngodua afuo.
12 “Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome, na w’akoa* ne ɔhɔhoɔ adwodwo wɔn ho.+
13 “Monhwɛ nni deɛ maka akyerɛ mo nyinaa so.+ Mommmɔ anyame foforɔ din; mommma no mmpue mmfiri mo anom mpo.+
14 “Afe biara monni afahyɛ mprɛnsa mma me.+ 15 Monni Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, sɛ berɛ a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔka nnim nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.+ 16 Afei Otwa Afahyɛ* no, monni no berɛ a mode twa mo afuo mu nneɛma a ɛdi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, monni no afe no awieeɛ, berɛ a moboaboa mo nnɔbaeɛ a ɛtwa toɔ ano firi afuo mu no.+ 17 Afe biara, ɔbarima biara a ɔwɔ wo mu bɛba abɛgyina nokorɛ Awurade Yehowa anim mprɛnsa.+
18 “Wokum aboa de bɔ afɔreɛ ma me a, mfa biribiara a mmɔka wom nka mogya no ho mma me. Na sradeɛ a wode bɔɔ afɔreɛ wɔ m’afahyɛ mu no, mma adeɛ nnkye so.
19 “Fa w’afuo mu aba pa a wobɛdi kan atwa no bra Yehowa wo Nyankopɔn fie.+
“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+
20 “Meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim+ ama no abɔ wo ho ban wɔ kwan so na ɔde wo akɔduru baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ deɛ ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ ɛfiri sɛ me din da ne so. 22 Na sɛ wowɛn w’aso tie n’asɛm na woyɛ deɛ mɛka nyinaa a, mɛtan w’atamfo ani, na wɔn a wɔne w’ani nhyia no, mɛtu m’ani asi wɔn so. 23 Me bɔfoɔ bɛdi w’anim de wo akɔ Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Kaananfoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ asaase so, na mɛtu wɔn ase afiri so.+ 24 Nkoto wɔn anyame, na mma biribiara ntwetwe wo na woankɔsom wɔn. Nyɛ deɛ wɔyɛ no bi.+ Mmom sɛe wɔn ahoni, na bubu wɔn abosom adum nyinaa.+ 25 Monsom Yehowa mo Nyankopɔn,+ na ɔbɛhyira mo aduane ne mo nsuo so.+ Mɛyi yareɛ afiri mo so.+ 26 Ɔbaa biara nni w’asaase so a ɔbɛnyinsɛn apɔn,+ na obiara renyɛ bonini wɔ w’asaase so. Mɛma moanyini akyɛ.*
27 “Mɛdi kan ama me ho hu atɔ wɔn so,+ na mɛma nnipa a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no nyinaa ani so atan wɔn. Mɛyɛ ama w’atamfo hu wo a, wɔde ahopopoɔ adwane.*+ 28 Ansa na wobɛduru hɔ no na mama wɔaboto,*+ na ɛbɛma Hiwifoɔ ne Kaananfoɔ ne Hitifoɔ adwane afiri w’anim.+ 29 Merempamo wɔn mfiri w’anim afe baako pɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asaase no renna hɔ kwa,* na mmoa a wɔbɛtumi adi wo awu annɔɔso wɔ so.+ 30 Mɛpamo wɔn nkakrankakra akɔsi sɛ w’ase bɛtrɛ na woafa asaase no.+
31 “Asaase a mede bɛma wo no bɛfiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ po no ano, na asan afa serɛ no so akɔsi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofoɔ bɛhyɛ wo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.+ 32 Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn anaa wɔn anyame yɛ apam biara.+ 33 Mma wɔnntena w’asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwetwe wo mma wonyɛ bɔne ntia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɛbɛyɛ fidie ama wo.”+