Exodus
24 Afei ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron ne Nadab ne Abihu+ ne Israel mpanimfoɔ 70 mforo mmra Yehowa nkyɛn, na monnyina akyirikyiri mmɔ mo mu ase. 2 Mose nko ara mmra Yehowa anim; ɛnsɛ sɛ mmarima a aka no ba bi, na ɔman no nso, ɛnsɛ sɛ wɔforo di n’akyi.”+
3 Ɛnna Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no,+ na wɔn nyinaa de anokorɔ kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+ 4 Enti Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Afei adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔrebukyia, na ɔsii adum 12 a ɛgyina hɔ ma Israel mmusuakuo 12 no wɔ bepɔ no ase. 5 Ɛno akyi no, ɔsomaa Israel mmeranteɛ bi maa wɔkɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔde anantwinini nso bɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ maa Yehowa. 6 Ɛnna Mose kyɛɛ mogya no mu mmienu de fã guu nkyɛnsee mu, na ɔde fã nso petepetee afɔrebukyia no so. 7 Afei ɔfaa apam nwoma no kenkan kyerɛɛ nkurɔfoɔ no.+ Na wɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛtie na yɛadi so.”+ 8 Enti Mose de mogya no petepetee nkurɔfoɔ no so+ kaa sɛ: “Apam a Yehowa ne mo yɛɛ wɔ nsɛm yi nyinaa ho no, ɛho mogya nie.”+
9 Mose ne Aaron ne Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ 70 no foro kɔeɛ, 10 na berɛ a wɔhuu Israel Nyankopɔn no,+ na baabi a ne nan si no te sɛ deɛ wɔde hoaboɔ asɛm hɔ, na na ɛhɔ te, te sɛ ɔsoro ankasa.+ 11 Wamfa ne nsa anka Israel mmarima atitire yi;+ mmom wɔnyaa nokorɛ Nyankopɔn no ho anisoadehunu, na wɔdidi nomeeɛ.
12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so bɛtena ha. Mɛtwerɛ mmara ne ahyɛdeɛ wɔ abopono so ama wode akyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no.”+ 13 Enti Mose ne ne somfoɔ Yosua+ sɔreeɛ, na Mose kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ so.+ 14 Na mpanimfoɔ no deɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn wɔ ha nkɔsi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn.+ Aaron ne Hur+ ka mo ho. Enti obi wɔ asɛm bi a, ɔmfa mmrɛ wɔn mma wɔnni.”+ 15 Ɛnna Mose foro kɔɔ bepɔ no so; saa berɛ no, na mununkum akata bepɔ no so nyinaa.+
16 Yehowa animuonyam+ amfiri Sinai Bepɔ no so,+ na mununkum no kataa so nnansia. Da a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose. 17 Ná Israelfoɔ no rehwɛ Yehowa animuonyam no wɔ bepɔ no so, na na wɔhu no te sɛ egya bi a ɛredɛre. 18 Afei Mose wuraa mununkum no mu kɔɔ bepɔ no so.+ Na Mose dii bepɔ no so nnafua 40, awia ne anadwo.+