Exodus
25 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnyi ntoboa mma me. Obiara a n’akoma bɛka no no, monnye ntoboa mfiri ne nkyɛn mma me.+ 3 Ntoboa a mobɛgye afiri wɔn nkyɛn nie: sika kɔkɔɔ,+ dwetɛ,+ kɔbere,+ 4 ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, 5 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nwoma, ɔkanto dua,+ 6 ngo a wɔde bɛgu nkanea mu,+ balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhwam,+ 7 ne abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkataboɔ+ mu. 8 Ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me, na mɛtena wɔn mfimfini.+ 9 Ɔsom ntomadan no ne nneɛma a ɛwom nyinaa, monyɛ no sɛdeɛ merekyerɛ wo yi pɛpɛɛpɛ.+
10 “Ma wɔmfa ɔkanto dua nyɛ adaka. Ma ne tenten nyɛ basafa* mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 11 Afei fa sika kɔkɔɔ amapa fa emu ne ɛho nyinaa,+ na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia.+ 12 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa nnan bobɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha. 13 Afei fa ɔkanto dua sene nnua nteaanteaa na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa.+ 14 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no. 15 Ma nnua no nhyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no ho; ɛnsɛ sɛ wɔyiyi firi mu.+ 16 Adanseɛ Abopono a mede bɛma wo no, Adaka no mu na wode bɛgu.+
17 “Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne mmuasoɔ. Ma ne tenten nyɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei fa hamma* boro sika kɔkɔɔ yɛ kerubim mmienu, na fa sisi mmuasoɔ no afã mmienu no nyinaa.+ 19 Fa kerubim mmienu no sisi mmuasoɔ no so, baako wɔ ano ha a, na baako nso wɔ ano ha. 20 Ma kerubim no ntrɛ wɔn ntaban mmienu no mu nkɔ soro na ɛnkata adaka no mmuasoɔ so.+ Ma kerubim no nni nhwɛanimu na wɔn anim nkyerɛ mmuasoɔ no. 21 Afei Adanseɛ Abopono a mede bɛma wo no, wode bɛgu Adaka no mu, na wode mmuasoɔ no+ akata Adaka no so. 22 Mɛyi me ho adi akyerɛ wo wɔ hɔ, na kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ Adaka no mmuasoɔ so no, me ne wo bɛkasa wɔ wɔn ntam.+ Na ahyɛdeɛ a mede bɛma Israel no, ɛhɔ na mɛkyerɛ wo ne nyinaa.
23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɛpono;+ ma ne tenten nyɛ basafa mmienu, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia. 25 Yɛ mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twa ho hyia, na fa sika kɔkɔɔ twa mfemfamho no ho hyia. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa nnan, na fa nkawa no bobɔ ntwea nnan no ho, baabi a ne nan nnan no sisi no. 27 Ma nkawa no mmɛn mfemfamho a wɔde atwa ɛpono no ho ahyia no. Nkawa no mu na wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ de asoa ɛpono no. 28 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sene, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa, na wɔmfa nsoa ɛpono no.
29 “Afei yɛ nyowa, nkuruwa nketewa ne akɛseɛ, ne nkyɛnsee a wɔde bɛhwie afɔrebɔ nsã fa sisi so. Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne nyinaa.+ 30 Paanoo a wɔde kyerɛ no, da biara wode bɛsi ɛpono no so wɔ m’anim.+
31 “Fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa yɛ kaneadua.+ Sɛdeɛ wobɛyɛ no nie: Ma no nnya deɛ ɛbɛgyina so, ɛnan, nkorabata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Yɛ ne nyinaa bom baako.+ 32 Ma kaneadua no nnya nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ ɛfã baako na mmiɛnsa nso wɔ ɛfã a aka no. 33 Ma ɛfã baako nkorabata biara nnya nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ma ɛfã a aka no nso nkorabata biara nnya nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na yɛ nkorabata nsia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 34 Yɛ nkuruwa nnan a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na yɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 35 Faako a nkorabata mmienu a ɛdi kan no pue firi kaneadua no ho no, yɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛdi hɔ no pue no, yɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛtwa toɔ no pue no nso, yɛ funuma wɔ aseɛ. Enti baabi a nkorabata nsia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, yɛ bi wɔ aseɛ. 36 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa+ na yɛ ne nyinaa bom baako. 37 Yɛ nkanea nson sisi so, na sɛ wɔsɔ a, ahyerɛn wɔ kaneadua no anim.+ 38 Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ɛho nneɛma a wɔde fa gya ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu no.+ 39 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛseɛ* baako na wode bɛyɛ kaneadua no ne saa nneɛma yi nyinaa. 40 Hwɛ sɛ wobɛyɛ no te sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.+